Preface
Read
+
Publisher
Nainoia, Inc.
PO Box 462, Bellefonte, PA 16823
(814) 470-8028
Nainoia Inc, Publisher
LinkedIn/NAINOIA-INC
Third Party Publisher Resources
Request Custom Formatted Verses
Please contact us below
Submit your proposed corrections
I understand that the Aionian Bible republishes public domain and Creative Commons Bible texts and that volunteers may be needed to present the original text accurately. I also understand that apocryphal text is removed and most variant verse numbering is mapped to the English standard. I have entered my corrections under the verse(s) below. Proposed corrections to the Asante Twi Bible, Isaiah Chapter 11 https://www.AionianBible.org/Bibles/Twi---Asante-Twi-WASNA/Isaiah/11 1) Dua foforɔ bi bɛfefɛ wɔ Yisai dunsini ho; ɛfiri ne nhini mu na Dubaa bi bɛso aba. 2) Awurade Honhom bɛtena no so: nyansa ne nteaseɛ Honhom, afotuo ne tumi Honhom, nimdeɛ ne Awurade suro Honhom. 3) Na nʼani bɛgye wɔ Awurade suro mu. Ɛnnyɛ deɛ ɔde nʼani hunu soɔ na ɔbɛgyina abu atɛn, anaa deɛ ɔde nʼaso bɛteɛ soɔ na ɔbɛgyina asi gyinaeɛ; 4) na mmom ɔde tenenee bɛbu mmɔborɔfoɔ atɛn, ɔde atɛntenenee bɛsi gyinaeɛ ama asase so ahiafoɔ. Ɔde abaa a ɛyɛ nʼanom asɛm bɛwoso asase; ɔde ahome a ɛfiri nʼanom bɛkunkum amumuyɛfoɔ. 5) Tenenee bɛyɛ nʼabɔsoɔ na nokorɛdie ayɛ nʼabɔwomu. 6) Pataku ne odwammaa bɛtena, ɔsebɔ ne abirekyie bɛda, nantwie ba ne gyata ne ne ba bɛbɔ mu; na abɔfra ketewa bi adi wɔn anim. 7) Ɔnantwie ne sisire bɛbɔ mu adidi, wɔn mma bɛdeda faako, na gyata bɛwe wira te sɛ nantwie. 8) Akokoaa bɛdi agorɔ abɛn ɔprammire amena ano, na abɔfra ketewa de ne nsa ahyɛ ɔnanka bɔn mu. 9) Wɔrenyɛ obi bɔne na wɔrensɛe adeɛ wɔ me bepɔ Kronkron nyinaa so, na Awurade ho nimdeɛ bɛyɛ asase so ma sɛdeɛ nsuo ayɛ ɛpo ma no. 10) Na da no, Yisai aseni no bɛsɔre; deɛ ɔbɛsɔre abɛdi amanaman no so; ɔno na wɔn ani bɛda ne so, na nʼahomegyebea bɛnya animuonyam. 11) Saa ɛda no, Awurade bɛma ne nsa so ne mprɛnu so de agye ne nkurɔfoɔ a wɔaka afiri Asiria, Misraim anafoɔ fam, Misraim atifi fam, Kus, Elam, Babilonia, Hamat ne Po so nsupɔ. 12) Ɔbɛma frankaa so ama aman no na wɔaboaboa Israel atukɔfoɔ ano; Ɔbɛboaboa Yudafoɔ a wɔahwete no ano afiri asase ntwea ɛnan no so. 13) Efraim anibereɛ bɛtu ayera, na wɔbɛsɛe Yuda atamfoɔ. Efraim ani remmere Yuda bio, na Yuda nso rentane Efraim ani. 14) Wɔbɛtwi afa Filistia nsaneɛ ahodoɔ no so akɔ atɔeɛ fam; na wɔbɛbɔ mu afo nnipa akɔ apueeɛ fam. Wɔbɛfa Edom ne Moab, na Amonfoɔ bɛhyɛ wɔn ase. 15) Awurade bɛma nsuo a ɛwɔ Misraim Po no mu awe korakora; ɔbɛma ne nsa mu mframa a emu yɛ hyeɛ abɔ afa Asubɔnten Eufrate so. Ɔbɛpaapae mu ayɛ no nsuwansuwa nson sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛtumi ahyɛ mpaboa atwa. 16) Ɛkwantempɔn bi bɛda hɔ ama ne nkurɔfoɔ nkaeɛfoɔ a wɔaka Asiria, sɛdeɛ ebi daa hɔ maa Israel ɛberɛ a wɔfiri Misraim baeɛ no. Additional comments?
Refresh Captcha
The world's first Holy Bible un-translation!