< Sakaria 10 >

1 Mommisa Awurade hɔ nsuo osutɔberɛ mu; ɛyɛ Awurade na ɔyɛ osutɔ mframa. Ɔma osuo tɔ ma nnipa nyinaa, ne mfudeɛ nso ma obiara.
שאלו מיהוה מטר בעת מלקוש יהוה עשה חזיזים ומטר גשם יתן להם לאיש עשב בשדה
2 Ahoni no ka nnaadaasɛm, nkɔmhyɛfoɔ nya anisoadehunu a ɛyɛ atorɔ; wɔde nkontomposɛm kyerɛ daeɛ ase, wɔma awerɛkyekyerɛ kwa. Enti nnipa no nenam te sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ na wɔhyɛ wɔn so.
כי התרפים דברו און והקוסמים חזו שקר וחלמות השוא ידברו הבל ינחמון על כן נסעו כמו צאן יענו כי אין רעה
3 “Mebo afu nnwanhwɛfoɔ no yie, na mɛtwe ntuanofoɔ no aso. Na Asafo Awurade bɛhwɛ ne nnwankuo a wɔyɛ Yuda fie no, na wayɛ wɔn sɛ animuonyam pɔnkɔ wɔ ɔsa mu.
על הרעים חרה אפי ועל העתודים אפקוד כי פקד יהוה צבאות את עדרו את בית יהודה ושם אותם כסוס הודו במלחמה
4 Tweatiboɔ bɛfiri Yuda mu, na ntomadan pɛɛwa bɛfiri hɔ, ɔsa mu tadua bɛfiri Yuda mu, na sodifoɔ nyinaa nso saa ara.
ממנו פנה ממנו יתד ממנו קשת מלחמה ממנו יצא כל נוגש יחדו
5 Wɔbɛbɔ mu ayɛ sɛ nnɔmmarima a wɔtiatia mmorɔno so atakyɛ mu wɔ ɔko mu. Esiane sɛ Awurade ka wɔn ho no enti, wɔbɛko na wɔadi apɔnkɔsotefoɔ no so.
והיו כגברים בוסים בטיט חוצות במלחמה ונלחמו כי יהוה עמם והבישו רכבי סוסים
6 “Mɛhyɛ Yuda fie den na magye Yosef fie no nkwa. Mede wɔn bɛsi wɔn dada mu ɛfiri sɛ me yam hyehye me wɔ wɔn ho. Wɔbɛyɛ te sɛ deɛ mempoo wɔn mpo, na me ne Awurade wɔn Onyankopɔn na mɛgye wɔn so.
וגברתי את בית יהודה ואת בית יוסף אושיע והושבותים כי רחמתים והיו כאשר לא זנחתים כי אני יהוה אלהיהם--ואענם
7 Efraimfoɔ bɛyɛ sɛ nnɔmmarima, wɔn ani bɛgye te sɛ deɛ wɔanom nsã. Wɔn mma bɛhunu na wɔn ani bɛgye; wɔbɛdi ahurisi wɔ wɔn akoma mu wɔ Awurade mu.
והיו כגבור אפרים ושמח לבם כמו יין ובניהם יראו ושמחו יגל לבם ביהוה
8 Meto nsa afrɛ wɔn aboaboa wɔn ano. Ampa ara megye wɔn bio; wɔbɛdɔɔso sɛ kane no.
אשרקה להם ואקבצם כי פדיתים ורבו כמו רבו
9 Ɛwom sɛ mɛhwete wɔn mu akɔ aman so, nanso wɔbɛkae me wɔ akyirikyiri nsase so. Wɔne wɔn mma bɛtena nkwa mu, na wɔbɛsane aba.
ואזרעם בעמים ובמרחקים יזכרוני וחיו את בניהם ושבו
10 Mede wɔn bɛfiri Misraim aba mɛboa wɔn ano afiri Asiria. Mede wɔn bɛba Gilead ne Lebanon, na wɔrensene hɔ.
והשבותים מארץ מצרים ומאשור אקבצם ואל ארץ גלעד ולבנון אביאם ולא ימצא להם
11 Wɔbɛfa ɛpo mu ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu, nanso wɔbɛma ɛpo asorɔkye no atae dinn. Nil mu nsuo nyinaa bɛwe Asiria ahomasoɔ nso wɔbɛbrɛ no ase na Misraim ahempoma bɛtwam.
ועבר בים צרה והכה בים גלים והבישו כל מצולות יאר והורד גאון אשור ושבט מצרים יסור
12 Mɛhyɛ wɔn den wɔ Awurade mu na ne din mu na wɔbɛnante,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
וגברתים ביהוה ובשמו יתהלכו נאם יהוה

< Sakaria 10 >