Preface
Read
+
Publisher
Nainoia, Inc.
PO Box 462, Bellefonte, PA 16823
(814) 470-8028
Nainoia Inc, Publisher
LinkedIn/NAINOIA-INC
Third Party Publisher Resources
Request Custom Formatted Verses
Please contact us below
Submit your proposed corrections
I understand that the Aionian Bible republishes public domain and Creative Commons Bible texts and that volunteers may be needed to present the original text accurately. I also understand that apocryphal text is removed and most variant verse numbering is mapped to the English standard. I have entered my corrections under the verse(s) below. Proposed corrections to the Akuapem Twi Bible, Micah Chapter 1 https://www.AionianBible.org/Bibles/Twi---Akuapem-Twi-Bible/Micah 1) Awurade de saa nsɛm yi brɛɛ Moresetni Mika bere a na Yotam, Ahas ne Hesekia di ade wɔ Yuda no. Anisoade a ohu faa Samaria ne Yerusalem ho. 2) Monyɛ aso, mo nnipa nyinaa, muntie, asase ne mo a mote so nyinaa. Otumfo Awurade redi adanse atia mo, ɔkasa fi nʼasɔredan kronkron no mu. 3) Monhwɛ! Awurade fi nʼatenae reba; ɔresian na ɔnam asase sorɔnsorɔmmea so. 4) Mmepɔw nan wɔ nʼase, aku mu paapae te sɛ ama a aka ogya, te sɛ nsu a ɛresian waa fi koko so. 5) Eyi nyinaa yɛ Yakob nnebɔne, ne bɔne ahorow a ɛwɔ Israel fi nti. Yakob nnebɔne ne dɛn? Ɛnyɛ Samaria ana? Na he ne Yuda sorɔnsorɔmmea? Ɛnyɛ Yerusalem ana? 6) “Enti mɛyɛ Samaria kurow no nnwiriwii siw, baabi a wɔbɛyɛ bobe turo. Mehwie nʼabo agu obon mu ama ne fapem ho ada hɔ. 7) Wobebubu nʼahoni nyinaa mu asinasin; wɔde ogya bɛhyew nʼasɔredan mu ayɛyɛde nyinaa. Mɛsɛe ne nsɛsode nyinaa. Esiane sɛ nʼakyɛde a waboa ano no nyinaa, onya fii nguamanfo akatua mu no nti wɔde bɛma nguamanfo.” 8) Eyinom nti mesu atwa agyaadwo; mede adagyaw bɛnantew na merenhyɛ mpaboa. Mɛworo so sɛ odompo na masu sɛ patu. 9) Nʼapirakuru no wu ayɛ den; abedu Yuda. Abedu me nkurɔfo pon ano mpo adu Yerusalem ankasa. 10) Monnka no wɔ Gat munnsu koraa Mo a mowɔ Bet-Leafra de, monyantam mfutuma mu. 11) Monsen nkɔ adagyaw ne aniwu mu, mo a mote Safir. Wɔn a wɔte Saanan ntumi mpue. Bet-Esel wɔ awerɛhow mu; efisɛ, wo hɔ na onya ne bammɔ. 12) Wɔn a wɔte Marot de ɔyaw nunununu wɔn mu de twɛn mmoa, efisɛ amanehunu a efi Awurade hɔ aba abedu Yerusalem pon ano. 13) Mo a mote Lakis, munsiesie nteaseɛnam no. Mone bɔne farebae ma Ɔbabea Sion, na mudii Israel anim kɔɔ bɔne mu. 14) Enti mode ntetewmu akyɛde bɛma Moreset-Gat, Aksib kurow bɛdaadaa Israel ahemfo. 15) Mede nkonimdifo bɛtoa mo; mo a mote Maresa. Nea ɔyɛ Israel onuonyamfo no bɛba Adulam. 16) Munyi mo tinwi mfa nni awerɛhow, wɔ mma a mo ani gye wɔn ho no ho; mommɔ tikwaw te sɛ opete, efisɛ, wɔbɛfa wɔn afi mo nkyɛn akɔ nnommum mu. Additional comments?
Refresh Captcha
The world's first Holy Bible un-translation!