< Псалми 26 >

1 Давидів.
Dawid dwom. Bu me bem, Awurade, efisɛ, mabɔ bra a asɛm nni ho: mede me ho too Awurade so na manhinhim.
2 Перевір мене, Господи, і ви́пробуй мене, перетопи́ мої ни́рки та серце моє,
Sɔ me hwɛ, Awurade, hwehwɛ me koma ne mʼadwene mu.
3 бо перед очима моїми Твоє милосердя, і в правді Твоїй я ходив.
Wʼadɔe wɔ mʼanim daa na mɛnantew wo nokware mu.
4 Не сидів я з людьми́ неправдивими, і не бу́ду ходити з лукавими,
Me ne nnaadaafo ntena na me ne nyaatwomfo nso nni hwee yɛ.
5 я громаду злочи́нців знена́видів, і з грішниками я сидіти не буду.
Mikyi nnebɔneyɛfo guabɔ na mempɛ sɛ me ne amumɔyɛfo tena.
6 Умию в неви́нності руки свої, й обійду́ Твого, Господи, же́ртівника,
Mehohoro me nsa wɔ bembu mu, na mekɔ wʼafɔremuka ho ahyia, Awurade,
7 щоб хвалу́ Тобі го́лосно ви́голосити, та звісти́ти про всі чу́да Твої.
na mepae mu ka wʼayeyi na meka wʼanwonwade nyinaa.
8 Господи, — полюбив я оселю дому Твого́, і місце перебува́ння слави Твоєї.
Mʼani gye ofi a wote mu ho, Awurade, faako a wʼanuonyam wɔ no.
9 Не губи Ти моєї душі з нечестивими, та мого життя з кровоже́рами,
Mfa me kra nka nnebɔneyɛfo de ho nkɔ, ne me nkwa nka mogyapɛfo de ho,
10 що в руках їх злоді́йство, що їхня прави́ця напо́внена пі́дкупом.
wɔn a amumɔyɛ nhyehyɛe wɔ wɔn nsam na adanmude ayɛ wɔn nsa nifa ma.
11 А я бу́ду ходити в своїй непоро́чності, — визволь мене та помилуй мене!
Nanso mebɔ ɔbra a ho tew; hu me mmɔbɔ na gye me nkwa.
12 Нога моя стала на рівному місці, — на збо́рах я благословля́тиму Господа!
Mʼanan sisi asase tamaa so; na guabɔ kɛse ase na mɛkamfo Awurade.

< Псалми 26 >