< Sakaria 11 >
1 Buebue wʼapono, Ao Lebanon, na ogya mmɛhye wo ntweneduro!
Open your doors, Lebanon, so that fire can burn up your cedars!
2 Twa adwo wo pepeaa, na ntweneduro ahwe ase; wɔasɛe nnua a ɛwɔ animuonyam no! Twa adwo Basan adum; wɔabubu kwaeɛbirentuo no mu nnua no!
Weep, juniper, because the cedar has fallen, the majestic trees are ruined! Weep, oaks of Bashan, for the thick forest has been cut down!
3 Tie nnwanhwɛfoɔ agyaadwoɔ; wɔasɛe wɔn adidibea frɔmfrɔm no! Tie agyata no mmobom; Yordan ho nkyɛkyerɛ fɛfɛ no asɛe!
Listen to the howls of the shepherds, for their pastureland is destroyed. Listen to the roars of the young lions, for their Jordan habitat is ruined.
4 Yei ne deɛ Awurade me Onyankopɔn seɛ: “Fa nnwankuo a wɔrebɛku wɔn no kɔ adidibea.
This is what the Lord my God says: Become a shepherd of the flock marked for slaughter.
5 Atɔfoɔ no kunkumm nnwan no na wɔntwe wɔn aso. Wɔn a wɔtɔn nnwan no ka sɛ, ‘Monkamfo Awurade, mayɛ ɔdefoɔ!’ Na nnwan no ahwɛfoɔ no mpo nnya ahummɔborɔ mma wɔn.
Those who buy them kill them and don't feel guilty; those who sell them say, “Praise the Lord! Now I'm rich!” Even their shepherds don't care about them.
6 Merenhunu asase no so nnipa mmɔbɔ bio,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Mede obiara bɛhyɛ ne yɔnko ne ɔhene nsa. Wɔbɛhyɛ asase no so, na merennye obiara mfiri wɔn nsa mu.”
For I will no longer care about the people of the Land, declares the Lord. I am going to make them victims of each other, and of the king. They will devastate the earth and I won't help anyone get away from them.
7 Enti mede nnwankuo a wɔrekɔkum wɔn no kɔɔ adidibea, ne titire ne wɔn a wɔayɛ mmɔbɔ no. Afei, mefaa poma mmienu, na mefrɛɛ baako Adɔeɛ ɛnna baako nso Nkabom na mede wɔn kɔɔ adidie.
So I became a shepherd of the flock marked for slaughter by the sheep merchants. Then I took two staffs, one named Grace, the other named Union, and I shepherded the flock.
8 Ɔbosome baako mu, mepamoo nnwanhwɛfoɔ mmiɛnsa no. Nnwankuo no ampɛ me, na wɔmaa me brɛeɛ
In one month I dismissed three shepherds. I became impatient with them, and they also hated me.
9 na mekaa sɛ, “Merenyɛ mo hwɛfoɔ bio. Wɔn a wɔrewu nwu, na wɔn a wɔreyera nso nyera. Na ma wɔn a aka no nso nkyekye wɔn ho wɔn ho nwe.”
Then I said, “I will not be your shepherd. If the sheep die, they die. Let those that are to perish, perish. Let those who are left eat each other!”
10 Afei, mefaa me poma a mefrɛ no Adɔeɛ no bubuu mu de sɛee apam a me ne aman no nyinaa ayɛ no.
Then I took my staff called Grace and broke it, breaking the agreement I had made with all the peoples.
11 Wɔsɛee no ɛda no ara, na wɔn a wɔrehunu amane wɔ nnwankuo no mu a na wɔrehwɛ me no hunuu sɛ, ɛyɛ Awurade asɛm.
It was broken on that day, and the sheep merchants who were watching me knew that it was a message from the Lord.
12 Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ ɛbɛyɛ yie a, montua me ka, na sɛ ɛnte saa nso a, momma ɛntena hɔ.” Enti, wɔtuaa dwetɛ mpɔ aduasa maa me.
I told them, “If you want to pay me my wages, then do so. If not, then don't.” So they paid me my wages—thirty pieces of silver.
13 Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “To ma ɔnwomfoɔ no,” ɛboɔ a ɛsɔ ani a wɔatwa ama me no. Enti, mefaa dwetɛ mpɔ aduasa no, na meto maa ɔnwomfoɔ a ɔwɔ Awurade fie mu no.
And the Lord said to me, “Throw the money to the treasury,” this measly sum they thought I was worth! So I took the thirty pieces of silver and threw it into the treasury of the Lord's Temple.
14 Afei, mebuu me poma a ɛtɔ so mmienu a wɔfrɛ no Nkabom no mu, de sɛee onuayɛ a ɛda Yuda ne Israel ntam no.
Then I broke my second staff called Union, breaking the family union between Judah and Israel.
15 Afei, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Fa odwanhwɛfoɔ kwasea no nneɛma no bio.
The Lord told me, Get the things you use as a shepherd, a useless shepherd.
16 Na merebɛma odwanhwɛfoɔ bi asɔre asase no so a ɔrenhwehwɛ deɛ wayera. Ɔrempɛ nnwammaa akyiri ɛkwan, ɔrensa deɛ wapira yadeɛ, ɔremma deɛ ɔwɔ ahoɔden aduane, na mmom, ɔbɛwe nnwan a wadɔre no nam, na watwitwa wɔn tɔte.
For I am placing a shepherd in charge of the land who won't care for those who are dying, or look for the lost, or heal the injured, or feed the healthy. Instead he will eat the meat from the fattest sheep. He even tears their hooves off.
17 “Nnome nka odwanhwɛfoɔ a ne ho nni mfasoɔ, na ɔdwane gya nnwankuo no! Akofena ntwa nʼabasa, ne nʼani nifa. Nʼabasa no nwu koraa, na nʼani nifa no mfira koraa!”
What disaster is coming to this useless shepherd who abandons the flock! The sword will strike his arm and his right eye. His arm will wither away and his right eye will become completely blind.