< Псалми 28 >

1 Давидів.
Dawid dwom. Wo na misu frɛ wo, Awurade me Botan; nsiw wʼaso wɔ me ho. Sɛ woyɛ komm a, mɛyɛ sɛ wɔn a wɔasian kɔ amoa mu no.
2 Почуй голос блага́ння мого, як я кли́чу до Тебе, коли руки свої я підно́шу до храму святого Твого́!
Tie me mmɔborɔsu bere a mefrɛ wo apɛ mmoa, bere a mema me nsa so kyerɛ wo Tenabea Kronkron hɔ.
3 Не хапай мене з грішними й тими, хто чинить безпра́вство, хто плете́ своїм ближнім про мир, — але зло в їхнім серці!
Mfa me mfra amumɔyɛfo mu ntwe me nkɔ, mfa me nka wɔn a wɔyɛ bɔne no ho. Wɔne wɔn yɔnkonom kasa fɛfɛ, nanso wɔde ɔtan sie wɔn koma mu.
4 Віддай їм за їхнім учинком, і за злом їхніх учинків, згідно з ді́лом їхні́х рук Ти їм дай, верни їм заслу́жене ними,
Twe wɔn aso wɔ nea wɔayɛ no so; wɔn adwuma bɔne no so; tua nea wɔde wɔn nsa ayɛ so ka na fa nea ɛfata wɔn san bra wɔn so.
5 бо вони не вдивля́ються в чинність Господню й діла́ Його рук, — нехай їх поруйнує, й нехай не будує Він їх!
Sɛ wommu nea Awurade ayɛ ne nea ɔde ne nsa ayɛ no nti ɔbɛbrɛ wɔn ase na ɔremma wɔnnsɔre bio.
6 Благослове́нний Господь, — бо Він почув голос блага́ння мого!
Ayeyi nka Awurade, efisɛ watie me mmɔborɔsu.
7 Госпо́дь моя сила та щит мій, на нього наді́ялось серце моє, — й Він мені допоміг, і вті́шилося моє серце, і співом своїм я прославлю Його́!
Awurade ne mʼahoɔden ne me nkatabo me koma wɔ ne mu ahotoso, na ɔboa me. Me koma di ahurusi na mede dwonto bɛda no ase.
8 Господь сила наро́ду Свого́, і за́хист спасі́ння Свого пома́занця!
Awurade yɛ ahoɔden ma ne nkurɔfo; ne nkwagye nsraban ma nea wɔasra no ngo.
9 Спаси Свій наро́д, і поблагослови спадщину Свою, і паси їх, і підно́сь їх навіки!
Gye wo nkurɔfo na hyira wʼagyapade; yɛ wɔn hwɛfo, na wo ne wɔn nnantew afebɔɔ.

< Псалми 28 >