Preface
Read
+
Publisher
Nainoia, Inc.
PO Box 462, Bellefonte, PA 16823
(814) 470-8028
Nainoia Inc, Publisher
LinkedIn/NAINOIA-INC
Third Party Publisher Resources
Request Custom Formatted Verses
Please contact us below
Submit your proposed corrections
I understand that the Aionian Bible republishes public domain and Creative Commons Bible texts and that volunteers may be needed to present the original text accurately. I also understand that apocryphal text is removed and most variant verse numbering is mapped to the English standard. I have entered my corrections under the verse(s) below. Proposed corrections to the Asante Twi Bible, Psalms Chapter 86 https://www.AionianBible.org/Bibles/Twi---Asante-Twi-WASNA/Psalms/86 1) Dawid mpaeɛbɔ. Ao Awurade, tie me na gye me so, ɛfiri sɛ meyɛ ohiani ne mmɔborɔni. 2) Bɔ me nkwa ho ban, ɛfiri sɛ mede me ho ama wo. Wone me Onyankopɔn, gye wʼakoa a ɔde ne ho to wo so. 3) Ao Awurade, hunu me mmɔbɔ, na mesu frɛ wo daa nyinaa. 4) Ma wʼakoa ani nnye, na wo Awurade, wo nkyɛn na mema me kra so ba. 5) Ao Awurade, woyɛ, na wode bɔne kyɛ, wowɔ ɔdɔ mmorosoɔ ma wɔn a wɔsu frɛ wo nyinaa. 6) Ao Awurade, tie me mpaeɛbɔ; tie me mmɔborɔ su. 7) Mɛfrɛ wo mʼahohia da mu, na wobɛgye me so. 8) Ao Awurade, onyame bi nni hɔ a ɔte sɛ wo; na wɔn nnwuma biara nto wo deɛ. 9) Ao Awurade, aman a woakyekyere nyinaa bɛba abɛsom wo wɔ wʼanim; wɔbɛba abɛhyɛ wo din animuonyam. 10) Woyɛ kɛseɛ, na woyɛ anwanwa nnwuma; wo nko ara ne Onyankopɔn. 11) Ao Awurade, kyerɛ me wʼakwan, na mɛnante wo nokorɛ mu; ma memfa mʼakoma nyinaa mma wo na masuro wo din. 12) Mede mʼakoma nyinaa mɛyi wo ayɛ, Ao Awurade me Onyankopɔn na mahyɛ wo din animuonyam daa nyinaa. 13) Ɛfiri sɛ, ɔdɔ a wode dɔ me no so; woayi me afiri owuo amena mu tɔnn. (Sheol h7585) 14) Ao Onyankopɔn, ahomasofoɔ ato ahyɛ me so; basabasayɛfoɔ kuo repɛ me akum me, nnipa a wɔmmfa wo nyɛ hwee no. 15) Nanso wo, Ao Awurade, woyɛ mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ Onyankopɔn, wo bo kyɛre fu, na wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ dɔɔso. 16) Dane wʼani hwɛ me na dom me; fa wʼahoɔden ma wʼakoa na gye wʼafenaa babarima nkwa. 17) Ma me wo papayɛ ho nsɛnkyerɛnneɛ, na mʼatamfoɔ nhunu na wɔn anim ngu ase na wo Ao Awurade, wo na woaboa me akyekye me werɛ. Additional comments?
Refresh Captcha
The world's first Holy Bible un-translation!