< ज़बूर 12 >

1 ऐ ख़ुदावन्द! बचा ले क्यूँकि कोई दीनदार नहीं रहा और अमानत दार लोग बनी आदम में से मिट गये।
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no wɔ “Seminit” sankuo nne so. Dawid dwom. Boa yɛn, Awurade, na nyamesurofoɔ asa; nokwafoɔ ayera wɔ nnipa mu.
2 वह अपने अपने पड़ोसी से झूठ बोलते हैं वह ख़ुशामदी लबों से दो रंगी बातें करते हैं
Obiara di atorɔ kyerɛ ne yɔnko; wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm.
3 ख़ुदावन्द सब ख़ुशामदी लबों को और बड़े बोल बोलने वाली ज़बान को काट डालेगा।
Ma Awurade ntwa nnaadaa ano ne tɛkrɛma biara a ɛhoahoa ne ho ntwene;
4 वह कहते हैं, “हम अपनी ज़बान से जीतेंगे, हमारे होंट हमारे ही हैं; हमारा मालिक कौन है?”
wɔn a wɔse, “Yɛde yɛn tɛkrɛma bɛdi nkonim; yɛn ano yɛ yɛn dea, na hwan ne yɛn wura?”
5 ग़रीबों की तबाही और ग़रीबों कीआह की वजह से, ख़ुदावन्द फ़रमाता है, कि अब मैं उठूँगा और जिस पर वह फुंकारते हैं उसे अम्न — ओ — अमान में रख्खूँगा।
“Esiane nhyɛ a wɔde hyɛ mmɔborɔni no ne ohiani apenesie no enti, mɛsɔre afei,” Awurade na ɔseɛ. “Mɛbɔ wɔn ho ban afiri wɔn a wɔha wɔn ho.”
6 ख़ुदावन्द का कलाम पाक है, उस चाँदी की तरह जो भट्टी में मिट्टी पर ताई गई, और सात बार साफ़ की गई हो।
Awurade asɛm yɛ nokorɛ te sɛ dwetɛ a wɔasɔne so wɔ fononoo mu, na wɔahoa ho mprɛnson.
7 तू ही ऐ ख़ुदावन्द उनकी हिफ़ाज़त करेगा, तू ही उनको इस नसल से हमेशा तक बचाए रखेगा।
Ao Awurade, wobɛkora yɛn na woabɔ yɛn ho ban afebɔɔ afiri saa abɔnefoɔ yi ho,
8 जब बनी आदम में पाजीपन की क़द्र होती है, तो शरीर हर तरफ़ चलते फिरते हैं।
abɔnefoɔ a wɔnenam sɛdeɛ wɔpɛ ɛberɛ a adasamma de anidie ma afideɛ.

< ज़बूर 12 >