< Дії 3 >
1 А Петро та Іван на дев'яту годину молитви йшли ра́зом у храм.
Ɛda bi Petro ne Yohane kɔɔ asɔredan mu awia nnɔnmiɛnsa a ɛyɛ ɛberɛ a wɔde bɔ mpaeɛ.
2 І не́сено там чоловіка одно́го, що кривий був з утро́би своєї матері. Його садови́ли щоденно в воро́тях храму, що Красними звалися, просити ми́лостині від тих, хто до храму йшов.
Wɔreyɛ aduru asɔredan ɛpono a wɔfrɛ no Ɛpono Fɛɛfɛ ano no, wɔhunuu obubuafoɔ bi sɛ ɔda hɔ. Na wɔsoa saa obubuafoɔ yi de no bɛto ɛpono yi ano da biara ma ɔsrɛsrɛ sika firi wɔn a wɔrekɔ asɔredan no mu no nkyɛn.
3 Як побачив же він, що Петро та Іван хочуть у храм увійти, став просити в них милостині.
Ɛberɛ a ɔhunuu sɛ Petro ne Yohane rekɔ mu no, ɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔmma no biribi.
4 Петро ж із Іваном поглянув на нього й сказав: „Подивися на нас!“
Wɔhwɛɛ nʼanim dinn na Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ yɛn!”
5 І той подивився на них, сподіваючися щось дістати від них.
Ɔhwɛɛ wɔn susuu sɛ wɔbɛma no biribi.
6 Та промовив Петро: „Срібла й золота в мене нема, але що я маю, даю тобі: У Ім'я́ Ісуса Христа Назаряни́на — устань та й ходи!“
Nanso, Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sika de, menni bi; na deɛ mewɔ a mede bɛma wo ne sɛ, Yesu Kristo Nasareni din mu, sɔre nante!”
7 І, узявши його за прави́цю, він підвів його. І хвилі тієї зміцни́лися но́ги й сугло́бці його!
Afei, Petro de ne nsa nifa sɔɔ ne mu maa ne so gyinaa hɔ. Prɛko pɛ, ne nan no mu yɛɛ den.
8 І, зірвавшись, він устав та й ходив, і з ними у храм увійшов, ходячи та підскакуючи, і хвалячи Бога!
Ɔhuri gyinaa ne nan so, na ɔhyɛɛ aseɛ nanteeɛ. Afei, ɔne wɔn nyinaa kɔɔ asɔredan no mu a ɔrehurihuri, rekamfo Onyankopɔn.
9 Наро́д же ввесь бачив, як ходив він та Бога хвалив.
Nnipa no nyinaa hunuu no sɛ ɔnam reyi Onyankopɔn ayɛ.
10 І пізнали його, що це той, що при Красних воро́тях храму сидів ради милостині. І вони перепо́внились жа́хом та по́дивом із того, що́ сталось йому!
Wɔhunuu no no, wohunuu sɛ ɔno ne ɔdesrɛni a na ɔda asɔredan ɛpono a wɔfrɛ no Ɛpono Fɛɛfɛ no ano no, wɔn ho dwirii wɔn.
11 А тому́, що тримався він Петра та Івана, увесь наро́д зачудований збігся до них на той ґанок, який Соломоновим зветься.
Ɛberɛ a nnipa no hunuu sɛ ɔbarima no ne Petro ne Yohane nam no, wɔn ho dwirii wɔn; enti wɔtuu mmirika kɔɔ wɔn nkyɛn, wɔ baabi a wɔfrɛ no Salomo Abrannaa no so hɔ.
12 І, побачивши це, промовив Петро до наро́ду: „Мужі ізраїльські! Чого ви дивуєтесь цим, та чого ви на нас позира́єте так, ніби те, що він ходить, ми зробили своєю силою чи благоче́стям?
Ɛberɛ a Petro hunuu nnipadɔm no no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Israelfoɔ, adɛn na yei yɛ mo nwanwa? Adɛn enti na mohwɛ yɛn, susu sɛ yɛnam yɛn tumi anaa yɛn som pa so na asa ɔbarima yi yadeɛ?
13 „Бог Авраамів, та Ісаків, та Яковів, Бог наших батьків, Сина Свого прославив“, Ісуса, Якого ви ви́дали, і відцуралися перед Пилатом, як він присудив був пустити Його.
Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn ne yɛn nananom Onyankopɔn ama ne ɔsomfoɔ Yesu ɔsoro animuonyam. Mode no maa atumfoɔ; na ɛberɛ a Pilato yɛɛ sɛ ɔbɛgyaa no no mpo, mopoo no wɔ nʼanim.
14 Але ви відцура́лись Святого та Праведного, і домагалися видати вам душогубця.
Na ɔyɛ Kronkron, ɔtene; nanso mopoo no na mosrɛɛ Pilato sɛ ɔmfa odwotwafoɔ mma mo.
15 Начальника ж життя ви забили, та Його воскресив Бог із мертвих, чого свідками — ми!
Enti, mokumm obi a ɔgye nnipa kɔ nkwa mu. Nanso, Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu na yɛyɛ yei ho adansefoɔ.
16 І через віру в Ім'я́ Його вздоро́вило Ім'я́ Його того, кого бачите й знаєте. І віра, що від Нього, прине́сла йому вздоро́влення це перед вами всіма́.
Tumi a ɛwɔ ne din mu no na ɛmaa saa obubuafoɔ yi nyaa ahoɔden. Gyidie a yɛwɔ wɔ ne din mu no na ɛmaa yɛtumi yɛɛ saa anwanwadeɛ a mohunu yi. Gyidie a yɛwɔ wɔ Yesu din mu no na ama ne ho atɔ no a ɔgyina mo anim seesei yi.
17 А тепер, браття, знаю, що вчинили ви це з несвідо́мости, як і ваші начальники.
“Afei, me nuanom, menim sɛ deɛ mo ne mo mpanimfoɔ yɛɛ Yesu no, na ɔnim na monnim.
18 А Бог учинив так, як Він провіщав був уста́ми Своїх усіх пророків, щоб терпіти Христові.
Tete no, Onyankopɔn nam nʼadiyifoɔ so kaa sɛ Agyenkwa no bɛhunu amane. Na ɔnam saa ɛkwan yi so maa ɛbaa mu.
19 Покайтеся ж та наверні́ться, щоб Він змилувався над вашими гріхами,
Monnu mo ho na monni Onyankopɔn akyi, na ɔde mo bɔne akyɛ mo,
20 щоб часи́ відпочинку прийшли від обличчя Господнього, і щоб послав запові́дженого вам Ісуса Христа,
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Awurade Honhom mu ahoɔden bɛba na wasoma Yesu a ɔyɛ Agyenkwa no a wayi no ama mo dada no.
21 що Його небо мусить прийняти аж до ча́су відно́влення всього, про що провіщав Бог від віку устами всіх святих пророків Своїх! (aiōn )
Sɛdeɛ Onyankopɔn nam nʼadiyifoɔ kronkron so aka dada no, ɛsɛ sɛ ɔtena ɔsoro kɔsi sɛ nneɛma nyinaa bɛyɛ foforɔ. (aiōn )
22 Бо Мойсей провіща́в: „Господь Бог вам Пророка піді́йме від ваших братів, як мене; у всім Його слухайтеся, про що тільки Він вам говоритиме!“
Na Mose kaa sɛ, ‘Awurade, mo Onyankopɔn bɛsoma odiyifoɔ aba mo nkyɛn sɛdeɛ ɔsomaa me a mefiri mo mu no. Ɛsɛ sɛ motie asɛm biara a ɔbɛka akyerɛ mo.
23 „І станеться, що кожна душа, яка не послухала б того Пророка, зни́щена буде з наро́ду“.
Obiara a wantie deɛ odiyifoɔ no bɛka no, wɔbɛyi no afiri Onyankopɔn nkurɔfoɔ ho na wɔasɛe no.’
24 Так само всі пророки від Самуї́ла й наступних, скільки їх говорило, також провіщали ці дні.
“Samuel ne adiyifoɔ a akyire no wɔbaeɛ no nyinaa nso aka asɛm a asi ɛnnɛ yi ho asɛm pɛn.
25 Сини ви пророків і того заповіту, що Бог вашим батька́м заповів, промовляючи до Авраама: „І в насінні твоїм усі народи землі благосло́влені будуть!“
Onyankopɔn bɔ a ɔnam adiyifoɔ so hyɛeɛ no yɛ mo dea. Saa ara nso na mowɔ kyɛfa wɔ apam a Onyankopɔn ne mo agyanom pameeɛ no mu. Sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ, ‘Wʼasefoɔ so na menam mɛhyira ewiasefoɔ nyinaa.’
26 Воскресивши Свого Слугу, Бог послав Його перше до вас, щоб вас поблагослови́ти, щоб кожен із вас відвернувся від злих своїх учинків!“
Enti, Onyankopɔn dii ɛkan yii ne ɔsomfoɔ somaa no baa mo nkyɛn sɛ ɔmmɛdom mo na mo nyinaa nnane mfiri mo akwammɔne no so.”