< Sefania 2 >

1 Mommoaboa mo ho ano, mommoaboa mo ho ano, Ao, animguaseɛ ɔman,
Gather yourselves, gather together, O shameful nation,
2 ansa na ɛberɛ a wɔahyɛ no aduru, na ɛda no resene te sɛ ntɛtɛ, ansa na Awurade abufuhyeɛ no aba mo so, ansa na Awurade abufuo ɛda no aba mo so.
before the decree takes effect and the day passes like chaff, before the burning anger of the LORD comes upon you, before the Day of the LORD’s anger comes upon you.
3 Monhwehwɛ Awurade, ahobrɛasefoɔ a mowɔ asase so, mo a moyɛ nʼahyɛdeɛ. Monhwehwɛ tenenee, monhwehwɛ ahobrɛaseɛ; ebia ɔbɛkora mo Awurade abufuo ɛda no.
Seek the LORD, all you humble of the earth who carry out His justice. Seek righteousness; seek humility. Perhaps you will be sheltered on the day of the LORD’s anger.
4 Wɔbɛgya Gasa na wɔagya Askelon sɛ kurofo. Owigyinaeɛ na ɔbɛma Asdod ada mpam na wɔatutu Ekron ase.
For Gaza will be abandoned, and Ashkelon left in ruins. Ashdod will be driven out at noon, and Ekron will be uprooted.
5 Monnue mo a mote mpoano, Ao, mo Keretifoɔ; Awurade asɛm tia mo. Ao, Kanaan, Filistifoɔ asase. Mɛtɔre mo ase, na obiara renka.
Woe to the dwellers of the seacoast, O nation of the Cherethites! The word of the LORD is against you, O Canaan, land of the Philistines: “I will destroy you, and no one will be left.”
6 Asase a ɛda mpoano, baabi a Keretifoɔ teɛ bɛyɛ atenaeɛ ama nnwanhwɛfoɔ ne wɔn nnwammuo.
So the seacoast will become a land of pastures, with wells for shepherds and folds for sheep.
7 Saa asase no bɛyɛ Yudafie nkaeɛfoɔ no dea; ɛhɔ na wɔbɛnya mmoa adidibea. Anwummerɛ wɔbɛdeda wɔ Askelon afie mu. Na Awurade, wɔn Onyankopɔn bɛhwɛ wɔn, na ɔde wɔn ahonyadeɛ nyinaa bɛsane ama wɔn.
The coast will belong to the remnant of the house of Judah; there they will find pasture. They will lie down in the evening among the houses of Ashkelon, for the LORD their God will attend to them and restore their captives.
8 “Mate Moab nsopa ne Amonfoɔ atweetweɛ; wɔn a wɔsopaa me nkurɔfoɔ na wɔhunahunaa wɔn wɔ wɔn asase ho.
“I have heard the reproach of Moab and the insults of the Ammonites, who have taunted My people and threatened their borders.
9 Enti, sɛ mete ase yi,” sɛdeɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie, “Ampa ara Moab bɛyɛ sɛ Sodom, na Amonfoɔ ayɛ sɛ Gomora, baabi a ewira ne nkyɛn amena wɔ, asase a ɛda mpan afebɔɔ. Me ɔman nkaeɛ bɛfom wɔn afa; me manfoɔ a wɔbɛnya wɔn ti adidim bɛfa wɔn asase.”
Therefore, as surely as I live,” declares the LORD of Hosts, the God of Israel, “surely Moab will be like Sodom and the Ammonites like Gomorrah— a place of weeds and salt pits, a perpetual wasteland. The remnant of My people will plunder them; the remainder of My nation will dispossess them.”
10 Wɔn ahantan so akatua a wɔbɛnya nie, sɛ wɔsopa na wɔtwetwe Asafo Awurade nkurɔfoɔ enti.
This they shall have in return for their pride, for taunting and mocking the people of the LORD of Hosts.
11 Awurade ho suro bɛba wɔn so ɛberɛ a ɔbɛsɛe asase no so anyame nyinaa. Mpoano aman nyinaa bɛsɔre no, wɔ wɔn ankasa wɔn asase so.
The LORD will be terrifying to them when He starves all the gods of the earth. Then the nations of every shore will bow in worship to Him, each in its own place.
12 “Mo Etiopiafoɔ nso, mʼakofena ano na wɔbɛkunkum mo.”
“You too, O Cushites, will be slain by My sword.”
13 Awurade bɛtene ne nsa wɔ atifi aman so na wasɛe Asiria, na wama Ninewe ada mpan koraa na ɛso awo wesee sɛ anwea pradada so.
And He will stretch out His hand against the north and destroy Assyria; He will make Nineveh a desolation, as dry as a desert.
14 Nnwankuo ne anantwie bɛdeda hɔ, mmoadoma nyinaa. Ɛserɛ so patuo ne ɔbonsam anoma bɛtena nʼadum no so. Wɔn su bɛgyegye mpomma mu, mmubuiɛ bɛsisi apono ano akwan, mpunan a wɔde ntweneduro ayɛ no ho bɛdeda hɔ.
Herds will lie down in her midst, creatures of every kind. Both the desert owl and screech owl will roost atop her pillars. Their calls will sound from the window, but desolation will lie on the threshold, for He will expose the beams of cedar.
15 Yei ne kuropɔn a ɛdi ahurisie na ɛte asomdwoeɛ mu. Ɔhoahoa ne ho sɛ, “Me ne no, obiara nte sɛ me.” Hwɛ sɛ deɛ atete apansam, na ayɛ nkeka mmoa atenaeɛ! Obiara a ɔtwam hɔ no sere no, hugya ne nsa fɛdie so.
This carefree city that dwells securely, that thinks to herself: “I am it, and there is none besides me,” what a ruin she has become, a resting place for beasts. Everyone who passes by her hisses and shakes his fist.

< Sefania 2 >