< आमाल 10 >

1 क़ैसरिया शहर में कुर्नेलियुस नाम एक शख़्स था। वह सौ फ़ौजियोंका सूबेदार था, जो अतालियानी कहलाती है।
Ɔbarima bi tenaa Kaesarea a ne din de Kornelio. Na ɔyɛ Roma asraafo bi a wɔn din de Italia Asraafodɔm no so panyin.
2 वो दीनदार था, और अपने सारे घराने समेत ख़ुदा से डरता था, और यहूदियों को बहुत ख़ैरात देता और हर वक़्त ख़ुदा से दुआ करता था
Na ɔne ne fifo nyinaa yɛ Nyamesurofo. Ɔyɛ obi a na ɔboa ahiafo na daa ɔbɔ mpae nso.
3 उस ने तीसरे पहर के क़रीब रोया में साफ़ साफ़ देखा कि ख़ुदा का फ़रिश्ता मेरे पास आकर कहता है, “कुर्नेलियुस!”
Da bi awia bɛyɛ nnɔnabiɛsa na ohuu Onyankopɔn bɔfo wɔ anisoadehu mu se waba ne nkyɛn abɛfrɛ no se, “Kornelio!”
4 उसने उस को ग़ौर से देखा और डर कर कहा ख़ुदावन्द क्या है? उस ने उस से कहा, तेरी दु'आएँ और तेरी ख़ैरात यादगारी के लिए ख़ुदा के हुज़ूर पहुँची।
Kornelio de hu hwɛɛ no dinn. Obisae se, “Ɛyɛ dɛn Awurade?” Ɔbɔfo no buae se, “Wo mpae ne wʼadɔe a woyɛ ahiafo no adu Onyankopɔn anim sɛ nkae ade.
5 अब याफ़ा में आदमी भेजकर शमौन को जो पतरस कहलाता है, बुलवा ले।
Soma nnipa na wɔnkɔ Yopa nkɔfa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon Petro mmra.
6 वो शमौन दब्बाग़ के यहाँ मेहमान है, जिसका घर समुन्दर के किनारे है।
Ɔte ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔhyɛ mmoa nhoma aduru a ne fi bɛn mpoano no nkyɛn.”
7 और जब वो फ़रिश्ता चला गया जिस ने उस से बातें की थी, तो उस ने दो नौकरों को और उन में से जो उसके पास हाज़िर रहा करते थे, एक दीनदार सिपाही को बुलाया।
Ɔbɔfo no kasa kyerɛɛ no wiee a ɔkɔe no, Kornelio frɛɛ nʼasomfo baanu, san frɛɛ nʼasraafo no mu baako a ɔyɛ Onyamesuroni kaa wɔn ho,
8 और सब बातें उन से बयान कर के उन्हें याफ़ा में भेजा।
kaa biribiara a wahu no kyerɛɛ wɔn somaa wɔn Yopa.
9 दूसरे दिन जब वो राह में थे, और शहर के नज़दीक पहुँचे तो पतरस दोपहर के क़रीब छत पर दुआ करने को चढ़ा।
Ade kyee a wɔrekɔ no, ɛbɛyɛ owigyinae a wɔrebɛn kurow no na Petro kɔɔ ɔdan a ɔte mu no atifi kɔbɔɔ mpae.
10 और उसे भूख लगी, और कुछ खाना चहता था, लेकिन जब लोग तैयारी कर रहे थे, तो उस पर बेख़ुदी छा गई।
Saa bere no, na ɔkɔm de no a wogu so reyɛ aduan ama no na ɔkɔɔ tebea bi a ɛte sɛ adaeso mu.
11 और उस ने देखा कि आस्मान खुल गया और एक चीज़ बड़ी चादर की तरह चारों कोनों से लटकती हुई ज़मीन की तरफ़ उतर रही है।
Ohuu sɛ ɔsoro abue na biribi a ɛte sɛ ntama kɛse a wɔakyekyere fi ɔsoro afanan resian ba fam.
12 जिसमें ज़मीन के सब क़िस्म के चौपाए, कीड़े मकोड़े और हवा के परिन्दे हैं।
Na ntɔteboa ahorow ne mmoa a wɔwea ne wuram nnomaa ahyɛ saa ntama no ma.
13 और उसे एक आवाज़ आई कि ऐ पतरस, “उठ ज़बह कर और खा,”
Afei nne bi ka kyerɛɛ no se, “Petro, sɔre na kum bi we!”
14 मगर पतरस ने कहा, “ऐ ख़ुदावन्द हरगिज़ नहीं क्यूँकि में ने कभी कोई हराम या नापाक चीज़ नहीं खाई।”
Petro buae se, “Dabi da, Awurade, minnii biribiara a ɛho ntew da.”
15 फिर दूसरी बार उसे आवाज़ आई, कि “जिनको ख़ुदा ने पाक ठहराया है तू उन्हें हराम न कह”
Nne no ka kyerɛɛ no bio se, “Biribiara a Onyankopɔn atew ho no, nka se ɛho ntew.”
16 तीन बार ऐसा ही हुआ, और फ़ौरन वो चीज़ आसमान पर उठा ली गई।
Saa anisoadehu yi baa mprɛnsa. Afei ntama no san kɔɔ ɔsoro.
17 जब पतरस अपने दिल में हैरान हो रहा था, कि ये रोया जो में ने देखी क्या है, तो देखो वो आदमी जिन्हें कुर्नेलियुस ने भेजा था, शमौन के घर पूछ कर के दरवाज़े पर आ खड़े हुए।
Saa bere a na Petro redwinnwen anisoadehu no ho no, nnipa a Kornelio somaa wɔn no koduu Petro abobow ano.
18 और पुकार कर पूछने लगे कि शमौन जो पतरस कहलाता है? “यही मेहमान है।”
Wɔfrɛ bisae se, “Saa ofi yi mu na Simon Petro te no ana?”
19 जब पतरस उस ख़्वाब को सोच रहा था, तो रूह ने उस से कहा देख तीन आदमी तुझे पूछ रहे हैं।
Petro gu so redwinnwen anisoadehu no ho no, Honhom Kronkron ka kyerɛɛ no se, “Simon, mmarima baasa bi rehwehwɛ wo.
20 पस, उठ कर नीचे जा और बे — खटके उनके साथ हो ले; क्यूँकि मैं ने ही उनको भेजा है।
Sian si fam. Ntwentwɛn wo nan ase na wo ne wɔn nkɔ, efisɛ me na masoma wɔn.”
21 पतरस ने उतर कर उन आदमियों से कहा, “देखो जिसको तुम पूछते हो वो मैं ही हूँ तुम किस वजह से आये हो।”
Petro sian kɔɔ fam kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mene onipa a morehwehwɛ no no, na mo amanneɛ?”
22 उन्होंने कहा, “कुर्नेलियुस सूबेदार जो रास्तबाज़ और ख़ुदा तरस आदमी और यहूदियों की सारी क़ौम में नेक नाम है उस ने पाक फ़रिश्ते से हिदायत पाई कि तुझे अपने घर बुलाकर तुझ से कलाम सुने।”
Nnipa no buaa no se, “Yefi asraafo panyin Kornelio nkyɛn. Ɔyɛ ɔtreneeni ne Onyamesuroni a Yudafo nyinaa bu no. Onyankopɔn bɔfo ka kyerɛɛ no se ɔnsoma mfrɛ wo mmra ne fi na ontie asɛm bi mfi wo nkyɛn.”
23 पस उस ने उन्हें अन्दर बुला कर उनकी मेहमानी की, और दूसरे दिन वो उठ कर उनके साथ रवाना हुआ, और याफ़ा में से कुछ भाई उसके साथ हो लिए।
Petro gyee nnipa no, som wɔn hɔho. Ade kyee no, Petro ne nnipa no ne agyidifo bi a wofi Yopa bɔɔ anan kɔe.
24 वो दूसरे रोज़ क़ैसरिया में दाख़िल हुए, और कुर्नेलियुस अपने रिश्तेदारों और दिली दोस्तों को जमा कर के उनकी राह देख रहा था।
Ade kyee a oduu Kaesarea no, na Kornelio afrɛfrɛ nʼabusuafo ne ne nnamfonom ahyia retwɛn no.
25 जब पतरस अन्दर आने लगा तो ऐसा हुआ कि कुर्नेलियुस ने उसका इस्तक़बाल किया और उसके क़दमों में गिर कर सिज्दा किया।
Petro reyɛ awura fie hɔ no, Kornelio hyiaa no, buu no nkotodwe.
26 लेकिन पतरस ने उसे उठा कर कहा, “खड़ा हो, मैं भी तो इंसान हूँ।”
Nanso Petro ka kyerɛɛ no se, “Sɔre, efisɛ me nso meyɛ onipa sɛ wo ara.”
27 और उससे बातें करता हुआ अन्दर गया और बहुत से लोगों को इकट्ठा पा कर।
Petro ne Kornelio gu so rekasa no, wowuraa ofi no mu kɔtoo nnipa bebree.
28 उनसे कहा तुम तो जानते हो कि यहूदी को ग़ैर क़ौम वाले से सोहबत रखना या उसके यहाँ जाना ना जायज़ है मगर ख़ुदा ने मुझ पर ज़ाहिर किया कि मैं किसी आदमी को नजिस या नापाक न कहूँ।
Petro ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo ara munim pefee sɛ Yudafo mmara mma Yudani kwan sɛ ɔkɔsra amanamanmuni anaasɛ ɔde ne ho bɔ no. Nanso Onyankopɔn akyerɛ me sɛ, ɛnsɛ sɛ meka sɛ onipa bi ho ntew.
29 इसी लिए जब मैं बुलाया गया तो बे' उज़्र चला आया, पस अब मैं पूछता हूँ कि मुझे किस बात के लिए बुलाया है?
Eyi nti na mosoma bɛfrɛɛ me no mantwentwɛn me nan ase no. Afei kyerɛ me nea enti a wosoma bɛfrɛɛ me no.”
30 कुर्नेलियुस ने कहा “इस वक़्त पूरे चार रोज़ हुए कि मैं अपने घर तीसरे पहर दुआ कर रहा था। और क्या देखता हूँ। कि एक शख़्स चमकदार पोशाक पहने हुए मेरे सामने खड़ा हुआ।”
Kornelio kae se, “Nnɛ ne nnaanan awia nnɔnabiɛsa a merebɔ mpae wɔ me fi no, mihuu sɛ ɔbarima bi a ɔhyɛ atade a ɛhyerɛn gyina mʼanim.
31 और कहा कि ऐ'कुर्नेलियुस तेरी दुआ सुन ली गई और तेरी ख़ैरात की ख़ुदा के हुज़ूर याद हुई।
Ɔkae se, ‘Kornelio, wo mpaebɔ ne wʼadɔe a woyɛ ahiafo no adu Onyankopɔn anim sɛ nkae ade.
32 पस किसी को याफ़ा में भेज कर शमौन को जो पतरस कहलाता है अपने पास बुला, वो समुन्दर के किनारे शमौन दब्बाग़ के घर में मेहमान है।
Soma nnipa na wɔnkɔ Yopa nkɔfa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon Petro no mmra. Ɔte ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔhyɛ mmoa nhoma aduru a ne fi bɛn mpoano no nkyɛn.’
33 पस उसी दम में ने तेरे पास आदमी भेजे और तूने ख़ूब किया जो आ गया, अब हम सब ख़ुदा के हुज़ूर हाज़िर हैं ताकि जो कुछ ख़ुदावन्द ने फ़रमाया है उसे सुनें।
Mesoma ma wɔbɛfrɛɛ wo, na wo nso woayɛ ade sɛ woaba. Mprempren, yɛn nyinaa ahyia wɔ Onyankopɔn din mu rebetie asɛm biara a Awurade ahyɛ wo sɛ ka kyerɛ yɛn no.”
34 पतरस ने ज़बान खोल कर कहा, अब मुझे पूरा यक़ीन हो गया कि ख़ुदा किसी का तरफ़दार नहीं।
Petro fii ase kasae se, “Afei mahu sɛ ɛyɛ nokware sɛ Onyankopɔn nyɛ nyiyimu,
35 बल्कि हर क़ौम में जो उस से डरता और रास्तबाज़ी करता है, वो उसको पसन्द आता है।
na mmom ɔman biara mu, nea ɔyɛ ade trenee no ogye no.
36 जो कलाम उस ने बनी इस्राईल के पास भेजा, जब कि ईसा मसीह के ज़रिए जो सब का ख़ुदा है, सुलह की ख़ुशख़बरी दी।
Munim asɛmpa a ɛfa asomdwoe ho a ɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ nnipa nyinaa Awurade no so de brɛɛ Israelfo no.
37 इस बात को तुम जानते हो जो यूहन्ना के बपतिस्मे की मनादी के बाद गलील से शुरू होकर तमाम यहूदिया सूबा में मशहूर हो गई।
Munim nsɛm a esisii wɔ Yudea, a efii ase wɔ Galilea, Yohane asubɔ ho asɛnka no akyi.
38 कि ख़ुदा ने ईसा नासरी को रूह — उल — क़ुद्दूस और क़ुदरत से किस तरह मसह किया, वो भलाई करता और उन सब को जो इब्लीस के हाथ से ज़ुल्म उठाते थे शिफ़ा देता फिरा, क्यूँकि ख़ुदा उसके साथ था।
Munim sɛnea Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi maa Yesu Nasareni no. Esiane sɛ Onyankopɔn ka ne ho no nti ɔkɔɔ mmeaemmeae, yɛɛ papa, saa wɔn a ɔbonsam afa wɔn no yare.
39 और हम उन सब कामों के गवाह हैं, जो उस ने यहूदियों के मुल्क और येरूशलेम में किए, और उन्हों ने उस को सलीब पर लटका कर मार डाला।
“Yɛyɛ dwuma a odii wɔ Yudaman mu ne Yerusalem no ho nnansefo. Wɔbɔɔ no asennua mu kum no.
40 उस को ख़ुदा ने तीसरे दिन जिलाया और ज़ाहिर भी कर दिया।
Nanso ne nnansa so no, Onyankopɔn ma ɔsɔre fii awufo mu ma okoyii ne ho adi.
41 न कि सारी उम्मत पर बल्कि उन गवाहों पर जो आगे से ख़ुदा के चुने हुए थे, या'नी हम पर जिन्हों ने उसके मुर्दों में से जी उठने कि बाद उसके साथ खाया पिया।
Wanyi ne ho adi ankyerɛ nnipa nyinaa sɛ yɛn a yɛyɛ nnansefo a Onyankopɔn ayi yɛn dedaw no. Ɔsɔre fii awufo mu no, yɛne no didi nomee.
42 और उस ने हमें हुक्म दिया कि उम्मत में ऐलान करो और गवाही दो कि ये वही है जो ख़ुदा की तरफ़ से ज़िन्दों और मुर्दों का मुन्सिफ़ मुक़र्रर किया गया।
Na ɔhyɛɛ yɛn sɛ, yɛnka asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa, na yenni ne ho adanse sɛ, ɔno ne nea Onyankopɔn ayi no asi hɔ sɛ ommu ateasefo ne awufo atɛn no.
43 इस शख़्स की सब नबी गवाही देते हैं, कि जो कोई उस पर ईमान लाएगा, उस के नाम से गुनाहों की मु'आफ़ी हासिल करेगा।
Adiyifo nyinaa kaa ne ho asɛm se, wɔnam ne din so de obiara a ogye no di no bɔne bɛkyɛ no.”
44 पतरस ये बातें कह ही रहा था, कि रूह — उल — क़ुद्दूस उन सब पर नाज़िल हुआ, जो कलाम सुन रहे थे।
Petro gu so rekasa no, Honhom Kronkron baa wɔn a wɔretie asɛm no nyinaa so.
45 और पतरस के साथ जितने मख़्तून ईमानदार आए थे, वो सब हैरान हुए कि ग़ैर क़ौमों पर भी रूह — उल — क़ुद्दूस की बख़्शिश जारी हुई।
Yudafo agyidifo a wɔne Petro fi Yopa bae no ho dwiriw wɔn sɛ Onyankopɔn ahwie nʼakyɛde a ɛyɛ Honhom Kronkron no agu amanamanmufo no nso so.
46 क्यूँकि उन्हें तरह तरह की ज़बाने बोलते और ख़ुदा की तारीफ़ करते सुना; पतरस ने जवाब दिया।
Efisɛ wɔtee sɛ wɔreka kasa foforo reyi Onyankopɔn ayɛ wɔ ne kɛseyɛ ho. Petro kae se,
47 “क्या कोई पानी से रोक सकता है, कि बपतिस्मा न पाएँ, जिन्हों ने हमारी तरह रूह — उल — क़ुद्दूस पाया?”
“Saa nnipa yi anya Honhom Kronkron sɛnea yɛn nso yenyaa bi no. Obi betumi asiw wɔn asubɔ ho kwan ana?”
48 और उस ने हुक्म दिया कि उन्हें ईसा मसीह के नाम से बपतिस्मा दिया जाए इस पर उन्हों ने उस से दरख़्वास्त की कि चन्द रोज़ हमारे पास रह।
Petro hyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn asu wɔ Yesu Kristo din mu. Afei wɔsrɛɛ no sɛ onni nna kakra wɔ wɔn nkyɛn.

< आमाल 10 >