Preface
Read
+
Publisher
Nainoia, Inc.
PO Box 462, Bellefonte, PA 16823
(814) 470-8028
Nainoia Inc, Publisher
LinkedIn/NAINOIA-INC
Third Party Publisher Resources
Request Custom Formatted Verses
Please contact us below
Submit your proposed corrections
I understand that the Aionian Bible republishes public domain and Creative Commons Bible texts and that volunteers may be needed to present the original text accurately. I also understand that apocryphal text is removed and most variant verse numbering is mapped to the English standard. I have entered my corrections under the verse(s) below. Proposed corrections to the Asante Twi Bible, Isaiah Chapter 62 https://www.AionianBible.org/Bibles/Twi---Asante-Twi-WASNA/Isaiah/62 1) Sion enti, merenyɛ komm, Yerusalem enti, merenyɛ dinn, kɔsi sɛ ne tenenee bɛhyerɛn sɛ adekyeɛ, na ne nkwagyeɛ adɛre sɛ ogyatɛn. 2) Amanaman no bɛhunu wo tenenee, na ahemfo nyinaa ahunu wo animuonyam; wɔbɛfrɛ wo din foforɔ a Awurade de bɛto wo. 3) Wobɛyɛ animuonyam ahenkyɛ wɔ Awurade nsam, ne adehyeɛ abɔtiten wɔ wo Onyankopɔn nsam. 4) Wɔremfrɛ wo atugya bio, anaa wʼasase sɛ amanfo. Na mmom wɔbɛfrɛ wo Hefsiba anaa anisɔ Kuropɔn ne wʼasase sɛ Beula anaa ɔwarefoɔ ɛfiri sɛ Awurade ani bɛgye wo ho, na ɔbɛware wʼasase. 5) Sɛdeɛ aberanteɛ ware ababaawa no, saa ara na wo mmammarima bɛware wo; sɛdeɛ ayeforɔkunu ani gye nʼayeforɔ ho no, saa ara na wo Onyankopɔn ani bɛgye wo ho. 6) Mede awɛmfoɔ agyinagyina wʼafasuo so Ao, Yerusalem; wɔremmua wɔn ano awia anaa anadwo. Mo a musu frɛ Awurade no, monnhome koraa, 7) na mommma ɔnnye nʼahome kɔsi sɛ ɔbɛma Yerusalem atim na wayɛ no deɛ asase nyinaa bɛkamfo. 8) Awurade de ne basa nifa aka ntam, ne basa a ɛyɛ den no sɛ, “Meremfa mo ayuo mma mo atamfoɔ sɛ wɔn aduane bio, na ananafoɔ rennom nsã foforɔ a moabrɛ ho no bio; 9) wɔn a wɔtwa no na wɔbɛdi na wɔakamfo Awurade, na wɔn a wɔboaboa bobe ano no bɛnom wɔ me kronkronbea adihɔ.” 10) Momfa mu, momfa kuropɔn apono no mu! Monsiesie kwan no mma nkurɔfoɔ no. Mompae, mompae kwantempɔn no! Monyiyi so aboɔ no. Monsi frankaa mma amanaman no. 11) Awurade abɔ no dawuro akɔsi nsase ano sɛ, “Monka nkyerɛ Ɔbabaa Sion sɛ, ‘Hwɛ, wo Agyenkwa reba! Hwɛ nʼakatua ka ne ho, na nʼanamuhyɛdeɛ nso ka ne ho.’” 12) Wɔbɛfrɛ wɔn Nnipa Kronkron, wɔn a Awurade Agye Wɔn; na wɔbɛfrɛ wo Deɛ Wɔrehwehwɛ Nʼakyiri Ɛkwan, Kuropɔn a Ɛrenyɛ Afo Bio. Additional comments?
Refresh Captcha
The world's first Holy Bible un-translation!