< Sáng Thế 37 >

1 Gia-cốp định cư tại xứ Ca-na-an, nơi cha mình đã cư ngụ.
Yosef tenaa Kanaan asase a na nʼagya te so sɛ ɔhɔhoɔ no so.
2 Giô-sép, con Gia-cốp, đã mười bảy tuổi, thường đi chăn bầy cho cha với các anh, là con của Bi-la và Xinh-ba. Giô-sép thường mách cho cha biết các việc xấu họ làm.
Yosef abusua ho asɛm nie: Ɛberɛ a Yakob ba Yosef dii mfirinhyia dunson no, na ɔne ne nuanom hwɛ wɔn agya Yakob nnwan so. Na ɔyɛ Bilha ne Silpa a wɔyɛ nʼagya yerenom no mmammarima no ɔboafoɔ. Na ɔyɛ obi a nneɛma a ne nuanom no yɛ a ɛnyɛ no, ɔtaa bɛka kyerɛ wɔn agya Yakob.
3 Gia-cốp yêu thương Giô-sép hơn các con khác vì Giô-sép sinh ra lúc ông đã cao tuổi. Một hôm, Gia-cốp cho Giô-sép món quà đặc biệt—một cái áo choàng nhiều màu sặc sỡ.
Na Israel pɛ ne ba Yosef asɛm sene ne mma a aka no nyinaa, ɛfiri sɛ, ɔwoo no ne nkɔkoraaberɛ mu; ɛno enti, ɔpam batakari bi a ɛyɛ fɛ maa no.
4 Các anh Giô-sép ganh tị vì thấy cha thiên vị, nên họ không còn dịu ngọt với Giô-sép nữa.
Ɛberɛ a ne nuanom no hunuu sɛ wɔn agya pɛ nʼasɛm sene wɔn nyinaa no, wɔtan no a na wɔnka abodwosɛm nkyerɛ no.
5 Một đêm, Giô-sép nằm mộng; sáng dậy, Giô-sép liền thuật cho các anh nghe, nên càng bị họ ganh ghét.
Ɛda bi, Yosef soo daeɛ. Ɔkaa daeɛ a ɔsoeɛ no kyerɛɛ ne nuanom mmarima no, wɔtan no kyɛnee kane no mpo.
6 Giô-sép nói: “Xin các anh hãy nghe.
Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Montie daeɛ bi a maso.
7 Tối qua, tôi nằm mộng và thấy anh em chúng ta đang bó lúa ngoài đồng. Bó lúa của tôi đứng thẳng lên, còn những bó lúa của các anh đều tập hợp chung quanh và cúi mọp xuống trước bó lúa tôi.”
Mesoo daeɛ, na yɛrekyekyere aburoo afiafi wɔ afuom. Ɛberɛ a yɛgu so rekyekyere aburoo no, amonom hɔ ara, me afiafi a makyekyere no sɔre gyinaa ntenten. Mo afiafi a moakyekyere no nso twaa me deɛ no ho hyiaeɛ, kotoo no.”
8 Các anh mỉa mai: “Thế là mày muốn làm vua chúng tao sao?” Họ càng ganh ghét Giô-sép thêm vì câu chuyện chiêm bao và vì lời nói thiếu dè dặt của Giô-sép.
Yosef nuanom no bisaa no sɛ, “Enti, wʼadwene ne sɛ wobɛdi yɛn so anaa? Wogye di sɛ, ampa ara, wobɛtumi aka yɛn ahyɛ?” Esiane ne daeɛ a ɔsoeɛ no ne asɛm a ɔkaeɛ no enti, ɛmaa ne nuanom no kyirii no kɔkɔɔkɔ.
9 Giô-sép lại nằm mộng và thuật cho các anh: “Các anh hãy nghe chiêm bao này của tôi: Tôi thấy mặt trời, mặt trăng, và mười một ngôi sao đều cúi rạp trước mặt tôi!”
Afei, ɔsane soo daeɛ bio. Ɔkaa daeɛ a ɔsoeɛ no kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Montie: Maso daeɛ foforɔ bio. Mesoo daeɛ, na owia, ɔsrane ne nsoromma dubaako rekoto me.”
10 Lần này, cha quở trách Giô-sép: “Mộng mị gì kỳ lạ thế! Không lẽ cha mẹ, anh em đều phải cúi rạp trước mặt con sao?”
Saa daeɛ yi deɛ, ɔka kyerɛɛ nʼagya ne ne nuammarimanom no. Nʼagya tee saa daeɛ no, ɔkaa nʼanim sɛ, “Ɛdeɛn daeɛ na woaso yi? Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ ampa ara, wo maame ne me ne wo nuammarimanom no bɛba abɛkoto wo anaa?”
11 Các anh càng ganh tức, nhưng cha lại lưu ý tìm hiểu ý nghĩa giấc mộng ấy.
Yei maa ne nuammarimanom no ani beree no mmorosoɔ. Nanso, nʼagya deɛ, ɔdwenee asɛm no ho kɔɔ akyiri.
12 Một hôm, các anh Giô-sép dắt các bầy vật đến đồng cỏ Si-chem.
Ɛda bi, Yosef nuammarimanom no de wɔn agya nnwan kɔɔ adidi wɔ Sekem.
13 Gia-cốp bảo Giô-sép: “Các anh con đang chăn bầy tại Si-chem phải không? Con hãy sửa soạn, cha sẽ sai con đến chỗ các anh con.” Giô-sép trả lời: “Thưa vâng, con sẽ đi ngay.”
Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Sɛdeɛ wonim no, wo nuanom no de mmoa no kɔ adidi wɔ Sekem. Bra, na mensoma wo wɔn nkyɛn.” Yosef buaa sɛ, “Yoo, agya, mate.”
14 Giô-cốp nói: “Con hãy đi thăm xem chúng nó mạnh khỏe thế nào, bầy súc vật ra sao, rồi về cho cha biết.” Từ Hếp-rôn, Giô-sép lên đường qua Si-chem.
Enti, Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Kɔ na kɔhwɛ sɛ wo nuanom ho te sɛn, na nnwan no nso, na sane bɛka biribi kyerɛ me.” Enti, Israel somaa Yosef firii Hebron subɔnhwa no mu. Ɛberɛ a Yosef duruu Sekem no,
15 Nhưng Giô-sép đi lạc vào một khu hoang mạc. Một người gặp được và hỏi Giô-sép: “Cậu đi tìm ai?”
ɔbarima bi hunuu no sɛ ɔnenam wura no mu. Ɔbarima no bisaa no sɛ, “Worehwehwɛ ɛdeɛn?”
16 Giô-sép đáp: “Tôi đi tìm các anh tôi. Xin ông cho biết họ chăn bầy tại đâu.”
Yosef buaa no sɛ, “Merehwehwɛ me nuammarima. Mesrɛ wo, wobɛtumi akyerɛ me baabi a wɔde wɔn nnwan no kɔ adidi?”
17 Người ấy nói: “Họ đi nơi khác rồi. Tôi nghe họ rủ nhau đi Đô-than.” Giô-sép tìm đến Đô-than để gặp các anh.
Ɔbarima no buaa no sɛ, “Wo nuammarimanom no afiri ha kɔ. Metee sɛ wɔreka sɛ, ‘Momma yɛnkɔ Dotan.’” Enti, Yosef tii ne nuanom no, kɔtoo wɔn wɔ Dotan hɔ.
18 Thấy Giô-sép còn ở đàng xa, các anh đã âm mưu giết cậu.
Ɛberɛ a Yosef fitiiɛ no, wɔhunuu no wɔ akyirikyiri sɛ ɔreba. Ansa na ɔreduru wɔn nkyɛn no, wɔbɔɔ ne ho pɔ sɛ wɔbɛkum no.
19 Họ bàn tính với nhau: “Kìa, thằng chuyên nằm mộng sắp đến đây.
Wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Monhwɛ! Ɔdaeɛsofoɔ no na ɔreba no!
20 Ta hãy giết nó đi, vứt xác dưới đáy giếng, và báo cho cha rằng nó bị cọp ăn, để xem các giấc mộng của nó có thành không.”
Mommra seesei ara, na yɛnkum no, na yɛnto no ntwene amena no bi mu, na yɛnkɔka nkyerɛ yɛn agya sɛ, aboa bi akye no awe, na yɛnhwɛ sɛ biribi bɛfiri ne daeɛ ahodoɔ no mu aba anaa.”
21 Ru-bên muốn cứu Giô-sép, ông liền bàn ra: “Đừng giết nó!
Ruben a ɔyɛ wɔn nua panin tee saa asɛm yi no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛgye Yosef nkwa. Ɔkaa sɛ, “Mommma yɛnkum no.
22 Đổ máu nó ra làm chi? Chỉ cần quăng nó vào giếng cạn là nó chết rồi.” Thật ra, Ru-bên lập mưu cứu Giô-sép để đưa nó về với cha an toàn.
Monnhwie mogya ngu. Momma yɛnto no ntwene amena a ɛwɔ ɛserɛ yi so no bi mu. Na mommma yɛmfa yɛn nsa nka no.” Ruben kaa saa asɛm yi de gyee no firii wɔn nsam, sɛdeɛ ɔbɛnya ɛkwan de no akɔhyɛ wɔn agya nsa.
23 Giô-sép vừa đến nơi, các anh xúm nhau lột chiếc áo choàng sặc sỡ
Yosef bɛduruu ne nuammarimanom no nkyɛn no, wɔworɔɔ ne batakari fɛfɛ a ɛhyɛ no no.
24 và quăng Giô-sép vào một cái giếng cạn, không có một giọt nước.
Afei, wɔtoo no twenee amena bi mu. Saa amena no, na nsuo biara nni mu.
25 Khi các anh của Giô-sép đang ngồi ăn, họ chợt thấy một đoàn lái buôn A-rập cỡi lạc đà chở nhũ hương, dầu thơm, và nhựa thơm từ xứ Ga-la-át thẳng tiến xuống Ai Cập.
Afei, ɛberɛ a anuanom no tenaa ase sɛ wɔredidi no, wɔtoo wɔn ani hunuu sɛ nyoma bebree sa so reba faako a na wɔrebɛdidi hɔ no. Wɔhunuu sɛ saa nkurɔfoɔ no yɛ Ismaelfoɔ adwadifoɔ bi a wɔsoso hyehwam, akyenkyennuro ne kurobo a wɔde firi Gilead rekɔtɔn no wɔ Misraim asase so.
26 Giu-đa đề nghị: “Đem bán nó đi cho bọn lái buôn A-rập là lợi nhất,
Yuda ka kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Sɛ yɛkum yɛn nua yi, kata ne mogya so a, ɛdeɛn mfasoɔ na yɛbɛnya.
27 chứ giết nó, rồi tìm cách phi tang khéo đến mấy cũng chẳng ích gì. Anh em đừng giết nó, vì nó là đứa em ruột thịt của chúng ta.” Họ đều chấp thuận đề nghị ấy.
Momma yɛnyi no, na yɛntɔn no mma Ismaelfoɔ adwadifoɔ yi, sene sɛ yɛbɛkum no. Ɛkɔsi sɛn ara a, ɔyɛ yɛn nua kumaa a ɔyɛ yɛn busuani.” Ne nuanom mmarima no penee nʼadebisa no so.
28 Khi các lái buôn A-rập đến nơi, họ kéo Giô-sép lên khỏi giếng và bán em cho người A-rập được hai mươi lạng bạc. Giô-sép bị đem xuống Ai Cập.
Ɛberɛ a Midian adwadifoɔ no bɛduru hɔ no, Yosef nuanom no yii no firii amena no mu, tɔn no gyee dwetɛ gram ahanu aduonu nwɔtwe maa Ismaelfoɔ no, maa wɔde no kɔɔ Misraim.
29 Ru-bên không hay biết vụ bán em, nên quay lại giếng cạn tìm Giô-sép.
Ruben sane nʼakyi baa amena no ho, na ɔhunuu sɛ Yosef nni amena no mu no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu.
30 Không thấy em đâu cả, Ru-bên thất vọng, xé áo, và chạy đến bảo các em: “Đứa bé mất tích rồi. Biết làm sao bây giờ.”
Ɔkɔɔ ne nuammarimanom no hɔ, kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Abarimaa no nni hɔ oo! Enti, seesei menyɛ me ho dɛn ni!”
31 Các anh em giết một con dê, nhúng áo choàng của Giô-sép vào máu,
Afei, anuanom no faa Yosef batakari no, kumm abirekyie, de batakari no nuu ne mogya no mu.
32 rồi gửi áo về cho cha với lời nhắn: “Chúng con tìm được chiếc áo này. Xin cha xem có phải áo của Giô-sép không?”
Wɔde Yosef batakari fɛfɛ no kɔɔ wɔn agya nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛhunuu saa atadeɛ yi wɔ wura mu hɔ baabi. Hwɛ sɛ ɛyɛ Yosef atadeɛ anaa?”
33 Gia-cốp nhận ra áo của con nên than rằng: “Đúng là áo của con ta. Một con thú dữ đã xé xác và ăn thịt nó rồi. Giô-sép chắc chắn đã bị xé ra từng mảnh rồi!”
Wɔn agya hunuiɛ ampa, kaa sɛ, “Nokorɛ, ɛyɛ me ba Yosef atadeɛ! Aboa bi akye no awe. Ampa ara sɛ, aboa ko no atete Yosef ɛnam pasaa.”
34 Gia-cốp xé áo xống, mặc bao gai, và để tang cho con mình một thời gian dài.
Na Yakob sunsuanee ne ntadeɛ mu, hyɛɛ ayitadeɛ, suu ne ba no nna bebree.
35 Các con trai và con gái cố gắng an ủi cha, nhưng ông gạt đi: “Không! Cha cứ khóc nó cho đến ngày xuôi tay nhắm mắt.” Gia-cốp thương tiếc Giô-sép vô cùng. (Sheol h7585)
Ne mmammarima ne ne mmammaa nyinaa bɛtwaa ne ho hyiaeɛ, kyekyeree ne werɛ, nanso ankɔsi hwee. Yakob kaa sɛ, “Dabi, mede awerɛhoɔ bɛwu akɔto me ba no asamando.” Enti, nʼagya Yakob suu no. (Sheol h7585)
36 Trong khi đó, bọn lái buôn A-rập xuống Ai Cập, và họ bán Giô-sép cho Phô-ti-pha, viên quan chỉ huy đoàn thị vệ của Pha-ra-ôn, vua Ai Cập.
Deɛ ɛbaeɛ ne sɛ, Midianfoɔ no nso kɔtɔn Yosef maa Potifar wɔ Misraim. Saa Potifar no na ɔyɛ ɔhene Farao dabehene ne nʼawɛmfoɔ so panin.

< Sáng Thế 37 >