< Sakaria 3 >

1 Afei, ɔkyerɛɛ me ɔsɔfopanin Yosua a ɔgyina Awurade ɔbɔfoɔ anim, na Satan gyina ne nifa so rebɛbɔ no soboɔ.
Afei ɔkyerɛɛ me ɔsɔfopanyin Yosua a ogyina Awurade bɔfo anim, na Satan gyina ne nifa so rebɛbɔ no sobo.
2 Na Awurade ka kyerɛɛ Satan sɛ, “Awurade nka wʼanim, Satan! Awurade a Yerusalem yɛ ne dea no nka wʼanim. Saa ɔbarima yi nyɛ gyentia a wɔatu afiri ogya mu anaa?”
Na Awurade ka kyerɛɛ Satan se, “Awurade nka wʼanim, Satan! Awurade a wafa Yerusalem no, nka wʼanim. Saa ɔbarima yi nyɛ gyentia a wɔatu afi ogya mu ana?”
3 Na Yosua hyɛ ntadeɛ fi ɛberɛ a ɔgyina ɔbɔfoɔ no anim.
Na Yosua hyɛ ntadefi, bere a ogyina ɔbɔfo no anim.
4 Ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn a wɔgyinagyina nʼanim no sɛ, “Monnyi ne ho ntadeɛ fi no.” Afei ɔka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Hwɛ, mayi wo bɔne afiri wo so, na mede ntadeɛ a ɛyɛ fɛ bɛhyɛ wo.”
Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn a wogyinagyina nʼanim no se, “Munnyi ne ho ntadefi no.” Afei ɔka kyerɛɛ Yosua se, “Hwɛ, mayi wo bɔne afi wo so, na mede ntade a ɛyɛ fɛ bɛhyɛ wo.”
5 Afei, mekaa sɛ, “Momfa abotire a ani teɛ mmɔ ne ti.” Enti, wɔde abotire a ani teɛ bɔɔ no, na wɔhyɛɛ no atadeɛ, ɛberɛ a Awurade ɔbɔfoɔ no gyina hɔ.
Afei mekae se, “Momfa abotiri a ani tew mmɔ ne ti.” Enti wɔde abotiri a ani tew bɔɔ no, na wɔhyɛɛ no atade, bere a Awurade bɔfo no gyina hɔ.
6 Na Awurade ɔbɔfoɔ de saa akwankyerɛ yi maa Yosua:
Na Awurade bɔfo de saa akwankyerɛ yi maa Yosua:
7 “Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: ‘Sɛ wobɛyɛ ɔsetie ama me na woayɛ mʼapɛdeɛ a, ɛnneɛ wobɛdi me fie so na woahwɛ mʼabannwa so, na mɛma wo baabi atena wɔ nnipa a wɔgyinagyina ha yi mu.
“Sɛɛ na Asafo Awurade se: ‘Sɛ wobɛyɛ osetie ama me na woayɛ mʼapɛde a, ɛno de, wubedi me fi so na woahwɛ mʼabangua so, na mɛma wo baabi atena wɔ nnipa a wogyinagyina ha yi mu.
8 “‘Tie, Ao ɔsɔfopanin Yosua, wo ne wo nkurɔfoɔ a wɔtete wʼanim yi, moyɛ nnipa a wɔgyina hɔ ma nneɛma a ɛrebɛsisi: Mede me ɔsomfoɔ, Dubaa, no bɛba.
“‘Tie, Ɔsɔfopanyin Yosua, wo ne wo nkurɔfo a wɔtete wʼanim yi, moyɛ nnipa a wogyina hɔ ma nneɛma a ɛrebesisi: Mede me somfo, Dubaa no bɛba.
9 Hwɛ, aboɔdenboɔ a mede asi Yosua anim! Ani nson na ɛtuatua saa ɛboɔ baako no ho, na mekrukyire atwerɛ bi wɔ so,’ sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie, ‘na mede ɛda koro pɛ bɛpepa asase yi so bɔne.
Hwɛ, ɔbo a mede asi Yosua anim! Ani ason na etuatua saa ɔbo baako no ho, na mikurukyerɛw biribi wɔ so,’ sɛnea Asafo Awurade se ni, ‘na mede da koro pɛ bɛpepa asase yi so bɔne.
10 “‘Saa ɛda no mo mu biara bɛto nsa afrɛ ne yɔnko ne no akɔtena ne ngo dua ne borɔdɔma dua ase,’ sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.”
“‘Saa da no mo mu biara bɛto nsa afrɛ ne yɔnko ne no akɔtena ne ngodua ne borɔdɔma dua ase,’ sɛnea Asafo Awurade se ni.”

< Sakaria 3 >