< Sakaria 7 >

1 Ɔhene Dario adedie mfeɛ ɛnan so no, Awurade asɛm baa Sakaria nkyɛn ɔbosome a ɛtɔ so nkron a wɔfrɛ no Kislew no ɛda ɛtɔ so ɛnan no mu.
Ɔhene Dario adedi mfe anan so no, Awurade asɛm baa Sakaria nkyɛn ɔsram a ɛto so akron a wɔfrɛ no Kislev no da ɛto so anan no mu.
2 Na Bet-Elfoɔ asoma Sareser ne Regem-Melek ne wɔn mmarima sɛ wɔnkɔsrɛ Awurade.
Na Bet-Elfo asoma Sareser ne Regem-Melek ne wɔn mmarima sɛ wɔnkɔsrɛ Awurade.
3 Wɔmfa asɔfoɔ a wɔwɔ Asafo Awurade fie ne adiyifoɔ so mmisa sɛ, “Menkɔ so ntwa adwo, nni abuada wɔ ɔbosome a ɛtɔ so enum no mu, sɛdeɛ mayɛ no mfeɛ bebree a atwam no anaa?”
Wɔmfa asɔfo a wɔwɔ Asafo Awurade fi ne adiyifo so mmisa se, “Menkɔ so ntwa adwo, nni mmuada wɔ ɔsram a ɛto so anum no mu, sɛnea mayɛ no mfe bebree a atwa mu no ana?”
4 Afei Asafo Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
Afei Asafo Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
5 “Bisa asase no so nnipa nyinaa ne asɔfoɔ no sɛ, ‘Mfeɛ aduɔson a atwam no, sɛ modi abuada na motwa adwo wɔ abosome enum ne nsom mu a, na ɛyɛ ampa sɛ me enti na modi abuada no anaa?
“Bisa asase no so nnipa nyinaa ne asɔfo no se, ‘Mfe aduɔson a atwam no, sɛ mudii mmuada na mutwaa adwo wɔ asram anum ne ason so no, na ɛyɛ ampa sɛ me nti na mudi mmuada no ana?
6 Ɛberɛ a modidi na monom no, na ɛnyɛ mo ara na moyɛ de gye mo ani anaa?
Bere a mudidi na monom no, na ɛnyɛ mo ara na moyɛ de gye mo ani ana?
7 Ɛnyɛ saa nsɛm yi ara na Awurade faa kane adiyifoɔ so paee mu kaaeɛ, wɔ ɛberɛ a Yerusalem ne nkuro a atwa ne ho ahyia no wɔ asomdwoeɛ ne mpontuo no, ɛberɛ a na nnipa akɔtena Negeb ne atɔeɛ fam nkokoɔ no so anaa?’”
Ɛnyɛ saa nsɛm yi ara na Awurade faa kan adiyifo so paee mu kae, wɔ bere a Yerusalem ne nkurow a atwa ne ho ahyia no wɔ asomdwoe ne nkɔso no, bere a na nnipa akɔtena Negeb ne atɔe fam nkoko no so ana?’”
8 Na Awurade asɛm baa Sakaria nkyɛn bio:
Na Awurade asɛm baa Sakaria nkyɛn bio:
9 “Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ, ‘Mommu atɛn a ɛyɛ nokorɛ na monnya ahummɔborɔ ne ayamhyehyeɛ mma mo ho mo ho.
“Sɛɛ na Asafo Awurade se, ‘Mummu atɛn a ɛyɛ nokware na munnya ahummɔbɔ ne ayamhyehye mma mo ho mo ho.
10 Monnhyɛ akunafoɔ, nwisiaa, ahɔhoɔ ne ahiafoɔ so. Monnnwene bɔne mo akoma mu mma mo ho mo ho.’
Monnhyɛ akunafo, ayisaa, ahɔho ne ahiafo so. Monnnwene bɔne mo koma mu mma mo ho mo ho.’
11 “Nanso wɔanntie; wɔde asobrakyeɛ danee wɔn akyi na wɔsisii wɔn aso.
“Nanso wɔantie; wɔde asoɔden dan wɔn akyi na wosisiw wɔn aso.
12 Wɔyɛɛ wɔn akoma den sɛ twerɛboɔ, na wɔantie mmara anaa nsɛm a Asafo Awurade nam ne Honhom so de somaa kane adiyifoɔ no. Ɛno enti, Asafo Awurade bo fuu yie.
Wɔyɛɛ wɔn koma den sɛ ɔtwɛrebo, na wɔantie mmara anaa nsɛm a Asafo Awurade nam ne Honhom so de somaa kan adiyifo no. Ɛno nti, Asafo Awurade bo fuw yiye.
13 “‘Mefrɛeɛ no, wɔannye me so, enti wɔfrɛ a merennye wɔn so,’ sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
“‘Mefrɛe no, wɔannye me so, enti wɔfrɛ a merennye wɔn so,’ sɛnea Asafo Awurade se ni.
14 ‘Mede ntwahoframa bɔɔ wɔn petee aman nyinaa so ma wɔkɔyɛɛ ahɔhoɔ wɔ hɔ. Asase a wogyaaɛ no daa mpan a obiara ntwa mu wɔ hɔ. Sei na wɔyɛ maa asase fɛfɛɛfɛ no sɛeɛ.’”
‘Mede mfɛtɛ bɔɔ wɔn petee aman nyinaa so ma wɔkɔyɛɛ ahɔho wɔ hɔ. Asase a wogyaw no daa mpan a obiara ntwa mu wɔ hɔ. Sɛɛ na wɔyɛ maa asase fɛfɛɛfɛ no sɛee.’”

< Sakaria 7 >