< Tito 1 >

1 Nwoma yi firi Onyankopɔn ɔsomfoɔ ne Yesu Kristo somafoɔ Paulo nkyɛn. Wɔyii me na wɔsomaa me sɛ memmɛboa nhyɛ nnipa a Onyankopɔn ayi wɔn no gyidie mu den na menkyerɛkyerɛ wɔn nokwasɛm a ɛde nyamesuro ba,
Paul, a servant of God, and an apostle of Christ Jesus, for the faith of God's elect, and the knowledge of the truth which is according to godliness,
2 a ne nnyinasoɔ yɛ nkwa a ɛnni awieeɛ no. Onyankopɔn a ɔnni atorɔ no hyɛɛ yɛn asetena yi ho bɔ ansa na ɔrefiri ewiase ase; (aiōnios g166)
in hope of everlasting life, which God, who cannot lie, promised from the most ancient times, (aiōnios g166)
3 na ɛberɛ a ɛsɛ mu no, ɔdaa asɛm no a daa yɛka ho asɛm no adi. Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Agyenkwa na wafrɛ me sɛ menyɛ adwuma a ɔde ahyɛ me nsa yi.
but in his own seasons manifested his word through the preaching with which I was intrusted by the commandment of God our Saviour:
4 Meretwerɛ akɔma me ba Tito afa gyidie baako a yɛn nyinaa kura mu no ho: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri Agya Onyankopɔn ne Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no nka wo!
to Titus, true child after the common faith: Grace and peace from God the Father and Christ Jesus our Saviour.
5 Megyaa wo Kreta sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛtoto nneɛma a aka no pɛpɛɛpɛ na wayi mpanimfoɔ atuatua asafo a ɛwɔ kuro biara mu no ano.
For this cause I left thee behind in Crete, that thou shouldst set in order the things that are wanting, and appoint elders in every city, as I directed thee;
6 Kae mmara a mehyɛ maa wo no. Ɔpanin yɛ obi a ne ho nni asɛm na ɔwɔ yere baako na ne mma yɛ agyidifoɔ a wɔmmɔ ahohwi bra, na wɔnyɛ asoɔden nso.
if any one is without reproach, the husband of one wife, having believing children, that are not accused of dissoluteness, or unruly.
7 Ɛnsɛ sɛ mfomsoɔ biara ba ɔpanin no ho ɛfiri sɛ, Onyame adwuma hyɛ ne nsa. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ahomasoɔ, anaa obi a ne bo nkyɛre fu anaa ɔkɔwensani anaa basabasayɛfoɔ anaa sikanibereɛfoɔ.
For a bishop must be without reproach, as God's steward; not self-willed, not soon angry, not given to wine, not a striker, not greedy of base gain,
8 Ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔpɛ ahɔhoyɛ na nʼani gye deɛ ɛyɛ ho na nʼadwenem da hɔ na ɔtene na ɔyɛ kronn na ɔwɔ ahohyɛsoɔ.
but hospitable, a lover of what is good, discreet, just, holy, temperate,
9 Ɛsɛ sɛ ɔsɔ asɛm no mu denden sɛdeɛ wɔkyerɛɛ no no. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛtumi ahyɛ afoforɔ den wɔ saa nkyerɛkyerɛ pa no mu, na wada wɔn a wɔtia asɛm no mu no nso mfomsoɔ adi.
holding fast the sure word according to what he was taught, that he may be able by sound teaching both to exhort, and to refute the gainsayers.
10 Nnipa pii wɔ hɔ a wɔsɔre tia na wɔnam wɔn nkwaseasɛm so daadaa afoforɔ, ne titire no, wɔn a wɔfiri twetiatwasom no mu.
For there are many unruly vain talkers and deceivers, especially they of the circumcision;
11 Ɛsɛ sɛ wosi wɔn nkyerɛkyerɛ no ano ɛfiri sɛ, wɔnam wɔn nkyerɛkyerɛ bɔne no so ma ntoto ba mmusua mu nam so de pɛ sika.
whose mouths must be stopped, since they overturn whole houses, teaching things which they ought not, for the sake of base gain.
12 Mpo Kreta adiyifoɔ no mu baako kaa sɛ, “Kretafoɔ no yɛ atorofoɔ, mmoa atirimuɔdenfoɔ ne akwadwofoɔ adidifoɔ.”
One of themselves, even a prophet of their own, said: “The Cretans are always liars, evil beasts, slothful gluttons.”
13 Na asɛm a ɔkaeɛ no yɛ nokorɛ. Esiane saa enti, ɛsɛ sɛ moka wɔn anim yie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya gyidie pa,
This testimony is true; for which cause rebuke them sharply, that they may be sound in the faith,
14 na wɔantena ase amma twetiatwa atorɔsɛm ne nhyɛ a ɛfiri nnipa a wɔapo nokorɛ no.
not giving heed to Jewish fables, and commandments of men who turn away from the truth.
15 Biribiara yɛ kronn ma wɔn a wɔyɛ kronn no, nanso biribiara nyɛ kronn mma wɔn a wɔn ho agu fi na wɔnni gyidie, ɛfiri sɛ, wɔn adwene ne wɔn atiboa ho agu fi.
To the pure all things are pure; but to the defiled and unbelieving nothing is pure, but both their mind and conscience are defiled.
16 Wɔka sɛ wɔnim Onyankopɔn, nanso wɔn nneyɛeɛ nkyerɛ saa. Wɔyɛ nnipa a obiara tan wɔn, na wɔyɛ asoɔdenfoɔ a wɔntumi nyɛ ade pa biara.
They profess that they know God, but by their works they deny him, being abominable and disobedient, and for every good work reprobate.

< Tito 1 >