< 2 царів 12 >
1 Сьомого року Єгу зацарював Єгоаш, і сорок років царював він в Єрусалимі. А ім'я́ його матері — Ців'я, з Беер-Шеви.
Ɔhene Yehu adedie wɔ Israel no mfeɛ nson so, na Yoas nso dii adeɛ wɔ Yuda. Ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem mfeɛ aduanan. Na ne maame Sibia firi Beer-Seba.
2 І робив Єгоаш угодне в Господніх оча́х по всі дні, коли вказував йому священик Єгояда.
Yoas asetena mu nyinaa, ɔyɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani, ɛfiri sɛ, na ɔsɔfoɔ Yehoiada kyerɛkyerɛ no.
3 Тільки па́гірки не були понищені, — народ ще прино́сив жертви та кадив на па́гірках.
Na Yoas yɛ ɔhene papa a ɔdii nʼagya Asa anammɔn akyi. Ɔyɛɛ adeɛ a ɛsɔ Awurade ani. Nanso, nʼahennie mu no, wantumi ammubu abosonnan enti, nnipa kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ, hyee aduhwam wɔ hɔ.
4 І сказав Єгоаш до священика: „Усе посвячене срібло, що буде вне́сене до Господнього дому, срібло перелічених людей, срібло за душі за вартістю їх, усе срібло, скільки люди́ні спаде́ на серце прине́сти до Господнього дому,
Ɛda bi, ɔhene Yoas ka kyerɛɛ asɔfoɔ no sɛ, “Mommoaboa sika a wɔde ba Awurade asɔredan mu sɛ afɔrebɔdeɛ kronkron no, sɛ ɛyɛ daa daa toɔ tua, aboadeɛ anaa akyɛdeɛ a ɛfiri ɔpɛ mu no.
5 ві́зьмуть собі священики, кожен від знайо́мого свого, і вони зро́блять напра́ву Господнього дому в усьому, що буде зна́йдене там на напра́ву.
Momma asɔfoɔ no mfa sika no bi nkɔtua asɔredan no nsiesie ho ka biara.”
6 І сталося двадцятого й третього року царя Єгоаша, священики не напра́вили ушкодження храму.
Nanso, ɔhene Yoas dii adeɛ mfeɛ aduonu mmiɛnsa no, na asɔfoɔ no nsiesiee Asɔredan no.
7 І покликав цар Єгоаш священика Єгояду й священиків, та й сказав їм: „Чому ви не направля́єте ушкодження храму? А тепер не беріть срібла від ваших знайо́мих, а на напра́ву ушкодження храму віддасте́ його“.
Enti, ɔhene Yoas soma kɔfrɛɛ Yehoiada ne asɔfoɔ a aka no, bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na monsiesiee asɔredan no? Mommfa akyɛdeɛ no nhyɛ mo ho bio. Ɛfiri ɛnnɛ rekɔ, ɛsɛ sɛ mode ne nyinaa siesie asɔredan no.”
8 І погоди́лися священики не брати срібла від народу, і не направля́ти ушкодження храму.
Enti, asɔfoɔ no penee so sɛ wɔrennyegye sika mfiri nnipa no nkyɛn bio. Wɔpenee so nso sɛ, wɔn ankasa rensiesie Asɔredan no.
9 І взяв священик Єгояда одну скриньку, і продовба́в дірку на віку її, і поставив її при же́ртівнику право́руч, як входити до Господнього дому. І давали туди священики, що стерегли́ порога, усе срібло, що прино́силося до Господнього дому.
Na ɔsɔfoɔ Yehoiada tuu tokuro wɔ adaka kɛseɛ bi atifi, de sii afɔrebukyia no nifa so wɔ Awurade Asɔredan no kwan ano. Asɔfoɔ a wɔwɛn ɛkwan no ano no de nnipa no ntoboa nyinaa guu adaka no mu.
10 І бувало, як вони бачили, що намно́жилося те срібло в скрині, то прихо́див царськи́й писар та великий священик, і вони в'язали в мішки та рахували срібло, знайдене в Господньому домі.
Ɛberɛ biara a adaka no bɛyɛ ma no, asɔre twerɛfoɔ ne ɔsɔfopanin no kan sika a wɔde aba Awurade Asɔredan no mu no nyinaa, de gu nkotokuo mu.
11 I давали те перелічене срібло на руки робітника́м праці, поставленим до Господнього дому, а вони давали його те́слям та будівни́чим, що робили в Господньому домі.
Afei, wɔde sika no ma dwumadie hwɛsofoɔ no, ma wɔde tua nnipa a wɔresiesie Awurade Asɔredan no ka, nnua adwumfoɔ, adansifoɔ,
12 І муляра́м, і каменяра́м, і на за́куп де́рева та те́саного каменя, та на направу ушко́дження Господнього дому, та на все, що йшло на храм для направи.
abohyehyɛfoɔ ne abotwafoɔ. Wɔde sika no bi nso tɔ nnua ne aboɔ a wɔatwa, a wɔde bɛsiesie Awurade asɔredan no. Na ɛka biara a ɛba Asɔredan no nsiesie ho no, wɔtua.
13 Тільки не робилися для Господнього дому срібні чаші, ножиці, кропи́льниці, су́рми, усяка річ золота та річ срібна з того срібла, що прино́силося до Господнього дому,
Na wɔamfa sika a wɔde bɛba Asɔredan mu hɔ no anyɛ dwetɛ nkuruwa, nkanea akapɛ, nkyɛnsee akɛseɛ, ntotorobɛnto anaa nneɛma a wɔde sikakɔkɔɔ anaa dwetɛ yɛ ma Awurade Asɔredan no.
14 бо його давали робітника́м праці та направляли ним дім Господній.
Na wɔde tuaa adwumayɛfoɔ no ka, ma wɔde siesiee asɔredan no.
15 І не облічували тих людей, яким давали те срібло до їхніх рук, щоб вони давали робітника́м праці, бо ті робили чесно.
Na adwuma no hwɛfoɔ akontabuo biara ho anhia, ɛfiri sɛ, na wɔyɛ adwumayɛfoɔ nokwafoɔ.
16 Срібло ж жертви за провину та жертов за гріх не вно́силося до Господнього дому, — воно було для священиків.
Nanso, afɔdie ne bɔneyɛ ho afɔrebɔdeɛ no deɛ, na wɔmfa nkɔ Awurade Asɔredan mu hɔ. Na wɔde ma asɔfoɔ no sɛ wɔn kyɛfa.
17 Вийшов тоді Газаїл, сирійський цар, та й воював з Ґатом, — і здобув його. І намірився Газаїл іти на Єрусалим.
Ɛbɛyɛ saa ɛberɛ yi, Aramhene Hasael kɔko tiaa Gat faeɛ. Afei, ɔdanee ne ho kɔto hyɛɛ Yerusalem so.
18 І взяв Єгоаш, Юдин цар, усі святі речі, що присвятили були Йосафа́т, і Єгорам, і Ахазія, батьки́ його, царі Юдині, та святі речі свої, і все золото, що знайшлося в скарбни́цях Господнього дому та дому царсько́го, та й послав Газаїлові, цареві сирійському, — і той відійшов від Єрусалиму...
Ɔhene Yoas boaboaa akronkronneɛ a Yehosafat, Yehoram ne Ahasia a na wɔyɛ Yuda ahemfo a wɔatwam no ato edin ama Awurade ne deɛ ɔno ankasa nso ato edin ama Awurade no nyinaa ano. Ɔde ne nyinaa a sikakɔkɔɔ a ɛwɔ akoraeɛ a ɛwɔ Awurade asɔredan mu hɔ ne ahemfie no ka ho no kɔmaa Aramhene Hasael. Enti, ɛmaa Hasael gyaee to a anka ɔrekɔto ahyɛ Yerusalem soɔ no.
19 А решта діл Йоаша, і все, що́ він зробив, — он вони написані в Книзі Хроніки Юдиних царів.
Nsɛm a ɛsisii wɔ Yoas ahennie mu ne deɛ ɔyɛeɛ no nyinaa, wɔatwerɛ wɔ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
20 І встали його слуги, і вчинили змову, та й забили Йоаша в Бет-Мілло, де йдеться до Сілли.
Nanso, ne mpanimfoɔ pam ne tiri so, kumm no wɔ Bet-Milo ɛkwan a ɛkɔ Sila no so.
21 Йозахар, Шім'атів син, та Єгозавад, Шомерів син, його слуги, забили його, і він помер. І поховали його з батька́ми його в Давидовім Місті, а замість нього зацарював син його Амаці́я.
Awudifoɔ no yɛ Simeat babarima Yosabad ne Somer babarima Yehosabad a na wɔn nyinaa yɛ afotufoɔ nokwafoɔ. Wɔsiee Yoas wɔ nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Amasia na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene foforɔ.