< 以赛亚书 34 >
1 列国啊,要近前来听! 众民哪,要侧耳而听! 地和其上所充满的, 世界和其中一切所出的都应当听!
Montwi mmɛn, mo amanaman, na montie; monyɛ aso, mo ɔmanfoɔ! Momma asase ne deɛ ɛwɔ so nyinaa ntie, ewiase ne deɛ ɛfiri mu ba nyinaa!
2 因为耶和华向万国发忿恨, 向他们的全军发烈怒, 将他们灭尽,交出他们受杀戮。
Awurade bo afu amanaman no; nʼabufuhyeɛ no tia wɔn akodɔm nyinaa. Ɔbɛsɛe wɔn pasaa, ɔbɛma wɔakunkum wɔn.
3 被杀的必然抛弃, 尸首臭气上腾; 诸山被他们的血融化。
Wɔbɛto wɔn mu atɔfoɔ no agu, wɔn afunu no bɛyi hwa; wɔn mogya bɛfɔ mmepɔ no.
4 天上的万象都要消没; 天被卷起,好像书卷。 其上的万象要残败, 像葡萄树的叶子残败, 又像无花果树的叶子残败一样。
Ɔsoro nsoromma nyinaa bɛyera na wɔbɛbobɔ ɔsoro te sɛ nwoma mmobɔeɛ; ɔsoro atumfoɔ bɛhwe ase sɛdeɛ nhahan te firi bobe so, sɛdeɛ mman a awo firi borɔdɔma dua ho.
5 因为我的刀在天上已经喝足; 这刀必临到以东和我所咒诅的民, 要施行审判。
Mʼakofena anom deɛ ɛmee no wɔ soro; hwɛ, ɛresiane de atemmuo aba Edom so, wɔn a masɛe wɔn koraa no.
6 耶和华的刀满了血, 用脂油和羊羔、公山羊的血, 并公绵羊腰子的脂油滋润的; 因为耶和华在波斯拉有献祭的事, 在以东地大行杀戮。
Mogya adware Awurade akofena ho, wɔde sradeɛ asra ho, nnwammaa ne mpɔnkye mogya, nnwennini sawa mu sradeɛ. Awurade wɔ afɔrebɔ bi bɔ wɔ Bosra ne okum kɛseɛ wɔ Edom.
7 野牛、牛犊,和公牛要一同下来。 他们的地喝醉了血; 他们的尘土因脂油肥润。
Anantwie aniɔdenfoɔ ne wɔn bɛtotɔ, anantwinini nketewa ne akɛseɛ. Mogya bɛfɔ wɔn asase no, na sradeɛ ayɛ ɛso dɔteɛ no sɔkyee.
8 因耶和华有报仇之日, 为锡安的争辩有报应之年。
Na ɛyɛ Awurade aweretɔ da a ɔbɛdi ama Sion.
9 以东的河水要变为石油, 尘埃要变为硫磺; 地土成为烧着的石油,
Edom nsuwa nsuwa bɛdane agodibea, ne dɔteɛ bɛdane sɔfe a ɛdɛre nʼasase bɛyɛ agoprama a ɛdɛre!
10 昼夜总不熄灭, 烟气永远上腾, 必世世代代成为荒废, 永永远远无人经过。
Ɛrennum awia anaa anadwo; ne wisie bɛfiri a ɛtoɔ rentwa da. Ɛbɛda mpan firi awoɔ ntoatoasoɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ; obiara remfa ho bio koraa.
11 鹈鹕、箭猪却要得为业; 猫头鹰、乌鸦要住在其间。 耶和华必将空虚的准绳, 混沌的线铊,拉在其上。
Anweatam so patuo ne ɔbonsamnoma bɛgye hɔ afa; ɔpatuo ne anene bɛtena hɔ. Onyankopɔn bɛtwe basabasayɛ ahoma wɔ Edom so, ɔde bɛsɛe ɔman no.
12 以东人要召贵胄来治国; 那里却无一个, 首领也都归于无有。
Nʼatitire renya biribiara a ɛbɛma wɔafrɛ no ahennie, nʼahenemma mmarima nyinaa bɛtu ayera.
13 以东的宫殿要长荆棘; 保障要长蒺藜和刺草; 要作野狗的住处, 鸵鸟的居所。
Nkasɛɛ bɛgye nʼabankɛsewa afa, nsansono ne nkasɛɛ bɛfu wɔ nʼabankɛsewa hɔ. Ɛhɔ bɛyɛ adompo atuo, ne apatuo tenabea.
14 旷野的走兽要和豺狼相遇; 野山羊要与伴偶对叫。 夜间的怪物必在那里栖身, 自找安歇之处。
Anweatam so mmoa ne mpataku bɛhyia adi afra, mpɔnkye aniɔdenfoɔ bɛsu akyerɛ wɔn ho; ɛhɔ na anadwo mmoa bɛdeda na wɔde ayɛ wɔn homebea.
15 箭蛇要在那里做窝, 下蛋,抱蛋,生子, 聚子在其影下; 鹞鹰各与伴偶聚集在那里。
Ɛhɔ na ɔpatuo bɛyɛ ne pirebuo, na wato ne nkosua. Ɔbɛhwane ne mma, na ɔde ne ntaban akata wɔn so; ɛhɔ na nkorɔma bɛboaboa wɔn ho ano, obiara ne deɛ ɔka ne ho.
16 你们要查考宣读耶和华的书。 这都无一缺少, 无一没有伴偶; 因为我的口已经吩咐, 他的灵将它们聚集。
Hwɛ Awurade nwoma mmobɔeɛ no mu, na kenkan: Yeinom mu biara renyera, obiara bɛnya deɛ ɔka ne ho. Ɛfiri sɛ nʼanom na ɔhyɛ asɛm no firie, na ne honhom bɛboaboa wɔn ano.
17 他也为它们拈阄, 又亲手用准绳给它们分地; 它们必永得为业, 世世代代住在其间。
Ɔde wɔn kyɛfa rema wɔn; ɔde ne nsa yɛ susudua kyekyɛ. Wɔbɛfa no sɛ wɔn dea afebɔɔ na wɔfiri awoɔ ntoatoasoɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ atena hɔ.