< Sakaria 6 >

1 Memaa mʼani so bio, na mehunuu nteaseɛnam ɛnan a ɛfiri mmepɔ mmienu ntam reba, mmepɔ no yɛ kɔbere mfrafraeɛ.
ואשב ואשא עיני ואראה והנה ארבע מרכבות יצאות מבין שני ההרים וההרים הרי נחשת
2 Teaseɛnam a ɛdi ɛkan no, na apɔnkɔ kɔkɔɔ na ɛtwe, na apɔnkɔ tuntum nso twe deɛ ɛtɔ so mmienu no.
במרכבה הראשנה סוסים אדמים ובמרכבה השנית סוסים שחרים
3 Deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no, na apɔnkɔ fitaa na ɛtwe. Deɛ ɛto so ɛnan no, na apɔnkɔ ntokontrama na ɛtwe, na apɔnkɔ no nyinaa ho yɛ den.
ובמרכבה השלשית סוסים לבנים ובמרכבה הרבעית סוסים ברדים אמצים
4 Mebisaa ɔbɔfoɔ a na ɔne me rekasa no sɛ, “Me wura, yeinom yɛ ɛdeɛn?”
ואען ואמר אל המלאך הדבר בי מה אלה אדני
5 Ɔbɔfoɔ no buaa me sɛ, “Yeinom yɛ ahonhom ɛnan a wɔfiri soro, na wɔrefiri ewiase nyinaa Awurade no anim akɔ.
ויען המלאך ויאמר אלי אלה ארבע רוחות השמים יוצאות מהתיצב על אדון כל הארץ
6 Teaseɛnam a apɔnkɔ tuntum retwe no rekɔ ɔman a ɛwɔ atifi fam no so. Teaseɛnam a apɔnkɔ fitaa retwe no rekɔ atɔeɛ fam; na deɛ apɔnkɔ ntokontrama twe no rekɔ anafoɔ fam.”
אשר בה הסוסים השחרים יצאים אל ארץ צפון והלבנים יצאו אל אחריהם והברדים--יצאו אל ארץ התימן
7 Apɔnkɔ ahoɔdenfoɔ no firii adi no, wɔpɛɛ sɛ wɔkɔ asase nyinaa so. Na ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Monkɔ asase nyinaa so!” Enti wɔkɔɔ asase so mmaa nyinaa.
והאמצים יצאו ויבקשו ללכת להתהלך בארץ ויאמר לכו התהלכו בארץ ותתהלכנה בארץ
8 Afei, ɔfrɛɛ me sɛ, “Hwɛ, wɔn a wɔrekɔ atifi fam ɔman so no ama me Honhom ahomegyeɛ wɔ atifi fam asase no so.”
ויזעק אתי וידבר אלי לאמר ראה היוצאים אל ארץ צפון--הניחו את רוחי בארץ צפון
9 Awurade asɛm baa me nkyɛn. Ɔkaa sɛ,
ויהי דבר יהוה אלי לאמר
10 “Gye sikakɔkɔɔ ne dwetɛ firi atukɔfoɔ, Heldai, Tobia ne Yedaia a wɔfiri Babilonia aba no nkyɛn. Ɛda no ara kɔ Sefania babarima Yosia fie.
לקוח מאת הגולה מחלדי ומאת טוביה ומאת ידעיה ובאת אתה ביום ההוא ובאת בית יאשיה בן צפניה אשר באו מבבל
11 Gye dwetɛ ne sikakɔkɔɔ na fa yɛ ahenkyɛ, hyɛ ɔsɔfopanin Yosua a ɔyɛ Yehosadak babarima no ti.
ולקחת כסף וזהב ועשית עטרות ושמת בראש יהושע בן יהוצדק--הכהן הגדול
12 Ka kyerɛ no sɛ, sei na Asafo Awurade seɛ: ‘Ɔbarima a wɔfrɛ no Dubaa no nie, na ɔbɛfefɛ afiri hɔ akɔsi Awurade asɔredan no.
ואמרת אליו לאמר כה אמר יהוה צבאות לאמר הנה איש צמח שמו ומתחתיו יצמח ובנה את היכל יהוה
13 Ɔno na ɔbɛsi Awurade asɔredan no, na wɔbɛhyɛ no animuonyam, na ɔbɛtena nʼahennwa so adi ne ɔhene, na ɔbɛyɛ ɔsɔfoɔ wɔ nʼahennwa so. Afei asomdwoeɛ bɛba mmienu no ntam.’
והוא יבנה את היכל יהוה והוא ישא הוד וישב ומשל על כסאו והיה כהן על כסאו ועצת שלום תהיה בין שניהם
14 Wɔde ahenkyɛ no bɛma Heldai, Tobia, Yedaia ne Sefania babarima Hen, na wɔde ayɛ nkae adeɛ wɔ Awurade asɔredan mu.
והעטרת תהיה לחלם ולטוביה ולידעיה ולחן בן צפניה--לזכרון בהיכל יהוה
15 Wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no bɛba abɛboa Awurade asɔredan no si, na mobɛhunu sɛ Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn. Sɛ moyɛ ɔsetie ma Awurade mo Onyankopɔn nokorɛ mu a, yei bɛba mu.”
ורחוקים יבאו ובנו בהיכל יהוה וידעתם כי יהוה צבאות שלחני אליכם והיה אם שמוע תשמעון בקול יהוה אלהיכם

< Sakaria 6 >