Preface
Read
+
Publisher
Nainoia, Inc.
PO Box 462, Bellefonte, PA 16823
(814) 470-8028
Nainoia Inc, Publisher
LinkedIn/NAINOIA-INC
Third Party Publisher Resources
Request Custom Formatted Verses
Please contact us below
Submit your proposed corrections
I understand that the Aionian Bible republishes public domain and Creative Commons Bible texts and that volunteers may be needed to present the original text accurately. I also understand that apocryphal text is removed and most variant verse numbering is mapped to the English standard. I have entered my corrections under the verse(s) below. Proposed corrections to the Asante Twi Bible, Job Chapter 11 https://www.AionianBible.org/Bibles/Twi---Asante-Twi-WASNA/Job/11 1) Na Naamani Sofar buaa sɛ, 2) “Ɛnsɛ sɛ wɔyi saa nsɛm yi ano anaa? Ɛsɛ sɛ wɔbu saa ɔkasafoɔ yi bem anaa? 3) Wo nsɛm hunu no bɛma nnipa ayɛ komm anaa? Sɛ wodi fɛ a obiara renka wʼanim anaa? 4) Woka kyerɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Me gyidie ho nni asɛm na meyɛ pɛ wɔ wʼani so.’ 5) Ao, anka mepɛ sɛ Onyankopɔn kasa, anka ɔnkasa ntia wo 6) na ɔmmue nyansa mu ahintasɛm so nkyerɛ wo, ɛfiri sɛ nyansa turodoo yɛ afanu. Hunu yei sɛ, Onyankopɔn werɛ afiri wo bɔne no bi mpo. 7) “Wobɛtumi ate Onyankopɔn anwanwadeɛ ase anaa? Wobɛtumi abɔre ahunu deɛ Otumfoɔ no tumi kɔpem anaa? 8) Ɛkorɔn sene ɔsoro, ɛdeɛn na wobɛtumi ayɛ? Emu dɔ sene damena ase tɔnn, ɛdeɛn na wobɛtumi ahunu? (Sheol h7585) 9) Ne nsusuiɛ mu ware sene asase na ɛtrɛ sene ɛpo. 10) “Sɛ ɔba na ɔde wo to nneduadan mu ansa na wasi nkonnwa a, hwan na ɔbɛtumi asi no ɛkwan? 11) Ampa ara ɔhyɛ nnipa nnaadaafoɔ nso; na sɛ ɔhunu amumuyɛ a, ɔnhyɛ ne nso anaa? 12) Nanso ogyimifoɔ rentumi nyɛ onyansafoɔ sɛdeɛ wɔrentumi nwo afunumu ba sɛ onipa no. 13) “Na sɛ wode wʼakoma ma no na wopagya wo nsa kyerɛ no, 14) sɛ wogyaa bɔne a wokura no mu na woamma amumuyɛ antena wo ntomadan mu a, 15) ɛnneɛ, wobɛpagya wo ti a womfɛre; wobɛgyina pintinn a wonsuro. 16) Wo werɛ bɛfiri wʼahokyere, na ɛbɛyɛ wo sɛ nsuo a asene korɔ. 17) Wʼabrabɔ bɛhyerɛn asene owigyinaeɛ, na esum bɛyɛ sɛ adekyeɛ hann. 18) Wobɛnya banbɔ, ɛfiri sɛ anidasoɔ wɔ hɔ; wobɛhwɛ wo ho ahyia, na wahome asomdwoeɛ mu. 19) Wobɛda ahome, na obi renhunahuna wo, na bebree bɛhwehwɛ mmoa afiri wo nkyɛn. 20) Amumuyɛfoɔ ani bɛfira, wɔrentumi nnwane; na wɔn anidasoɔ bɛdane owuo ahomeguo.” Additional comments?
Refresh Captcha
The world's first Holy Bible un-translation!