< Sakaria 13 >

1 “Saa ɛda no, wɔbɛtu asubura ama Dawid fie ne Yerusalemfoɔ de ahohoro wɔn bɔne ne wɔn ho fi.
In that day there shall be a fountain opened To the house of David, and to the inhabitants of Jerusalem, For sin and for uncleanness.
2 “Saa ɛda no, mɛyi ahoni no din afiri asase no so, na wɔrenkae wɔn bio,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Mɛyi adiyifoɔ ne efiyɛ honhom afiri asase no so.
And it shall come to pass in that day, Saith Jehovah of hosts, That I will cut off the names of the idols out of the land, And they shall no more be remembered; And the prophets also, and the impure spirit, Will I cause to pass out of the land.
3 Sɛ obi kɔ so hyɛ nkɔm a, agya ne ɛna a wɔwoo saa onipa no bɛka akyerɛ no sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ wowuo, ɛfiri sɛ, wode Awurade din atwa atorɔ.’ Sɛ ɔhyɛ nkɔm a, ɔno ankasa awofoɔ bɛwɔ no sekan.
And it shall come to pass, when any one shall yet prophesy, That his father and mother shall say to him, Even they that begat him, “Thou shalt not live; For thou hast spoken falsehood in the name of Jehovah.” And his father and mother that begat him shall pierce him through when he prophesieth.
4 “Saa ɛda no, odiyifoɔ biara ani bɛwu wɔ ne nkɔmhyɛ anisoadehunu ho. Ɔrenhyɛ odiyifoɔ atadeɛ a wɔde nwi ayɛ, mfa nnaadaa nnipa.
And it shall come to pass in that day, that the prophet shall be ashamed Every one of his vision when he prophesieth; Neither shall they wear a garment of hair, to deceive.
5 Ɔbɛka sɛ, ‘Menyɛ odiyifoɔ. Meyɛ okuafoɔ. Na ɛfiri me mmeranteberɛ mu no, asase yi so na menya mʼano aduane.’
But each shall say, “I am no prophet; I am a man that tilleth the ground; For a man hath purchased me from my youth.”
6 Na sɛ obi bisa no sɛ, ‘Ɛdeɛn akuro na ɛwɔ wo ho yi a?’ Ɔbɛbua sɛ, ‘Ɛyɛ akuro a menyaa wɔ me nnamfonom fie.’”
And when one shall say to him, “What are these wounds in thy hands?” He shall answer, “Those with which I was wounded in the house of my friends.”
7 “Sɔre, Ao, akofena, sɔre tia me dwanhwɛfoɔ, tia onipa a ɔbɛn me!” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Bɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no bɛbɔ ahwete, na mɛma me nsa so atia nnwammaa no.
Awake, O sword, against my shepherd, Even against the man who is my fellow, saith Jehovah of hosts! Smite the shepherd, and let the sheep be scattered! I will also turn my hand against the lambs.
8 Asase no so nyinaa,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “Wɔbɛbɔ nkyɛmu mmiɛnsa mu mmienu ahwe fam ma wɔawuwu; na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛka wɔ so.
And it shall come to pass in all the land, saith Jehovah, That two parts therein shall be cut off and die; But the third part shall be left therein.
9 Mede nkyɛmu mmiɛnsa mu baako yi bɛfa ogya mu; mɛnane wɔn te sɛ deɛ wɔnane dwetɛ, na masɔne wɔn so sɛ sikakɔkɔɔ. Wɔbɛbɔ me din afrɛ me, na mɛgye wɔn so. Mɛka sɛ, ‘Wɔyɛ me nkurɔfoɔ,’ na wɔbɛka sɛ, ‘Awurade yɛ yɛn Onyankopɔn.’”
And I will bring the third part through the fire, And will refine them, as silver is refined, And will try them, as gold is tried; They shall call upon me, and I will hear them; I will say, “It is my people.” And they shall say, “Jehovah is our God.”

< Sakaria 13 >