< Hebrews 1 >
1 nisehn irji atre niba titimbu nikohn kanka ninyu anabawa
Mmerɛ a atwam no, na Onyankopɔn nam akwan ahodoɔ bebree so fa adiyifoɔ so kasa kyerɛ yɛn mpanimfoɔ.
2 nintohn uklekleyi atrenita nibubuh urema iwandi ayou ndusoninyu kongye iwandi nituma ati gbunglua (aiōn )
Nanso, mmerɛ a ɛdi akyire no deɛ, ɔnam ne Ba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na Onyankopɔn nam ne so bɔɔ ewiase. Na ɔno na Onyankopɔn ayi no sɛ awieeɛ no, nneɛma nyinaa bɛyɛ ne dea. (aiōn )
3 wawuii hikpawandi ahe imbarji jiji arzy zatima anji kongye ninmyi ngbenglen ilatrema niwandi ayemla latrembutia nakaba kakuson niwokrli utimbu iwandi aheni kongyea ni shulu
Ɔnam hyerɛn a Onyankopɔn animuonyam hyerɛn no so hran. Ɔyɛ Onyankopɔn sɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔde nʼasɛm a tumi wɔ mu no sɔ ewiase mu. Ɔtee nnipa ho firii wɔn bɔne mu wieeɛ no, ɔtenaa Otumfoɔ Onyankopɔn nifa so wɔ ɔsoro.
4 nitukima aheni gbengle nitu mataikuba yanda kpewandi indema iwandi asoninyu aheni gbenglen gbugbamu niumba
Ɛno enti, ɔyɛɛ kɛse sene abɔfoɔ no, ɛfiri sɛ, edin a Onyankopɔn de too no no yɛ kɛse sene wɔn deɛ no.
5 nitoki ahinyga nimyi malaikurji iwandi atabatrendi uhi vremu iuwa mba mihi tini wuu? ngarli mia hitiniuu wawumeni he vuvrenime?
Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nso anka ankyerɛ nʼabɔfoɔ no mu biara sɛ, “Woyɛ me Ba; na ɛnnɛ, mayɛ wʼAgya.” Ɛnna wanka ankyerɛ ɔbɔfoɔ biara sɛ, “Mɛyɛ wʼAgya na wayɛ me Ba.”
6 ngarli niwa ndi irji anji iwandi ansoninyua yenin gbunglua alatrendi mailakurji ba mpembau dubaku kyumbarju niu
Ɛberɛ a Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔsoma nʼabakan no ba ewiase no, ɔsane kaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abɔfoɔ nyinaa som no.”
7 nitu malaiku ba trendiani iyakababatibrzi bitretrema bahi ilebelu
Asɛm a Onyankopɔn ka faa abɔfoɔ no ho ne sɛ, “Onyankopɔn soma nʼabɔfoɔ sɛ mframa, na ɔsoma nʼasomfoɔ sɛ gyadɛreeɛ.”
8 nitu vrea a tre kpauchima iwu irji iwandi anaheni we ukena kpala uchume ahi kpala urju tsratrame unjanji (aiōn )
Na ɛfa Ɔba no ho no, Onyankopɔn kaa sɛ, “Ao, Onyankopɔn, wʼahennwa bɛtena hɔ daa nyinaa; wʼAhennie yɛ atɛntenenee. (aiōn )
9 nyemebdu ndu wandi ahindidima a kamendu iwandi usoah nituki ahirji wato irji me gbanye ukinklasro niwu za iwandi uyandi ahidindima umeah
Wodɔ tenenee, na wokyiri bɔne, ɛno enti, Onyankopɔn wo Onyankopɔn de wo asi wo mfɛfoɔ so, na ɔde anigyeɛ ngo asra wo.”
10 nzi tuntur mu ahi bachi iwuyi uti gbunglua ishulu meahindu uwomeyi
Onyankopɔn sane kaa sɛ, “Mfitiaseɛ no wotoo asase fapem, na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.
11 bawatumba hama amawu unaheni klena baye che na kpi usrukpa
Ne nyinaa bɛtwam na wo deɛ wobɛtena hɔ daa; wɔbɛtete sɛ atadeɛ.
12 uchibiba na nganjakon ukasi kla ama iwu uhe una kasrana kase kase iseme bana klena
Wɔbɛbobɔ no sɛ ntoma; na wɔbɛsesa no sɛ ntadeɛ. Nanso, wote sɛdeɛ woteɛ, na wo mfeɛ to rentwa da.”
13 ama ahinyga ni myi malaiku rjiba atatrendi kuson niwo korh mu uni myi indzi ukrjzume aheninzame?
Onyankopɔn anka ankyerɛ nʼabɔfoɔ no sɛ, “Montena me nifa so kɔsi sɛ mede mo atamfoɔ bɛyɛ mo nan ntiasoɔ.”
14 ashe ana malaikuba duka ba birjina biandi irji nitobandu douba tini bandi kunbra ni sonsi?
Sɛ saa a, na abɔfoɔ no yɛ dɛn? Wɔn nyinaa yɛ ahonhom a wɔsom Onyankopɔn na ɔsoma wɔn ma wɔkɔboa wɔn a wɔrehwehwɛ nkwagyeɛ no.