< 以赛亚书 35 >
1 旷野和干旱之地必然欢喜; 沙漠也必快乐; 又像玫瑰开花,
Anweatam ne asase a awo no ani bɛgye; ɛserɛ bɛdi ahurisie na ayɛ frɔmm. Te sɛ nhwiren no,
2 必开花繁盛, 乐上加乐,而且欢呼。 黎巴嫩的荣耀, 并迦密与沙 的华美,必赐给它。 人必看见耶和华的荣耀, 我们 神的华美。
ɛbɛpae ayɛ fɛɛfɛɛfɛ; ɛbɛdi ahurisie na ɛde anigyeɛ ateam. Wɔde Lebanon animuonyam bɛma anweatam no. Ɛbɛyɛ sɛ Karmel ne Saron ahoɔfɛ; wɔbɛhunu Awurade animuonyam, yɛn Onyankopɔn tumi no.
Hyɛ nsa a emu ago no mu den, hyɛ nkotodwe a ahodwo no mu den;
4 对胆怯的人说: 你们要刚强,不要惧怕。 看哪,你们的 神必来报仇, 必来施行极大的报应; 他必来拯救你们。
Ka kyerɛ wɔn a wɔn akoma atu no sɛ, “Monhyɛ mo ho den, na monnsuro; mo Onyankopɔn bɛba, ɔde aweretɔ bɛba; ananmuhyɛ a ɛfiri ɔsoro bɛba abɛgye mo nkwa.”
Ɛno na wɔbɛbue anifirafoɔ ani, na wɔama asotifoɔ aso ate asɛm.
6 那时,瘸子必跳跃像鹿; 哑巴的舌头必能歌唱。 在旷野必有水发出; 在沙漠必有河涌流。
Ɛno na mpakye bɛhurihuri te sɛ ɔforoteɛ, na emum tɛkrɛma de anigyeɛ ateam. Nsuo bɛtue wɔ ɛserɛ so, na nsuwansuwa apue wɔ anweatam so.
7 发光的沙要变为水池; 干渴之地要变为泉源。 在野狗躺卧之处, 必有青草、芦苇,和蒲草。
Anwea a ɛso yɛ hyeɛ no bɛdane ɔtadeɛ, na nsuwansuwa atue wɔ asase wesee so. Atu a anka sakraman te mu no, ɛhɔ na ɛserɛ ne demmire ne paparɔs bɛfifirie.
8 在那里必有一条大道, 称为圣路。 污秽人不得经过, 必专为赎民行走; 行路的人虽愚昧, 也不致失迷。
Na ɔkwantempɔn bɛda hɔ; wɔbɛfrɛ no Ahoteefoɔ Kwan. Wɔn a wɔn ho nteɛ rentu ɛkwan wɔ so; ɛbɛda hɔ ama wɔn a wɔnante saa Ɛkwan no so; amumuyɛfoɔ nkwaseafoɔ rennante nante so.
9 在那里必没有狮子, 猛兽也不登这路; 在那里都遇不见, 只有赎民在那里行走。
Gyata biara rentena hɔ, na nkekaboa biara rensi so; wɔrenhunu wɔn wɔ hɔ. Na wɔn a wɔagye wɔn nko ara na wɔbɛfa so,
10 并且耶和华救赎的民必归回, 歌唱来到锡安; 永乐必归到他们的头上; 他们必得着欢喜快乐, 忧愁叹息尽都逃避。
na wɔn a Awurade agye wɔn no bɛsane aba. Wɔde nnwontoɔ bɛhyɛne Sion; anigyeɛ a ɛnsa da bɛyɛ wɔn ahenkyɛ. Wɔbɛnya anigyeɛ ne ahosɛpɛ mmorosoɔ, na awerɛhoɔ ne apinisie bɛdwane akɔ.