< Tito 2 >
1 Ɛsɛ sɛ wokyerɛ nkyerɛkyerɛ pa a wagye ato mu.
至於你,你所講的,該合乎健全的道理;
2 Ka kyerɛ nkɔkoraa na wɔmma wɔn ani nna hɔ, wɔnyɛ anyansafoɔ, na wɔnhyɛ wɔn ho so; wɔn gyidie mu nyɛ den, wɔnnya ɔdɔ na wɔntumi ntena ɔhaw mu.
教訓老人應節制、端莊。慎重,在信德、愛德和忍耐上,要正確健全。
3 Saa ara nso na ka kyerɛ mmerewa na wɔmmɔ ɔbra a ɛyɛ kronn. Wɔnnni nsekuro na wɔnnyɛ asadweam nso. Wɔnkyerɛ akyerɛ pa,
也要教訓老婦在舉止上要聖善,不毀謗人,不沉淪於酒,但教人行善,
4 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔnam so bɛtumi ama mmabaawa adɔ wɔn kununom ne wɔn mma,
好能教導青年婦女愛丈夫、愛子女、
5 ama wɔatumi ahyɛ wɔn ho so, ayɛ kronn na wɔayɛ awarefoɔ pa a wɔtie wɔn kununom asɛm, na obi anka bɔne amfa Onyankopɔn asɛm no ho.
慎重、貞潔、勤理家務、善良、服從自己的丈夫,免得抵毀天主的聖道。
6 Saa ara na hyɛ mmeranteɛ na wɔnnya ahohyɛsoɔ.
你也要教訓青年人在一切事上要慎重。
7 Nneɛma nyinaa mu, fa wo ho yɛ nhwɛsoɔ pa wɔ nnwuma payɛ mu. Di nokorɛ na ma wʼani nku wo nkyerɛkyerɛ ho.
你該顯示自己的為行善的模範,在教導上應表示純正莊重,
8 Ka nsɛm a ɛho te na obi antumi antia mu na ama atamfoɔ ani awu sɛ wɔnnya asɛm bɔne nka mfa yɛn ho.
要講健全無可指摘的話,使反對的人感到慚愧,說不出我們什麼不好來。
9 Ɛsɛ sɛ asomfoɔ tie wɔn wuranom na adeɛ nyinaa mu, wɔsɔ wɔn wuranom ani. Ɛnsɛ sɛ wɔyiyi nsɛm ano
教訓奴隸在一切事上要服從自己的主人,常叫他們喜悅,不要抗辯,
10 anaa wɔbɔ wɔn korɔno. Deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne sɛ, ɛberɛ nyinaa mu, wɔyɛ papa na wɔdi nokorɛ na ɛnam so ma biribiara a wɔyɛ no de animuonyamhyɛ aba nkyerɛkyerɛ a ɛfa Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no ho.
不要竊取,惟要事事表示自己實在忠信,好使我們救主天主的聖道,在一切事上獲得光榮。
11 Onyankopɔn adom a ɛde nkwagyeɛ ba no ayi no ho adi akyerɛ nnipa nyinaa.
的確,天主救眾人的恩寵已經出現,
12 Na adom no kyerɛ yɛn sɛ, yɛmpa asetena a ɛho nteɛ no ne ewiase akɔnnɔ akyi na yɛntena ase ahohyɛsoɔ, kronnyɛ ne Onyamesuro mu wɔ ewiase ha. (aiōn )
教導我們棄絕不虔敬的生活,和世俗的貪慾,有節制,公正地、虔敬地在今世生活, (aiōn )
13 Yɛwɔ anidasoɔ wɔ ɛberɛ a yɛretwɛn Onyankopɔn tumfoɔ a ɔne Agyenkwa Yesu Kristo no ba a ɔbɛba bio wɔ animuonyam mu no.
期待所希望的幸福,和我們偉大的天主及救主耶穌基督的顯現。
14 Ɔde ne ho maa yɛn de gyee yɛn firii bɔne mu, ɔyɛɛ yɛn kronn de yɛn yɛɛ ne nko ara dea; nnipa a yɛpɛ papayɛ.
衪為我們捨棄了自己,是為救贖我們脫離一切罪惡,洗淨我們,使我們能成為衪的選民,叫我們熱心行善。
15 Kyerɛkyerɛ saa nneɛma yi na gyina wo tumi so hyɛ wʼatiefoɔ nkuran, ka wɔn anim. Mma wɔn mu bi mmu wo abomfiaa.
你要宣講這些事,以全規勸和指摘,不要讓任何人輕視你。