< Sakaria 12 >

1 Nkɔmhyɛ: Yei ne Awurade asɛm a ɛfa Israel ho. Awurade a ɔtrɛ ɔsoro mu, deɛ ɔto asase fapem, deɛ ɔyɛ honhom a ɔte onipa mu asɛm nie:
Nkɔmhyɛ: Eyi ne Awurade asɛm a ɛfa Israel ho. Awurade a ɔtrɛw ɔsoro mu, nea ɔto asase fapem, nea ɔyɛ honhom a ɔte onipa mu asɛm ni:
2 “Merebɛyɛ Yerusalem kuruwa a ɛbɛma aman a atwa ne ho ahyia no atɔ ntintan. Wɔbɛto ahyɛ Yuda ne Yerusalem so.
“Merebɛyɛ Yerusalem kuruwa a ɛbɛma aman a atwa ne ho ahyia no atɔ ntintan. Wɔbɛtow ahyɛ Yuda ne Yerusalem so.
3 Saa ɛda no a ewiase aman nyinaa aboa wɔn ho ano retia no no, mɛma Yerusalem ayɛ ɔbotantim ama aman no nyinaa. Wɔn a wɔbɛpɛ sɛ wopire no no nyinaa bɛpirapira wɔn ho.
Saa da no a wiase aman nyinaa aboa wɔn ho ano retia no no, mɛma Yerusalem ayɛ ɔbotantim ama aman no nyinaa. Wɔn a wɔbɛpɛ sɛ wopirew no no nyinaa bepirapira wɔn ho.
4 Saa ɛda no, mɛma ɔpɔnkɔ biara abɔ huboa, na mɛma ne sotefoɔ nso abɔ dam,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Mɛbue mʼani ahwɛ Yuda fie, na mɛfirafira aman ahodoɔ no apɔnkɔ ani.
Saa da no, mɛma ɔpɔnkɔ biara abɔ huboa, na mɛma ne sotefo nso abɔ dam,” sɛnea Awurade se ni. “Mebue mʼani ahwɛ Yudafi, na mefurafura aman ahorow no apɔnkɔ ani.
5 Na Yuda ntuanofoɔ bɛka wɔ wɔn akoma mu sɛ, ‘Yerusalemfoɔ yɛ ahoɔdenfoɔ, ɛfiri sɛ Asafo Awurade yɛ wɔn Onyankopɔn.’
Na Yuda mmusua bɛka wɔ wɔn koma mu se, ‘Yerusalemfo yɛ ahoɔdenfo, efisɛ Asafo Awurade yɛ wɔn Nyankopɔn.’
6 “Saa ɛda no, mɛyɛ Yuda ntuanofoɔ sɛ ogya ayowaa a ɛhyɛ nnyina mu, te sɛ ogyatɛn a ɛrederɛ wɔ wira a wɔaboa ano mu. Wɔbɛhye nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa wɔ benkum ne nifa, nanso hwee renka Yerusalem wɔ baabi a ɔwɔ hɔ.
“Saa da no, mɛyɛ Yuda mmusua sɛ ogya asanka a ɛhyɛ nnyina mu, te sɛ ogyatɛn a ɛredɛw wɔ nwura a wɔaboa ano mu. Wɔbɛhyew nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa wɔ benkum ne nifa, nanso hwee renka Yerusalem wɔ faako a ɔwɔ.
7 “Awurade bɛbɔ Yuda atenaeɛ ho ban kane, sɛdeɛ Dawid fie ne wɔn a wɔte Yerusalem animuonyam renkyɛne Yudafoɔ animuonyam.
“Awurade bɛbɔ Yuda atenae ho ban kan, sɛnea Dawidfi ne wɔn a wɔte Yerusalem anuonyam renkyɛn Yudafo anuonyam.
8 Saa ɛda no, Awurade bɛbɔ wɔn a wɔte Yerusalem ho ban, deɛ ɔyɛ mmerɛ koraa wɔ wɔn mu no bɛyɛ sɛ Dawid. Na Dawid asefoɔ bɛyɛ sɛ Onyankopɔn, te sɛ Awurade Bɔfoɔ a ɔdi wɔn anim.
Saa da no, Awurade bɛbɔ wɔn a wɔte Yerusalem ho ban, nea ɔyɛ mmerɛw koraa wɔ wɔn mu no bɛyɛ sɛ Dawid. Na Dawid asefo bɛyɛ sɛ Onyankopɔn, te sɛ Awurade Bɔfo a odi wɔn anim.
9 Saa ɛda no, mɛhyɛ aseɛ asɛe aman a wɔko tia Yerusalem nyinaa.
Saa da no, mefi ase asɛe aman a wɔko tia Yerusalem nyinaa.
10 “Mehwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawid fie ne wɔn a wɔte Yerusalem so. Wɔbɛhwɛ me a wɔahwire me, na wɔatwa adwo ama no te sɛ obi a ɔretwa adwo wɔ ɔba korɔ ho, na wɔasu yaaya te sɛ obi a ɔresu ne ba barima piesie.
“Mehwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawidfi ne wɔn a wɔte Yerusalem so. Wɔbɛhwɛ me a wɔahwirew me, na wɔatwa adwo ama no te sɛ obi a ɔretwa adwo wɔ ɔba koro ho, na wɔasu yayaayaw te sɛ obi a ɔresu ne ba barima piesie.
11 Saa ɛda no agyaadwo twerɛ a ɛwɔ Yerusalem no ano bɛyɛ den te sɛ Hadad-Rimon agyaadwo twerɛ wɔ Megido asase tam so.
Saa da no agyaadwotwa a ɛwɔ Yerusalem no ano bɛyɛ den te sɛ Hadad-Rimon agyaadwotwa wɔ Megido asasetam so.
12 Asase no sofoɔ nyinaa bɛdi awerɛhoɔ, abusua biara ne wɔn yerenom; Dawid fie abusua ne wɔn yerenom, Natan fie abusua ne wɔn yerenom,
Asase no sofo nyinaa bedi awerɛhow, abusua biara ne wɔn yerenom; Dawid abusua ne wɔn yerenom, Natan abusua ne wɔn yerenom,
13 Lewifie abusua ne wɔn yerenom, Simei abusua ne wɔn yerenom,
Lewi abusua ne wɔn yerenom, Simei abusua ne wɔn yerenom,
14 ne mmusua a aka no nyinaa ne wɔn yerenom.
ne mmusua a aka no nyinaa ne wɔn yerenom.

< Sakaria 12 >