< Nnwom Mu Dwom 6 >

1 Ɛhe na wo dɔfoɔ no korɔ mmaa ahoɔfɛfoɔ mu ahoɔfɛ? Ɛhe na wo dɔfoɔ dane faeɛ, na yɛne wo nkɔhwehwɛ no?
Ɛhe na wo dɔfo no kɔ mmea ahoɔfɛfo mu ahoɔfɛ? Ɛhe na wo dɔfo man fae, na yɛne wo nkɔhwehwɛ no?
2 Me dɔfoɔ kɔ ne turo mu, faako a pɛperɛ nkofie wɔ hɔ, ɔkɔkyinkyini turo no mu akɔboaboa sukooko ano.
Me dɔfo kɔ ne turo mu, faako a woduadua nnua ahorow, okokyinkyin turo no mu akɔboaboa sukooko ano.
3 Me dɔfoɔ yɛ me dea, na me nso me wɔ no; ɔkyinkyin sukooko no mu.
Me dɔfo yɛ me de, na me nso meyɛ ne de; okyinkyin sukooko no mu.
4 Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ te sɛ Tirsa, wʼahoɔfɛ te sɛ Yerusalem, wosi pi te sɛ asraafoɔ a wɔretu frankaa.
Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ te sɛ Tirsa, wʼahoɔfɛ te sɛ Yerusalem, wusi pi te sɛ asraafo a wɔretu frankaa.
5 Ɛnhwɛ me saa; wo ma me yɛ basaa. Wo tirinwi te sɛ mpapokuo a wɔresiane firi Gilead.
Nhwɛ me saa; wobunkam me so. Wo ti nwi te sɛ mpapokuw a wɔresian afi Gilead.
6 Wo se te sɛ nnwankuo a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforɔ, a wɔfiri adwareɛ. Wɔnam mmienu mmienu na wɔn mu biara nyɛ ankonam.
Wo se te sɛ nguankuw a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforo, a wofi aguaree. Baako mpo nyeraa ɛ.
7 Wʼasontorɔ mu a ɛhyɛ wo nkatanimu mu te sɛ ateaa aduaba fa.
Wʼasontɔre a ɛhyɛ wo nkataanim mu te sɛ ntunkum aduaba fa.
8 Ebia na ɔyerenom yɛ aduosia, mpenafoɔ bɛyɛ aduɔwɔtwe, ne mmabaawa dodoɔ a wɔntumi nkan wɔn;
Ebia na ɔyerenom yɛ aduosia, mpenanom bɛyɛ aduɔwɔtwe, ne mmabaa dodow a wontumi nkan wɔn;
9 nanso mʼaborɔnoma a ne ho nni asɛm da mu fua; ɔno nko ara ne ne maame babaa, ɔno na deɛ ɔwoo no no pɛ nʼasɛm. Mmabaawa hunu no no, wɔfrɛɛ no nhyira; ahemaa ne mpenafoɔ kamfoo no.
nanso mʼaborɔnoma a ne ho nni asɛm yɛ sononko; ɔno nko ara ne ne na babea, ɔno na nea ɔwoo no no pɛ nʼasɛm. Mmabaa huu no no, wɔfrɛɛ no nhyira; ahemmea ne mpenanom kamfoo no.
10 Hwan na wapue sɛ ahemadakye yi, ɔyɛ frɔmm sɛ ɔsrane, na ɔhyerɛn sɛ owia, nʼanimuonyam te sɛ nsoromma a wɔsa so.
Hena na wapue sɛ ahemadakye yi, ɔyɛ frɔmfrɔm sɛ ɔsram, na ɔhyerɛn sɛ owia, nʼanuonyam te sɛ nsoromma a wɔsa so.
11 Mesiane kɔɔ nnuaba pɔ mu hɔ sɛ merekɔhwehwɛ afifideɛ foforɔ a ɛwɔ bɔnhwa no mu, sɛ bobe no agu nhyerɛnne anaasɛ ateaa no ayɛ frɔmm.
Misian kɔɔ nnuaba pɔw mu hɔ sɛ merekɔhwehwɛ afifide foforo a ɛwɔ obon no mu, sɛ bobe no agu nhwiren, anaasɛ ntunkum no ayɛ frɔmfrɔm.
12 Mʼani baa me ho so no na mʼadwene de me abɛsi me nkurɔfoɔ adehyeɛ nteaseɛnam so.
Mʼani baa me ho so no na mʼadwene de me abesi me nkurɔfo adehye nteaseɛnam so.
13 Sane wʼakyi, sane wʼakyi, Ao, Sulamit abaayewa; Sane bra, sane bra ma yɛn nhwɛ wo! Aberanteɛ: Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mohwɛ Sulamit abaayewa sɛdeɛ mohwɛ Mahanaim asa?
San wʼakyi, san wʼakyi, Sulamit babea; San bra, san bra ma yɛnhwɛ wo! Aberante: Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mohwɛ Sulamit abeawa sɛnea mohwɛ Mahanaim asaw no?

< Nnwom Mu Dwom 6 >