< Nnwom Mu Dwom 7 >
1 Wo nan ne mpaboa yɛ fɛ, Ao, ɔdehyeɛ babaa! Wʼanantuo a wogyina so te sɛ abohemaa, odwumfoɔ nsa ano adwuma.
As the chorus of “Mahanaim.” How beautiful were your feet with sandals, O daughter of Nadib. The turnings of your sides [are] as ornaments, Work of the hands of a craftsman.
2 Wo funuma yɛ kuruwa a ɛnni nsa a nsã pa wɔ mu ɛberɛ biara. Wo sisi yɛ atokoɔ a wɔaboa ano na sukooko atwa ho ahyia.
Your waist [is] a basin of roundness, It does not lack the mixture, Your body a heap of wheat, fenced with lilies,
3 Wo nufu te sɛ aforoteɛ mma mmienu, adabɔ mma ntafoɔ.
Your two breasts as two young ones, twins of a roe,
4 Wo kɔn te sɛ asonse abantenten. Wʼaniwa aba te sɛ Hesbon ntadeɛ a ɛwɔ Bat Rabim ɛpono nkyɛn. Wo hwene te sɛ Lebanon abantenten a ɛkyerɛ Damasko no.
Your neck as a tower of the ivory, Your eyes pools in Heshbon, near the Gate of Bath-Rabbim, Your face as a tower of Lebanon looking to Damascus,
5 Wo tiri si so sɛ Karmel Bepɔ. Wo tirinwi te sɛ adehyetoma a wɔadi mu adwinneɛ; wo tirinwi tentene no dwomfa ɔhene.
Your head on you as Carmel, And the locks of your head as purple, The king is bound with the flowings!
6 Wo ho yɛ fɛ, Ao ɔdɔ, wo ho anikadeɛ ma wo ho yɛ ahomeka.
How beautiful and how pleasant you have been, O love, in delights.
7 Wo siberɛ te sɛ abɛ dua, na wo nufu te sɛ aduaba siaka.
This your stature has been like to a palm, And your breasts to clusters.
8 Mekaa sɛ, “Mɛforo abɛ dua no; na masɔ nʼaba mu.” Wo nufu nyɛ sɛ bobe siaka, na wo homeɛ mu hwa nyɛ sɛ aprɛ.
I said, “Let me go up on the palm, Let me lay hold on its boughs,” Indeed, let your breasts now be as clusters of the vine, And the fragrance of your face as citrons,
9 Na wʼanomu hwa nyɛ sɛ bobesa papa. Ababaawa: Ma bobesa no nkɔ me dɔfoɔ hɔ tee, ɛntene mfa nʼanofafa ne ne se no so brɛoo.
And your palate as the good wine—Flowing to my beloved in uprightness, Strengthening the lips of the aged!
10 Meyɛ me dɔfoɔ dea, na nʼapɛdeɛ ne me.
I [am] my beloved’s, and on me [is] his desire.
11 Bra, me dɔfoɔ; ma yɛnkɔ nkuraase, ma yɛnkɔda nkuraase anadwo baako.
Come, my beloved, we go forth to the field,
12 Ma yɛnkɔ bobefuo mu ntɛm nkɔhwɛ sɛ bobe no agu nhyerɛnne, sɛ nhyerɛnne no apaapae, anaasɛ ateaa no ayɛ frɔmm. Ɛhɔ na mede me dɔ bɛma wo.
We lodge in the villages, we go early to the vineyards, We see if the vine has flourished, The sweet smelling-flower has opened. The pomegranates have blossomed, There I give to you my loves;
13 Adasoa yi ne hwa, na akɔnnɔduane nyinaa bɛgu yɛn ɛpono ano, foforɔ ne dada, a mede asie ama woɔ, me dɔfoɔ.
The mandrakes have given fragrance, And at our openings all pleasant things, New, indeed, old, my beloved, I laid up for you!