Preface
Read
+
Publisher
Nainoia, Inc.
PO Box 462, Bellefonte, PA 16823
(814) 470-8028
Nainoia Inc, Publisher
LinkedIn/NAINOIA-INC
Third Party Publisher Resources
Request Custom Formatted Verses
Please contact us below
Submit your proposed corrections
I understand that the Aionian Bible republishes public domain and Creative Commons Bible texts and that volunteers may be needed to present the original text accurately. I also understand that apocryphal text is removed and most variant verse numbering is mapped to the English standard. I have entered my corrections under the verse(s) below. Proposed corrections to the Asante Twi Bible, Micah Chapter 1 https://www.AionianBible.org/Bibles/Twi---Asante-Twi-WASNA/Micah/1 1) Awurade de saa nsɛm yi brɛɛ Moresetni Mika ɛberɛ a na Yotam, Ahas ne Hesekia di adeɛ wɔ Yuda no. Anisoadehunu a ɔhunuiɛ fa Samaria ne Yerusalem ho. 2) Monyɛ aso, mo nnipa nyinaa, montie, asase ne mo a mote so nyinaa. Otumfoɔ Awurade redi adanseɛ atia mo, ɔkasa firi nʼasɔredan kronkron no mu. 3) Monhwɛ! Awurade firi nʼatenaeɛ reba; ɔresiane na ɔnante asase sorɔnsorɔmmea so. 4) Mmepɔ nane wɔ nʼase, mmɔnhwa mu paepae te sɛ ama a aka ogya, te sɛ nsuo a ɛsiane ɔherɛ so firi kokoɔ so. 5) Yei nyinaa yɛ Yakob nnebɔne, ne bɔne ahodoɔ a ɛwɔ Israel efie enti. Yakob nnebɔne ne sɛn? Ɛnyɛ Samaria anaa? Na ɛhe ne Yuda sorɔnsorɔmmea? Ɛnyɛ Yerusalem anaa? 6) “Enti mɛyɛ Samaria kuro no mmubuiɛ sie, baabi a wɔbɛyɛ bobe turo. Mehwie nʼaboɔ agu bɔnhwa mu ama ne fapem ho ada hɔ. 7) Wɔbɛbubu nʼahoni nyinaa mu asinasini; wɔde ogya bɛhyɛ nʼasɔredan mu ayɛyɛdeɛ nyinaa. Mɛsɛe ne nsɛsodeɛ nyinaa. Esiane sɛ nʼakyɛdeɛ a waboa ano no nyinaa ɔnya firii adwamanfoɔ akatua mu no enti wɔde bɛma adwamanfoɔ.” 8) Yeinom enti mɛsu atwa agyaadwoɔ; mede adagya bɛnante na mennhyɛ mpaboa. Mɛpɔ so sɛ odompo na masu sɛ ɔpatuo. 9) Nʼapirakuro no wuo ayɛ den; abɛduru Yuda. Abɛduru me nkurɔfoɔ ɛpono ano mpo aduru Yerusalem ankasa. 10) Monnka no wɔ Gat monnsu koraa Mo a mowɔ Bet-Leafra deɛ monyantam mfuturo mu. 11) Monsene nkɔ adagya ne aniwuo mu, mo a mote Safir. Wɔn a wɔte Saanan ntumi mpue Bet-Esel wɔ awerɛhoɔ mu; ɛfiri sɛ, wo hɔ na ɔnya ne banbɔ. 12) Wɔn a wɔte Marot de ɔyea nukanuka wɔ mu de twɛn mmoa, ɛfiri sɛ amanehunu a ɛfiri Awurade hɔ aba abɛduru Yerusalem ɛpono ano. 13) Mo a mote Lakis, monsiesie nteaseɛnam no. Mo ne bɔne farebae ma Ɔbabaa Sion, na modii Israel anim kɔɔ bɔne mu. 14) Enti mode ntetemu akyɛdeɛ bɛma Moreset-Gat, Aksib kuro bɛdaadaa Israel ahemfo. 15) Mede nkonimdifoɔ bɛtoa mo mo a mote Maresa. Deɛ ɔyɛ Israel onimuonyamfoɔ no bɛba Adulam. 16) Monyi mo tirinwi mfa nni awerɛhoɔ, wɔ mma a mo ani gye wɔn ho no ho; mommɔ tikwa te sɛ ɔpete, ɛfiri sɛ, wɔbɛfa wɔn afiri mo nkyɛn akɔ nnommumfa mu. Additional comments?
Refresh Captcha
The world's first Holy Bible un-translation!