Preface
Read
+
Publisher
Nainoia, Inc.
PO Box 462, Bellefonte, PA 16823
(814) 470-8028
Nainoia Inc, Publisher
LinkedIn/NAINOIA-INC
Third Party Publisher Resources
Request Custom Formatted Verses
Please contact us below
Submit your proposed corrections
I understand that the Aionian Bible republishes public domain and Creative Commons Bible texts and that volunteers may be needed to present the original text accurately. I also understand that apocryphal text is removed and most variant verse numbering is mapped to the English standard. I have entered my corrections under the verse(s) below. Proposed corrections to the Akuapem Twi Bible, Amos Chapter 1 https://www.AionianBible.org/Bibles/Twi---Akuapem-Twi-Bible/Amos/1 1) Amos, Tekoa nguanhwɛfo no mu baako nsɛm ni. Onyaa saa anisoadehu yi a ɛfa Israel ho mfe abien ansa na asase wosowee, bere a Usia di hene wɔ Yuda na Yoas babarima Yeroboam nso di hene wɔ Israel no. 2) Ɔkae se, “Awurade bobɔ mu fi Sion bepɔw so na ɔde aprannaa nnyigyei nso fi Yerusalem; nguanhwɛfo mmoa adidibea rehyew na Karmel atifi nso kisa.” 3) Nea Awurade se ni: “Damasko ayɛ bɔne bebree ama no atra so ɛno nti, merennan mʼabufuw. Efisɛ ɔde awiporowbea ade a ɛwɔ dade se dwerɛw Gilead. 4) Mede ogya bɛto Hasael fi na ahyew Ben-Hadad aban no. 5) Mebubu Damasko apon, na mɛsɛe ɔhene a ɔwɔ Awen bon no mu no ne nea okura ahempema wɔ Bet Eden no. Na Aramfo bɛkɔ nnommum mu wɔ Kir,” sɛnea Awurade se ni. 6) Nea Awurade se ni: “Gasa ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw no. Ɔfaa ɔman mu no nyinaa nnommum na ɔtɔn wɔn maa Edomfo. 7) Mede ogya bɛto Gasa afasu mu, na ahyew nʼaban no. 8) Mɛsɛe Asdod hene no ne nea okura ahempema wɔ Askelon no. Mɛdan me nsa atia Ekron, kosi sɛ Filistini a otwa to no bewu,” sɛnea Asafo Awurade se ni. 9) Nea Awurade se ni: “Tiro ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw. Ɔfaa ɔmanmu no nnommum na ɔtɔn wɔn maa Edomfo, a wankae onuadɔ apam. 10) Mede ogya bɛto Tiro afasu no mu, na ahyew nʼaban.” 11) Nea Awurade se ni: “Edom ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw. Ɔde afoa taataa ne nua, a wannya ayamhyehye biara. Efisɛ ne bo kɔɔ so fuwii, na obiara antumi annwudwo nʼabufuw no ano. 12) Mede ogya bɛto Teman mu, na ahyew Bosra aban.” 13) Sɛnea Awurade se ni: “Amon ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw. Ɔde afoa paapaee Gilead apemfo yafunu mu de trɛw nʼahye mu. 14) Mede ogya bɛto Raba afasu mu na ahyew nʼaban wɔ ɔko da mu nteɛteɛmu ne ahum da mfɛtɛ mu. 15) Na ne hene ne mmapɔmma bɛbɔ mu akɔ nnommum mu,” sɛnea Awurade se ni. Additional comments?
Refresh Captcha
The world's first Holy Bible un-translation!