Preface
Read
+
Publisher
Nainoia, Inc.
PO Box 462, Bellefonte, PA 16823
(814) 470-8028
Nainoia Inc, Publisher
LinkedIn/NAINOIA-INC
Third Party Publisher Resources
Request Custom Formatted Verses
Please contact us below
Submit your proposed corrections
I understand that the Aionian Bible republishes public domain and Creative Commons Bible texts and that volunteers may be needed to present the original text accurately. I also understand that apocryphal text is removed and most variant verse numbering is mapped to the English standard. I have entered my corrections under the verse(s) below. Proposed corrections to the Akuapem Twi Bible, Hosea Chapter 11 https://www.AionianBible.org/Bibles/Twi---Akuapem-Twi-Bible/Hosea/11 1) “Bere a Israel yɛ abofra no, na medɔ no, na Misraim na mefrɛɛ me babarima fii. 2) Nanso mpɛn dodow a mefrɛɛ Israel no, saa ara na woguan fii me nkyɛn. Wɔbɔɔ afɔre maa Baal ahoni, na wɔhyew nnuhuam maa nsɛsode. 3) Me na migyigyee Efraim taataa, turuu wɔn wɔ me basa so; nanso wɔnkae sɛ me na mesaa wɔn yare. 4) Me de ayamye hama ne ɔdɔ dii wɔn anim; miyii konnua no fii wɔn kɔn mu na mekotow maa wɔn aduan dii. 5) “Wɔbɛsan akɔ Misraim, na Asiria adi wɔn so, esiane sɛ wɔannu wɔn ho nti. 6) Afoa bedi ahim wɔ wɔn kuropɔn mu na ɛbɛsɛe wɔn apon akyi adaban na wɔn nhyehyɛe to betwa. 7) Me nkurɔfo asi no pi sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi me nkyɛn. Sɛ mpo wosu frɛ me Onyankopɔn Ɔsorosoroni no mpo a meremma wɔn so ɔkwan biara so. 8) “Ɛbɛyɛ dɛn na meyi wo ama, Efraim? Ɛbɛyɛ dɛn ma meyi wo ama, Israel? Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Adma? Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Seboim? Me koma asakra wɔ me mu; na mʼahummɔbɔ ahwanyan. 9) Merenyɛ mʼabufuwhyew so ade, na merennan me ho nsɛe Efraim bio. Meyɛ Onyankopɔn na menyɛ onipa. Meyɛ Ɔkronkronni a ɔwɔ mo mu. Meremma wɔ abufuw mu. 10) Wobedi Awurade akyi. Ɔbɛbobɔ mu te sɛ gyata. Na sɛ ɔbobɔ mu a, ne mma de ahopopo befi atɔe aba. 11) Wɔde ahopopo bɛba te sɛ nnomaa a wofi Misraim, te sɛ mmorɔnoma a wofi Asiria. Mɛbɔ wɔn atenase wɔ wɔn afi mu,” sɛnea Awurade se ni. 12) Efraim de atoro atwa me ho ahyia, Israelfi nso wɔde nnaadaa. Yuda abɔ Onyankopɔn so ko mpo ɔde tia Ɔkronkronni nokwafo no. Additional comments?
Refresh Captcha
The world's first Holy Bible un-translation!