< Sefania 3 >
1 Nnome nka nhyɛsofoɔ kuropɔn atuateɛ kuropɔn a ɛho agu fi!
Nnome nka nhyɛsofo kuropɔn atuatew kuropɔn a ho agu fi!
2 Ɔnnyɛ ɔsetie mma obiara ɔnnye nteɛsoɔ biara nto mu. Ɔmfa ne ho nto Awurade so. Ɔntwi mmɛn ne Onyankopɔn.
Ɔnyɛ osetie mma obiara onnye nteɛso biara nto mu. Ɔmfa ne ho nto Awurade so. Ontwiw mmɛn ne Nyankopɔn.
3 Nʼakandifoɔ yɛ agyata a wɔbobɔ mu, ne sodifoɔ yɛ mpataku a wɔnam anadwo, a wɔnnya biribiara mma adekyeɛ.
Nʼakannifo yɛ gyata a wɔbobɔ mu, ne sodifo yɛ mpataku a wɔnam anadwo, a wonnya biribiara mma adekyee.
4 Ne nkɔmhyɛfoɔ yɛ ahantan; wɔyɛ afatwafoɔ. Nʼasɔfoɔ gu kronkronbea ho fi. Wɔnam mmara no so di nsɛmmɔne.
Ne nkɔmhyɛfo yɛ ahantan; wɔyɛ afatwafo. Nʼasɔfo gu kronkronbea ho fi. Wɔnam mmara no so di nsɛmmɔne.
5 Awurade a ɔte ne mu no yɛ ɔteneneeni; ɔnnyɛ mfomsoɔ biara. Adekyeeɛ biara ɔda ne tenenee adi, na ɔnni hwammɔ da, nanso amumuyɛfoɔ deɛ wonnim aniwuo.
Awurade a ɔte ne mu no yɛ ɔtreneeni; ɔnyɛ mfomso biara. Adekyee biara, ɔda ne trenee adi, na onni huammɔ da, nanso amumɔyɛfo de, wonnim aniwu.
6 “Masɛe amanaman; madwiri wɔn abandenden agu. Wɔn mmorɔno so adeda mpan, a obiara ntwa mu hɔ. Wɔaseɛ wɔn nkuropɔn; a obi biara renka.
“Masɛe amanaman; madwiriw wɔn abandennen agu. Wɔn mmorɔn so adeda mpan, a obiara ntwa mu hɔ. Wɔasɛe wɔn nkuropɔn; a obiara renka.
7 Meka kyerɛɛ kuropɔn no sɛ, ‘ampa ara wobɛsuro me na woagye nteɛsoɔ ato mu!’ Na afei ne tenaberɛ rensɛe, na mʼasotwe biara nso remma ne so. Nanso, wɔn ho peree wɔn sɛ wɔbɛkɔso ayɛ bɔne wɔn nneyɛeɛ nyinaa mu.
Meka kyerɛɛ kuropɔn no se, ‘ampa ara wubesuro me na woagye nteɛso ato mu!’ Na afei ne tenabea rensɛe, na mʼasotwe biara nso remma no so. Nanso wɔn ho peree wɔn sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ bɔne, wɔn nneyɛe nyinaa mu.
8 Enti, twɛn me,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “na ɛda no mɛsɔre adi adanseɛ. Mayɛ mʼadwene sɛ mɛboaboa amanaman ne ahennie ano na mahwie mʼabufuo agu wɔn so mʼabufuhyeɛ nyinaa. Me ninkuntwe abufuo ogya mu no, asase nyinaa bɛhye.
Enti twɛn me,” sɛnea Awurade se ni, “na da no mɛsɔre adi adanse. Mayɛ mʼadwene sɛ mɛboaboa amanaman ne ahenni ano na mahwie mʼabufuw agu wɔn so mʼabufuwhyew nyinaa. Me ninkutwe abufuw gya mu no, asase nyinaa bɛhyew.
9 “Afei mɛdwira nnipa no ano, na wɔn nyinaa abɔ Awurade din na wɔaka abɔ mu asom no.
“Afei medwira nnipa no ano, na wɔn nyinaa abɔ Awurade din na wɔaka abɔ mu asom no.
10 Mʼasomfoɔ, me nkurɔfoɔ a wɔabɔ ahwete no bɛfiri nsubɔntene a ɛwɔ Kus nohoa de wɔn afɔrebɔdeɛ abrɛ me.
Mʼasomfo, me nkurɔfo a wɔabɔ ahwete no befi nsubɔnten a ɛwɔ Kus nohɔ de wɔn afɔrebɔde abrɛ me.
11 Saa ɛda no, wo Yerusalem, wɔrengu wʼanim ase wɔ nneyɛeɛ bɔne a woayɛ atia me ho, ɛfiri sɛ mɛyi afiri saa kuropɔn yi mu, wɔn a wodi ahantan mu ahurisie na worenyɛ ahantan bio wɔ me bepɔ kronkron no so.
Saa da no, wo Yerusalem, wɔrengu wʼanim ase wɔ nneyɛe bɔne a woayɛ atia me ho, efisɛ meyi afi saa kuropɔn yi mu, wɔn a wodi ahantan mu ahurusi, na worenyɛ ahantan bio wɔ me bepɔw kronkron no so.
12 Nanso mɛgya wɔ wo mu wɔn a wɔdwo na wɔbrɛ wɔn ho ase, na wɔde wɔn ho to Awurade so.
Nanso megyaw wɔ wo mu wɔn a wodwo na wɔbrɛ wɔn ho ase, na wɔde wɔn ho to Awurade so no.
13 Israel nkaeɛfoɔ renyɛ bɔne Wɔrenka nkontonpo nsɛm, na wɔn ano renka nnaadaa nsɛm wɔbɛdidi na wɔada na obiara renyi wɔn hu.”
Wɔrenyɛ bɔne biara; wɔrenka nkontomposɛm, na wɔn ano renka nnaadaasɛm wobedidi na wɔada, na obiara renyi wɔn hu.”
14 To dwom Ao, Ɔbabaa Sion; team denden Ao, Israel! Ma wʼani nnye, na di ahurisie wɔ wʼakoma nyinaa mu, Ao, Ɔbabaa Yerusalem!
To dwom, Ɔbabea Sion; teɛ mu dennen, Israel! Ma wʼani nnye, na di ahurusi wɔ wo koma nyinaa mu, Ɔbabea Yerusalem!
15 Ɛfiri sɛ, Awurade ayi wʼasotweɛ afiri wo so, wama wo ɔtamfoɔ asane nʼakyi. Awurade Israelhene ka wo ho; worensuro ɔhaw biara bio.
Efisɛ Awurade ayi wʼasotwe afi wo so, wama wo tamfo asan nʼakyi. Awurade, Israelhene ka wo ho; worensuro ɔhaw biara bio.
16 Saa ɛda no, wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ, “Mma nsuro, Ao Sion! Mma wo nsa mu nhodwo.
Saa da no, wɔbɛka akyerɛ Yerusalem se, “Nsuro, Sion! Mma wo nsa mu ngow.
17 Awurade wo Onyankopɔn ne wo wɔ hɔ, Ɔyɛ ɔgyefoɔ ɔhoɔdenfoɔ. Nʼani bɛgye wo ho ɔfiri ne dɔ mu bɛdwodwo wo, ɔde nnwontoɔ bɛma nʼani agye wo ho.
Awurade wo Nyankopɔn ne wo wɔ hɔ, Ɔyɛ ogyefo ɔhoɔdenfo. Nʼani begye wo ho ne dɔ mu, ɔrenka wʼanim bio, ɔde nnwonto bedi wo ho anigye.”
18 “Mo awerɛhoɔ to bɛtwa ɛfiri sɛ mobɛnya ɛkwan adi mo afahyɛ no; mo anim rengu ase bio.
“Meyi wɔn a wodi awerɛhow wɔ wʼafahyɛnna ahorow a woahwere; a ayɛ adesoa ne animguase ama wo no ho.
19 Saa ɛberɛ no me ne wɔn a wɔhyɛɛ wo so nyinaa bɛdi; Mɛgye mmerɛyɛfoɔ na mɛboaboa wɔn a wɔabɔ wɔn ahwete no ano. Mɛkamfo wɔn ahyɛ wɔn animuonyam asase biara a wɔguu wɔn anim ase wɔ so no so.
Saa bere no me ne wɔn a wɔhyɛɛ wo so nyinaa bedi. Megye mmerɛwyɛfo na mɛboaboa wɔn a wɔabɔ wɔn ahwete no ano. Mɛkamfo wɔn ahyɛ wɔn anuonyam asase biara a woguu wɔn anim ase wɔ so no so.
20 Saa ɛda no, mɛboaboa wo ano, na mede wo aba fie. Mɛhyɛ wo animuonyam na makamfo wo wɔ asase so nnipa nyinaa mu na mede wʼahonyadeɛ bɛsane ama wo na wode wʼani bɛhunu,” sɛdeɛ Awurade ka nie.
Saa bere no, mɛboaboa mo ano; saa bere no, mede mo bɛba fie. Mɛhyɛ wo anuonyam na makamfo mo wɔ asase so nnipa nyinaa mu bere a mede mo ahonyade bɛsan ama wo na mode mo ani behu no,” sɛnea Awurade se ni.