< James 3 >

1 ana ndi gbugbulu ba kamti tsro na mrivayimu ki toh di kpa hukunci wa a zan tsanan
Me nuanom, ɛnyɛ mo nyinaa na ɛsɛ sɛ moyɛ mo ho akyerɛkyerɛfoɔ, ɛfiri sɛ, monim sɛ yɛn akyerɛkyerɛfoɔ deɛ sɛ yɛfom a, wɔbɛbu yɛn atɛn a emu yɛ den sene afoforɔ.
2 nakima ki ka kub zah nijon gbugbuu du ndi wa ana kub zah ni tu tre na ahi ndi wa ba mla u be ndu wa ani vu tu ni kpama wawuu
Yɛn nyinaa taa yɛ mfomsoɔ. Onipa a ɔnyɛ mfomsoɔ wɔ deɛ ɔka mu no yɛ pɛ a ɔbɛtumi ahyɛ ne onipadua no so.
3 inde ki lo nyu nghma di du ba huta ki yah di sarafa ikkpa ba huta ki yah di surafa ikpa ba wawuu
Yɛde nnareka to ɔpɔnkɔ anom sɛdeɛ ɔbɛtie yɛn na yɛatumi ama wakɔ baabiara a yɛpɛ sɛ ɔkɔ.
4 bitoh igwu u dran ma naki ba bra kpukpuri naki gwugwu u gbegbenien mami zuba nikukre job fidima ndi u tru gwua ani kam hi ni bubu wa ani so
Anaasɛ dwene ɛhyɛn ho: sɛdeɛ ne kɛseɛ te a mframa a ano yɛ den na ɛbɔ no, nanso wɔtumi de akyerɛkyerɛkwan ketewaa bi na ɛdanedane no ma ɛkɔ baabi a hyɛnkafoɔ no pɛ sɛ ɛkɔ.
5 nakima ileme ahi vinghma kpa fi mei ani gbre san nikpie bi rigrama bika toh di vi ilu fi m i ani ri kile minji
Saa ara na tɛkrɛma teɛ: ne ketewa yi nyinaa akyi, ɛtumi hoahoa nneɛma akɛseɛ. Hwɛ sɛdeɛ ogya ketewaa bi tumi hye kwaeɛ kɛseɛ.
6 ileme me ahi ilu ni mi nghma kpa bu wawuu gbugbulu u lalitre wa ba ban you ni mi nghama ikpabu ani kpa kpa bu tieme ani du alamura rayuwa ba vulu wawu ahi ko lu wa ani shuti (Geenna g1067)
Tɛkrɛma te sɛ ogya. Ɛwɔ tumi bɔne bi wɔ onipa akwaa mu. Ɛsɛe onipadua no nyinaa; ɛsɔ onipa abrabɔ nyinaa so ogya ma ɛdɛre framfram. (Geenna g1067)
7 nakia inanma rhjhu ba wawuu chicen nibi han ni ne ru kpie bi mi kikle nne ndi hei gbengbenlen ni yu ba
Onipa tumi dwodwo mmoadoma, nnomaa, mmoa a wɔwea fam, ɛpo mu mmoa nyinaa,
8 nitu leme nimi yan Adam ba wa ani ya vu ahi ihrji wa ana si na a gbugbulu u wu ndi
nanso obiara rentumi nnwodwo tɛkrɛma da. Ɛyɛ bɔne a ɔnhome so na awuduro ahyɛ no ma.
9 ni leme ki gbere bachi ni ti san nikima ki lah ndi wa ba tiba ni kamani riji
Yɛde tɛkrɛma kamfo yɛn Awurade ne yɛn Agya na yɛde ɛno ara nso adome nnipa a wɔbɔɔ wɔn Onyankopɔn sɛso so.
10 ni mi nyu kima lulu ni lah ni rhu mrivayi ikpie bi yi bika na ti na.
Ano korɔ no ara mu na nkamfo ne nnome firi ba. Me nuanom, ɛnsɛ sɛ ɛba saa.
11 i mah u roma ba uri ma bana iya rjhu ni bubu ri na
Nsuo pa ne nsuo a ɛyɛ nkyenenkyene bɛtumi afiri asutire baako mu aba?
12 ba iya? mriyah kukron baure ana iya ti zaitu na ko ani ya? ko naki irjhu inabi anti yi baure? nakima imah u ri ana ya no imah u roma na.
Me nuanom, borɔdɔma dua bɛtumi aso ngo dua aba? Anaasɛ bobe bɛtumi aso borɔdɔma? Saa ara na asutire a ɛyɛ nkyenenkyene remma nsu pa.
13 ahi nghan hei ni hikima ni toh rii mi bi? du ndi kima tsro didi uvri ni ndu ma u hikima
Obi wɔ mo mu a ɔnim nyansa na ɔwɔ nteaseɛ? Ɛsɛ sɛ ɔnam abrabɔ pa, nnwuma pa a wɔnam ahobrɛaseɛ ne nyansa so da no adi.
14 aman inde bi hei ni matsanci ihwu ni meme gbrashisi ni mi suron bi bika na wur wi ni san ni ice na ni njaji
Na sɛ mowɔ nitan, mansotwe ne pɛsɛmenkomenya wɔ mo akoma mu a, ɛnneɛ ɛnsɛ sɛ mohoahoa mo ho, na nam so ka nkontompo tia nokorɛ.
15 iri hikima yi ana iri wa ani grji rji ni shu na nakima ahi u gbugbulun wa ana hei ni njaji na ahi u ibrji
Saa nyansa yi mfiri ɔsoro na ɛbaeɛ. Ɛyɛ ewiase nyansa na ɛyɛ honhommɔne nso.
16 naki duk bubu wa ihwu ni gbranshishihei niki wa nyun nihei ni kowane iri meme kpie
Baabiara a nitan ne pɛsɛmenkomenya wɔ no, basabasa ne bɔne ahodoɔ nyinaa bi wɔ hɔ.
17 nakima hikma hi iri u shu, ni mumula ana tsatsra naki son si ison kamili saukiyu ahei ni loh suron kpukpo me ni gbugbu zizi wa ana die na u didi
Nanso, nyansa a ɛfiri ɔsoro no yɛ kronkron; asomdwoeɛ wɔ mu, ɛdwo na ɛwɔ nidɔ; ɛwɔ ahummɔborɔ na nneyɛeɛ pa firi mu ba; ɛnnye akyinnyeɛ na ɛnyɛ nyaatwom nso.
18 naki mri didi wa ba shu ni mi son si ni mi bi wa ba shu tu ba bi
Na ɛso aba pa a ɛfiri aba a asomdwoeɛfoɔ duaa no asomdwoeɛ mu no.

< James 3 >