< Sakaria 9 >

1 Nkɔmhyɛ: Awurade asɛm tia Hadrak asase na ɛbɛka Damasko ɛfiri sɛ, nnipa ne Israel mmusuakuo nyinaa ani wɔ Awurade so.
ヱホバの言詞の重負ハデラクの地に臨むダマスコはその止る所なりヱホバ世の人を眷みイスラエルの一切の支派を眷みたまへばなり
2 Na ɛbɛka Hamat a ɔne no bɔ hyeɛ; ɛbɛka Tiro ne Sidon, ɛwom sɛ wɔyɛ anyansafoɔ.
之に界するハマテも然りツロ、シドンも亦はなはだ怜悧ければ同じく然るべし
3 Tiro asi abandenden ama ne ho; waboa dwetɛ ano te sɛ mfuturo, ne sikakɔkɔɔ ano te sɛ dɔteɛ a ɛwɔ mmɔntene so.
ツロは自己のために城郭を構へ銀を塵のごとくに積み金を街衢の土のごとくに積めり
4 Nanso, Awurade bɛgye nʼahodeɛ nyinaa na wasɛe ne tumi a ɔwɔ wɔ ɛpo so, na wɔde ogya bɛhye no dworobɛɛ.
視よ主これを攻取り海にて之が力を打ほろぼしたまふべし是は火にて焚うせん
5 Askelon bɛhunu na wasuro Gasa de ɔyea bɛnukanuka ne mu, na Ekron nso saa ara, ɛfiri sɛ nʼanidasoɔ bɛsa. Gasa bɛhwere ne ɔhene na wɔbɛgya Askelon afituo.
アシケロンこれを見て懼れガザもこれを見て太く慄ふエクロンもその望む所の者辱しめらるるに因て亦然りガザには王絶えアシケロンには住者なきに至らん
6 Ananafoɔ bɛtena Asdod, na mɛtwa Filistifoɔ ahantan agu.
アシドドにはまた雑種の民すまん我ペリシテ人が誇る所の者を絶べし
7 Mɛyi mogya afiri wɔn ano, akyiwadeɛ nnuane nso mɛyi afiri wɔn ano. Nkaeɛfoɔ no bɛyɛ yɛn Onyankopɔn dea wɔbɛyɛ Yuda ntuanofoɔ, na Ekron bɛyɛ sɛ Yebusifoɔ.
我これが口より血を取除き之が齒の間より憎むべき物を取除かん是も遺りて我儕の神に歸しユダの牧伯のごとくに成べしまたエクロンはヱブス人のごとくになるべし
8 Nanso mɛbɔ me Fie ho ban wɔ wɔn a wɔtetɛ bɔ korɔno ho. Ɔhyɛsofoɔ biara ntumi mfa me nkurɔfoɔ so bio, ɛfiri sɛ afei merewɛn.
我わが家のために陣を張て敵軍に當り之をして往來すること無らしめん虐遇者かさねて逼ること無るべし我いま我目をもて親ら見ればなり
9 Di ahurisie Ao, Ɔbabaa Sion! Team, Ɔbabaa Yerusalem! Hwɛ, wo ɔhene reba wo nkyɛn. Ɔtene na ɔwɔ nkwagyeɛ, ɔdwo, na ɔte afunumu so, afunumu ba so na ɔteɛ.
シオンの女よ大に喜べヱルサレムの女よ呼はれ視よ汝の王汝に來る彼は正義して拯救を賜り柔和にして驢馬に乗る即ち牝驢馬の子なる駒に乗るなり
10 Mɛgye nteaseɛnam afiri Efraim ne akofoɔ apɔnkɔ afiri Yerusalem, na akodie tadua no wɔbɛbubu mu. Ɔbɛpae mu aka asomdwoeɛ nsɛm akyerɛ aman no. Nʼahennie bɛfiri ɛpo akɔka ɛpo ɛbɛfiri Asubɔnten no akɔpem nsase ano.
我エフライムより車を絶ちヱルサレムより馬を絶ん戰爭弓も絶るべし彼國々の民に平和を諭さん其政治は海より海に及び河より地の極におよぶべし
11 Na wo deɛ, ɛsiane me ne wo mogya apam no enti, mɛyi wo nneduafoɔ afiri amena a nsuo nni mu.
汝についてはまた汝の契約の血のために我かの水なき坑より汝の被俘人を放ち出さん
12 Monsane nkɔ mʼaban mu, Ao nneduafoɔ a mowɔ anidasoɔ; seesei mpo merebɔ mo nkaeɛ sɛ mɛhyɛ mo anan mu mmɔho.
望を懷く被俘人よ汝等城に歸れ我今日もなほ告て言ふ我かならず倍して汝等に賚ふべし
13 Mɛkoa Yuda sɛdeɛ mekoa me tadua na mede Efraim bɛhyɛ mu. Mɛkanyane wo mmammarima, Ao Sion, atia wo Hela mmammarima, na mɛyɛ wo sɛ ɔkofoɔ akofena.
我ユダを張て弓となしエフライムを矢となして之につがへんシオンよ我汝の人々を振起してギリシヤの人々を攻しめ汝をして大丈夫の劍のごとくならしむべし
14 Afei Awurade bɛda ne ho adi wɔn so; nʼagyan bɛtwa yerɛ te sɛ anyinam. Otumfoɔ Awurade bɛhyɛn totorobɛnto no; ɔbɛbɔ nsra wɔ atɔeɛ fam ahum mu,
ヱホバこれが上に顯れてその箭を電光のごとくに射いだしたまはん主ヱホバ喇叭を吹ならし南の暴風に乗て出來まさん
15 Asafo Awurade bɛyɛ ɛkyɛm ama wɔn. Wɔde ahwimmoɔ bɛsɛe na wɔde adi nkonim. Wɔbɛnom na wɔabobɔ mu sɛdeɛ wɔanom nsã; wɔbɛyɛ ma te sɛ kuruwa a wɔde pete afɔrebukyia ntweaso.
萬軍のヱホバ彼らを護りたまはん彼等は食ふことを爲し投石器の石を踏つけん彼等は飮ことを爲し酒に醉るごとくに聲を擧ん其これに盈さるることは血を盛る鉢のごとく祭壇の隅のごとくなるべし
16 Awurade wɔn Onyankopɔn, bɛgye wɔn saa ɛda no sɛ odwanhwɛfoɔ gye ne nnwan. Wɔbɛtwa nyinam nyinam wɔ nʼasase so, sɛ aboɔdemmoɔ a ɛbobɔ ahenkyɛ ho.
彼らの神ヱホバ當日に彼らを救ひその民を羊のごとくに救ひたまはん彼等は冠冕の玉のごとくになりて其地に輝くべし
17 Sɛdeɛ wɔn ho bɛtwa na wɔn ho ayɛ fɛ afa! Aduane bɛma mmeranteɛ anyini ahoɔden so na nsã foforɔ bɛma mmabaawa anyini saa ara.
その福祉は如何計ぞや其美麗は如何計ぞや穀物は童男を長ぜしめ新酒は童女を長ぜしむ

< Sakaria 9 >