Preface
Read
+
Publisher
Nainoia, Inc.
PO Box 462, Bellefonte, PA 16823
(814) 470-8028
Nainoia Inc, Publisher
LinkedIn/NAINOIA-INC
Third Party Publisher Resources
Request Custom Formatted Verses
Please contact us below
Submit your proposed corrections
I understand that the Aionian Bible republishes public domain and Creative Commons Bible texts and that volunteers may be needed to present the original text accurately. I also understand that apocryphal text is removed and most variant verse numbering is mapped to the English standard. I have entered my corrections under the verse(s) below. Proposed corrections to the Asante Twi Bible, Amos Chapter 3 https://www.AionianBible.org/Bibles/Twi---Asante-Twi-WASNA/Amos/3 1) Montie saa asɛm a Awurade aka atia mo yi, Ao, Israelfoɔ, deɛ ɛtia abusua a meyii wɔn firii Misraim no nyinaa: 2) “Mo nko ara na mayi mo wɔ mmusua a ɛwɔ asase so nyinaa mu; enti mɛtwe mo aso wɔ mo bɔne nyinaa ho.” 3) Nnipa baanu bɛtumi abom anante, wɔ ɛberɛ a wɔnyɛɛ anokorɔ anaa? 4) Gyata bobom wɔ dɔtɔ ase wɔ ɛberɛ a ɔnhunuu ahaboa biara anaa? Ɔpɔ so wɔ ne buo mu wɔ ɛberɛ a ɔnkyeree ahaboa biara anaa? 5) Anomaa bɛtɔ afidie mu wɔ fam wɔ baabi a wɔnnsum afidie anaa? Afidie hwan wɔ ɛberɛ a ɛnyii aboa anaa? 6) Sɛ wɔhyɛn totorobɛnto wɔ kuropɔn mu a nnipa no ho mpopo anaa? Sɛ atoyerɛnkyɛm ba kuropɔn bi mu a ɛnyɛ Awurade na ɔyɛeɛ anaa? 7) Ampa ara, Otumfoɔ Awurade nnyɛ biribi a ɔnna ne nhyehyeɛ adi nkyerɛ nʼAsomafoɔ adiyifoɔ no. 8) Gyata no abobom, hwan na ɔnnsuro? Otumfoɔ Awurade akasa, hwan na ɔrenhyɛ ho nkɔm? 9) Mompae mu nka nkyerɛ Asdod aban ne Misraim aban: “Mommoaboa mo ho ano wɔ Samaria mmepɔ so; hwɛ basabasayɛ a ɛwɔ ne so ne nhyɛsoɔ a ɛwɔ ne nkurɔfoɔ mu.” 10) “Wɔnnim sɛdeɛ wɔyɛ deɛ ɛyɛ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. Wɔde nneɛma a wɔafo ne deɛ wɔawia sie wɔ wɔn aban mu. 11) Ɛno enti, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ, “Ɔtamfoɔ bi bɛtwi afa asase no so; Ɔbɛbubu wʼabanbɔeɛ agu, na wafo wʼaban.” 12) Deɛ Awurade seɛ nie: “Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ gye nnyawa mmienu nnompe anaa aso sin firi gyata anom no, saa ara na wɔbɛgye Israelfoɔ nkwa, wɔn a wɔtete wɔn mpa twea so wɔ Samaria, ne wɔn a wɔdeda nkonwa pa mu wɔ Damasko.” 13) “Tie yei, na di adanseɛ tia Yakob efie,” sɛdeɛ Awurade, Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie. 14) “Ɛda a mɛtwe Israel aso wɔ ne nnebɔne ho no, mɛsɛe afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El; wɔbɛtwitwa afɔrebukyia no mmɛn na abu ahwe fam. 15) Mɛdwiri awɔberɛ efie ne ahuhuro berɛ efie agu; na afie a wɔde asonse adura ho no wɔbɛsɛe no na afie akɛseɛ no nso wɔbɛbubu agu,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. Additional comments?
Refresh Captcha
The world's first Holy Bible un-translation!