< 2 хроніки 19 >

1 І вернувся Йосафа́т, цар Юдин, із ми́ром до дому свого́ до Єрусалиму.
Bere a ɔhene Yehosafat duu ne fi wɔ Yerusalem asomdwoe mu no,
2 І вийшов перед нього прозорли́вець Єгу, син Ханані, та й сказав до царя Йосафата: „Чи бу́деш допомагати несправедливому, а тих, хто нена́видить Господа, бу́деш любити? І за це на тобі гнів від Господнього лиця.
Hanani babarima Yehu, ɔdehufo no kohyiaa no. Obisaa ɔhene Yehosafat se, “So ɛsɛ wo sɛ woboa amumɔyɛfo, na wodɔ wɔn a wokyi Awurade ana? Nea woayɛ yi nti Awurade abufuw aba wo so.
3 Але й добрі речі знайшлися при тобі, бо ти повигу́блював Аста́рти з Кра́ю, і нахилив своє серце, щоб шукати Господа“.
Nanso ade pa bi wɔ wo mu, efisɛ woatutu Asera nnua a ɛwɔ asase no so nyinaa, na woatu wo ho asi hɔ sɛ wobɛhwehwɛ Onyankopɔn.”
4 І осівся Йосафат в Єрусалимі, і він зно́ву вихо́див між народ від Беер-Шеви аж до Єфремових гір, і наверта́в їх до Господа, Бога їхніх батьків.
Na Yehosafat tenaa Yerusalem. Nanso, otuu kwan fii Beer-Seba kɔɔ Efraim bepɔw asase no so, kɔhyɛɛ nkurɔfo nkuran sɛ, wɔnsan nkɔ Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn no nkyɛn.
5 І понаставля́в він суддів у Краю́, по всіх укрі́плених Юдиних містах, для кожного міста.
Oyiyii atemmufo wɔ nkuropɔn a wɔabɔ ho ban wɔ ɔman no mu nyinaa,
6 І сказав він до суддів: „Дивіться, що́ ви робите, бо не для люди́ни ви судите, але для Господа, і Він з вами в справі суду.
hyɛɛ wɔn se, “Atɛn biara a mubebu no bere biara no, munnwen ho yiye. Monkae sɛ, moremmu atɛn sɛ mode resɔ nnipa ani, na mmom, Awurade a ɔbɛka mo ho biara a ɛbɛba sɛ mubu ho atɛn no ani.
7 А тепер нехай буде Господній страх на вас. Стережіться й робіть, бо нема в Господа, Бога нашого, кривди, ані огляду на особу, ані брання́ дару́нка“.
Munsuro Awurade, na mummu atɛntrenee, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn, kyi ntɛnkyew, nhwɛanim ne kɛtɛasehyɛ.”
8 А також в Єрусалимі понаставля́в Йосафат з Левитів і з священиків та з голів ба́тьківських домів Ізраїля для Господнього су́ду та для супере́чок. І вернулися вони до Єрусалиму.
Na Yehosafat yii Lewifo, asɔfo ne mmusua ntuanofo a wɔwɔ Israel no ma wɔsom sɛ atemmufo wɔ Yerusalem. Na wodi Awurade mmara mu nsɛm ne ofie ntawntaw nsɛm nso.
9 І він наказав їм, говорячи: „Отак чині́ть у страху́ Господньому, вірністю та ці́лим серцем.
Ɔhyɛɛ wɔn se, “Daa, momfa onyamesuro, nokware ne adwene pa nyɛ mo adwuma.
10 А щодо всякої супере́чки, що при́йде до вас від ваших братів, що сидять по містах своїх, де треба розсудити чи то за кров, чи то за Зако́н, чи то за заповідь, устави, чи за права́, то остережете їх, і вони не згрішать Господе́ві, і не буде гніву на вас та на ваших братів. Так робіть, і не згрішите!
Bere biara a asɛm bi a efi mo nkurɔfo a wɔwɔ nkurow yi so bɛba mo anim no, sɛ ɛyɛ awudi anaa Onyankopɔn mmara anaa nʼahyɛde sobu no, mommɔ wɔn kɔkɔ sɛ, wɔnnyɛ bɔne ntia Awurade, sɛnea ɛbɛyɛ a nʼabufuw remma mo ne wɔn so. Monyɛ saa, na morenni fɔ.
11 А ось священик Амарія — голова над вами до всяких Господніх рече́й, а Завадія, син Ізмаїлів, володар Юдиного дому, — до всякої царевої речі, і писарі Левити — перед вами. Будьте міцні й зробіть, — і нехай буде Господь з добрим!“
“Ɔsɔfopanyin Amaria bɛyɛ mo panyin, na ɔkasa a obi nka bi bio wɔ nsɛm a ɛfa Awurade ho nyinaa. Ismael babarima Sebadia nso na otua Yuda abusuakuw ano no. Ɔkasa a, obi nka bi bio wɔ ntawntawsɛm nyinaa mu. Lewifo no na wɔbɛboa mo ama moabu atɛntrenee. Momfa akokoduru nni mo dwuma, na Awurade nka wɔn a wɔyɛ ade trenee ho.”

< 2 хроніки 19 >