< Nnwom Mu Dwom 1 >
2 Ma ɔmfa nʼano mfeano no mfe mʼano, ɛfiri sɛ wo dɔ no yɛ ahomeka sene bobesa.
Ma ɔmfa nʼano mfewano no mfew mʼano, efisɛ wo dɔ no yɛ anigye sen bobesa.
3 Wʼaduhwam yi hwa a ɛyɛ ahomeka wo din te sɛ aduhwam a wɔahwie. Na ɛnyɛ nwanwa sɛ mmabaawa no dɔ woɔ!
Wʼaduhuam yi hua a ɛyɛ anigye; wo din te sɛ aduhuam a wɔahwie. Na ɛnyɛ nwonwa sɛ mmabaa no dɔ wo!
4 Fa me kɔ, ma yɛnyɛ ntɛm! Ma ɔhene mfa me nkɔ ne piam. Nnamfonom Yɛbɛdi ahurisie na yɛn ani agye wo ho. Yɛbɛkamfo wo dɔ asene bobesa. Ababaawa: Sɛ wɔkamfo wo a, na ne kwan so ara ne no!
Fa me kɔ, ma yɛnyɛ ntɛm! Ma ɔhene mfa me nkɔ ne pia mu. Nnamfonom: Yebedi ahurusi na yɛn ani agye wo ho. Yɛbɛkamfo wo dɔ asen bobesa. Ababaa: Sɛ wɔkamfo wo a, na ne kwan so ara ne no!
5 Mebiri deɛ, nanso me ho yɛ fɛ, Ao, Yerusalem mmammaa, mobiri te sɛ Kedar ntomadan, te sɛ, Salomo ntomadan mu ntwamutam!
Mibiri de, nanso me ho yɛ fɛ, Yerusalem mmabea, mobiri te sɛ Kedar ntamadan, te sɛ, Salomo ntamadan mu ntwamtam!
6 Nhwɛ me haa sɛ mebirie enti, ɛfiri sɛ awia na ayɛ me saa. Memaa mmammarima bo fuu me enti wɔmaa me kɔhwɛɛ bobe nturo so; na amma manhwɛ mʼankasa me bobe turo.
Nhwɛ me haw sɛ mibiri nti, efisɛ owia na ayɛ me saa. Me na mmabarima bu fuw me, enti wɔma me kɔhwɛɛ bobe nturo so; na amma manhwɛ mʼankasa me bobeturo.
7 Kyerɛ me me dɔfoɔ, faako a wode wo nnwankuo kɔ adidi na owigyinaeɛ nso faako a woma wo nnwan home. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ meyɛ sɛ ɔbaa a wakata nʼanim wɔ wo nnamfonom nnwankuo ho?
Kyerɛ me, me dɔfo, faako a wode wo nguankuw kɔ adidi na owigyinae nso, faako a woma wo nguan home. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ meyɛ sɛ ɔbea a wakata nʼanim wɔ wo nnamfonom nguankuw ho?
8 Sɛ wonnim a, mmaa ahoɔfɛfoɔ pa ara no, fa ɛkwan a nnwan fa soɔ so na fa wo mpapo mma kɔ adidi wɔ nnwanhwɛfoɔ no ntomadan ho.
Sɛ wunnim a, mmea mu ɔhoɔfɛfo koraa, fa ɔkwan a nguan fa so so na fa wo mpapomma kɔ adidi wɔ nguanhwɛfo no ntamadan ho.
9 Me dɔfoɔ, mede wo toto pɔnkɔ bereɛ a wɔde ahoma asa no wɔ Farao nteaseɛnam baako ho.
Me dɔfo, mede wo toto ɔpɔnkɔbere a wɔde hama asa no wɔ Farao nteaseɛnam baako ho no ho.
10 Nsomuadeɛ ama wʼafono ho ayɛ fɛ, na abohemaa a woasina agu wo kɔn mu no fata wo.
Asokaa ama wʼafono ho ayɛ fɛ, na abohemaa a woasina agu wo kɔn mu no fata wo.
11 Yɛbɛyɛ sikakɔkɔɔ nsomuadeɛ a wɔde dwetɛ asisi mu ama wo.
Yɛbɛyɛ sikakɔkɔɔ asokaa a wɔde dwetɛ asisi mu ama wo.
12 Ɛberɛ a ɔhene te nʼadidi ɛpono ho no, nʼaduhwam hwa no gyee hɔ.
Bere a ɔhene te ne didipon ho no, nʼaduhuam hua no gyee hɔ.
13 Me dɔfoɔ ayɛ me sɛ kurobo toa a ɛda me nufu ntam.
Me dɔfo ayɛ me sɛ kurobow toa a ɛda me nufu ntam.
14 Me dɔfoɔ ayɛ me sɛ nhwiren boa a ayɛ frɔmm wɔ En-Gedi bobe turo mu.
Me dɔfo ayɛ me sɛ nhwiren boa a ayɛ frɔmfrɔm wɔ En-Gedi bobeturo mu.
15 Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ! Ao, ahoɔfɛ nie wʼaniwa aba te sɛ aborɔnoma.
Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ! Ao, ahoɔfɛ ni! Wʼaniwa aba te sɛ mmorɔnoma.
16 Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ! Ao, ahoɔfɛ nie yɛn mpa so yɛ akɔnɔakɔnɔ.
Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ! Ao, ahoɔfɛ ni! Yɛn mpa so yɛ akɔnnɔakɔnnɔ.
17 Yɛn fie mpunan yɛ ntweneduro; yɛn nsamsoɔ yɛ pepeaa.
Yɛn fi mpuran yɛ sida; yɛn nsɛmso yɛ ɔpepaw.