Preface
Read
+
Publisher
Nainoia, Inc.
PO Box 462, Bellefonte, PA 16823
(814) 470-8028
Nainoia Inc, Publisher
LinkedIn/NAINOIA-INC
Third Party Publisher Resources
Request Custom Formatted Verses
Please contact us below
Submit your proposed corrections
I understand that the Aionian Bible republishes public domain and Creative Commons Bible texts and that volunteers may be needed to present the original text accurately. I also understand that apocryphal text is removed and most variant verse numbering is mapped to the English standard. I have entered my corrections under the verse(s) below. Proposed corrections to the Asante Twi Bible, 1-Chronicles Chapter 14 https://www.AionianBible.org/Bibles/Twi---Asante-Twi-WASNA/1-Chronicles/14 1) Afei, Tirohene Huram somaa abɔfoɔ ne aboɔ adansifoɔ ne nnua dwumfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn sɛ, wɔnkɔsi ahemfie mma no. Afei, Huram sane de ntweneduro nnua a wɔbɛpae kɔeɛ. 2) Na Dawid hunuu sɛ Awurade de no asi Israel so ɔhene, na ɛsiane Israel enti, wayɛ nʼahennie kɛseɛ. 3) Afei, Dawid waree mmaa bebree wɔ Yerusalem, na ɔwowoo mmammarima ne mmammaa bebree. 4) Dawid mmammarima a wɔwoo wɔn Yerusalem no ne Samua, Sobab, Natan ne Salomo, 5) Yibhar, Elisua, ne Elifelet, 6) Noga, Nefeg ne Yafia, 7) Elisama, Beeliada ne Elifelet. 8) Ɛberɛ a Filistifoɔ tee sɛ wɔasra Dawid ngo ama wadi Israel nyinaa so ɔhene no, wɔboaboaa wɔn akodɔm nyinaa ano sɛ, wɔrebɛkye no. Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ wɔreba ne so, enti ɔno nso ne ne mmarima firii kuro no mu kɔhyiaa wɔn. 9) Na Filistifoɔ no abɛduru Refaim bɔnhwa mu, asɛe hɔ pasaa. 10) Enti, Dawid bisaa Onyankopɔn sɛ, “Mempue na me ne Filistifoɔ no nkɔko? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa?” Awurade buaa sɛ, “Aane, wo ne wɔn nkɔko, na mɛma woadi wɔn so nkonim.” 11) Enti, Dawid ne nʼakodɔm kɔɔ Baal-Perasim kɔdii Filistifoɔ no so wɔ hɔ. Dawid teaam sɛ, “Onyankopɔn ayɛ! Ɔnam me so ama mabɔ awura mʼatamfoɔ mu te sɛ nsuyire a ano yɛ den.” Enti, wɔtoo beaeɛ hɔ edin Baal-Perasim (a asekyerɛ ne sɛ “Awurade a ɔbɔ wura mu”). 12) Filistifoɔ no gyaa wɔn ahoni nyinaa hɔ enti, Dawid hyɛ maa wɔhyee ne nyinaa. 13) Nanso, ankyɛre biara, Filistifoɔ no sane baa bɔnhwa no mu bɛsɛee hɔ. 14) Dawid bisaa Onyankopɔn deɛ ɔnyɛ bio. Onyankopɔn buaa sɛ, “Nkɔ tee nkɔto nhyɛ wɔn so. Mmom, fa wɔn ho kɔsi wɔn akyi na monto nhyɛ wɔn so wɔ baabi a ɛbɛn baka nnua no. 15) Na sɛ mote nnyegyeeɛ bi te sɛ nnipa bi a wɔrebɔ nsra nan ase wɔ baka nnua no atifi a, monto nhyɛ wɔn so. Ɛno na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛkyerɛ sɛ, Onyankopɔn adi mo anim rekɔka Filistifoɔ no agu.” 16) Enti, Dawid yɛɛ deɛ Onyankopɔn hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, na ɔkaa Filistifoɔ akodɔm no guiɛ firi Gibeon de kɔsii Geser. 17) Na Dawid edin hyetaa baabiara, na Awurade maa aman no nyinaa suroo Dawid. Additional comments?
Refresh Captcha
The world's first Holy Bible un-translation!