< Nnwom Mu Dwom 2 >

1 Meyɛ Saron nhwiren ne bɔnhwa mu sukooko.
I am the rose of Sharon, the lily of the valleys.—
2 Sɛdeɛ sukooko a ɛwɔ nkasɛɛ mu teɛ no saa ara na me dɔfoɔ te wɔ mmabaawa mu.
Like the lily among the thorns, so is my beloved among the young maidens.—
3 Sɛdeɛ aprɛ teɛ wɔ kwaeɛ mu nnua mu no saa ara na me dɔfoɔ teɛ wɔ mmaranteɛ mu. Sɛ metena ne nwunu mu a, menya ahomeka na nʼaba nso yɛ mʼanom dɛ.
Like the apple-tree among the trees of the forest, so is my friend among the young men: under his shadow do I ardently wish to sit, and his fruit is sweet to my palate.
4 Ɔde me akɔ apontoɔ ase, na mʼahyɛnsodeɛ yɛ ɔdɔ.
He brought me to the banqueting-house, and his banner over me was love.
5 Momma me bobe aba na menya ahoɔden, momma me aprɛ na ɛnnwodwo me, ɛfiri sɛ ɔdɔ ama matɔ baha.
Strengthen me with flagons of wine, refresh me with apples; for sick of love am I.
6 Ne nsa benkum da mʼatikɔ, na ne nsa nifa aka me afam ne bo.
Oh that his left hand might be under my head, and that his right might embrace me.
7 Yerusalem mmammaa, mehyɛ mo sɛ, Momfa wiram atwewa ne ɔforoteɛ nka ntam sɛ morennyane, na morenhwanyane ɔdɔ mu kɔsi ɛberɛ a ɛsɛ mu.
I adjure you, O daughters of Jerusalem, by the roes, and by the hinds of the field, that ye awaken not, nor excite my love, till it please [to come of itself].—
8 Tie! Me dɔfoɔ! Hwɛ! Ɔno na ɔreba no, ɔrehurihuri wɔ mmepɔ no so na ɔbɔ pentenkwa wɔ nkokoɔ no so.
The voice of my friend! behold, there he cometh, leaping over the mountains, skipping over the hills.
9 Me dɔfoɔ te sɛ ɔtwe anaa ɔforoteɛ. Hwɛ! Ɔgyina yɛn ɔfasuo akyi, ɔhwɛ mpomma no mu, wagyene nʼani hwɛ ntokua no mu.
My friend is like a roebuck or the fawn of the hinds: behold, there he standeth behind our wall, looking in at the windows, seeing through the lattice.
10 Me dɔfoɔ kasa kyerɛɛ me sɛ, “Sɔre, me dɔfoɔ ne mʼahoɔfɛ na bra me nkyɛn.
My friend commenced, and said unto me, Rise thee up, my beloved, my fair one, and come along.
11 Hwɛ! Awɔberɛ atwam; na osutɔ atwam kɔ.
For, lo, the winter is past, the rain is over and gone its way.
12 Nhwiren afifiri asase ani: nnwontoɔ berɛ aso. Wɔte mmorɔnoma su wɔ yɛn asase so.
The flowers are seen in the land; the time of the [birds'] singing is come, and the voice of the turtle-dove is heard in our land;
13 Borɔdɔma agu nhyerɛnne; na bobe hwa agye baabiara. Sɔre bra, me dɔfoɔ; mʼahoɔfɛ bra me nkyɛn.”
The fig-tree perfumeth its green figs, and the vines with young grapes give forth a [pleasant] smell. Arise thee, my beloved, my fair one, and come along.
14 Mʼaborɔnoma a wohyɛ abotan ntokuro mu ahinta wɔ mmepɔ so, ma me nhunu wʼanim; ma mente wo nne; wo nne yɛ dɛ, na wʼanim yɛ fɛ.
O my dove, who art in the clefts of the rock, in the recesses of the cliffs, let me see thy countenance, let me hear thy voice; for thy voice is sweet, and thy countenance is comely.—
15 Monkyekyere sakraman no mma yɛn, sakraman nketewa no a wɔsɛe bobe nturo, yɛn bobe nturo a ayɛ frɔmm no.
Seize for us the foxes, the little foxes, that injure the vineyards; for our vineyards have young grapes.
16 Me dɔfoɔ yɛ me dea, na mewɔ no; ɔhwehwɛ sukooko no mu.
My friend is mine, and I am his—that feedeth among the lilies.
17 Ɛnkɔsi sɛ adeɛ bɛkye na sunsumma bɛsene akɔ no, dane wo ho me dɔfoɔ, na yɛ sɛ ɔtwewa anaa ɔforoteɛ a ɔwɔ nkokoɔ mmɔnkyi mmɔnka no so.
Until the day become cool, and the shadows flee away, turn about, my friend, and be thou like the roebuck or the fawn of the hinds upon the mountains of separation.

< Nnwom Mu Dwom 2 >