< Nnwom Mu Dwom 8 >
1 Sɛ anka woyɛɛ me nuabarima a wonum me maame nufu ano, ɛna mehunuu wo wɔ abɔntene so a, anka mɛfe wʼano, a obiara ntumi mmu me animtiaa.
O that you were to me like a brother who nursed at my mother’s breasts! If I found you outdoors, I would kiss you, and no one would despise me.
2 Anka mɛdi wʼanim na mede wo aba me maame efie, ɔno a woakyerɛkyerɛ me. Anka mɛma wo bobesa a wɔde pɛprɛ afra mu, me ateaa mu nsuo dɔkɔ dɔkɔ no bi.
I would lead you and bring you to the house of my mother who taught me. I would give you spiced wine to drink, the nectar of my pomegranates.
3 Ne nsa benkum da mʼatikɔ na ne nsa nifa aka me afam ne bo.
His left hand is under my head, and his right arm embraces me.
4 Yerusalem mmammaa, mehyɛ mo sɛ, morennyane na morenhwanyane ɔdɔ mu kɔsi ɛberɛ a ɛsɛ mu.
O daughters of Jerusalem, I adjure you: Do not arouse or awaken love until the time is right.
5 Hwan na ɔfiri ɛserɛ so reba a ɔtwere ne dɔfoɔ kokom yi? Ababaawa: Mekanyanee wo wɔ aprɛ dua no ase; ɛhɔ na wo maame nyinsɛnee woɔ, ɛhɔ na deɛ ɔkoo awoɔ no woo woɔ.
Who is this coming up from the wilderness, leaning on her beloved? I roused you under the apple tree; there your mother conceived you; there she travailed and brought you forth.
6 Fa me to wʼakoma so sɛ nsɔanodeɛ, sɛ nsɔanodeɛ wɔ wʼabasa so, ɛfiri sɛ ɔdɔ ano yɛ den sɛ owuo, ne ninkunutweɛ tim hɔ sɛ damena. Ɛhyehye sɛ ogyadɛreɛ, sɛ ogyaframa a ano yɛ den pa ara. (Sheol )
Set me as a seal over your heart, as a seal upon your arm. For love is as strong as death, its jealousy as unrelenting as Sheol. Its sparks are fiery flames, the fiercest blaze of all. (Sheol )
7 Nsuo dodoɔ rentumi nnum ɔdɔ; nsubɔntene rentumi nhohoro nkɔ. Sɛ obi de ne fie ahonya nyinaa bɛsesa ɔdɔ a anka wɔremmu no adeɛ a ɛsom bo.
Mighty waters cannot quench love; rivers cannot sweep it away. If a man were to give all the wealth of his house for love, his offer would be utterly scorned.
8 Yɛwɔ nuabaa akumaa bi a, ne nufu mmobɔeɛ. Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ ama yɛn nuabaa yi wɔ da a wɔbɛbisa no ase?
We have a little sister, and her breasts are not yet grown. What shall we do for our sister on the day she is spoken for?
9 Sɛ ɔyɛ ɔfasuo a, yɛbɛsi dwetɛ abantenten abɔ ne ho ban. Sɛ ɔyɛ ɛpono a, yɛde ntweneduro bɛsi ne ɛpono no kwan.
If she is a wall, we will build a tower of silver upon her. If she is a door, we will enclose her with panels of cedar.
10 Meyɛ ɔfasuo, na me nufu te sɛ abantenten. Enti nʼani so no mayɛ sɛ obi a ɔde deɛ ɛsɔ ani reba.
I am a wall, and my breasts are like towers. So I have become in his eyes like one who brings peace.
11 Na Salomo wɔ bobeturo wɔ Baal-Hamon; ɔde ne bobeturo no maa apaafoɔ. Na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara tua no nnwetɛbena apem.
Solomon had a vineyard in Baal-hamon. He leased it to the tenants. For its fruit, each was to bring a thousand shekels of silver.
12 Nanso me bobeturo yi yɛ me dea. Me deɛ, meremfa mma; Salomo de ne deɛ gye nnwetɛbena apem, na ɔtua nʼapaafoɔ nnwetɛbena ahaanu ma wɔhwɛ ne nnuaba no so.
But my own vineyard is mine to give; the thousand shekels are for you, O Solomon, and two hundred are for those who tend its fruit.
13 Wo a wote turo no mu ne nnamfonom a wɔka wo ho, ma mente wo nne.
You who dwell in the gardens, my companions are listening for your voice. Let me hear it!
14 Bra ma yɛnkɔ, me dɔfoɔ, na yɛ wo ho sɛ ɔdabɔ ba anaasɛ ɔforoteɛ ba a ɔwɔ mmepɔ a nnuhwam ahyɛ so ma so.
Come away, my beloved, and be like a gazelle or a young stag on the mountains of spices.