< Rut 4 >
1 Boas kɔɔ kuro no ɛpono ano kɔtenaa ase wɔ hɔ. Ɛberɛ a obusuani gyefoɔ nimpɔn a ɔkaa ne ho asɛm no baa hɔ no, Boas frɛɛ no kaa sɛ, “Mʼadamfo, mesrɛ wo bra na mepɛ sɛ me ne wo twetwe nkɔmmɔ.” Enti, wɔtenaa ase.
Boaz went to the town gate, and sat down there. The family redeemer that Boaz had mentioned happened to pass by, so Boaz said to him, “Come over here, friend, and sit down.” The man came over and sat down.
2 Na Boas frɛɛ kuro no mu ntuanofoɔ edu sɛ wɔmmɛtena ase sɛ adansefoɔ.
Then Boaz selected ten of the town elders and asked them to sit there with them.
3 Na Boas ka kyerɛɛ obusuani gyefoɔ nimpɔn no sɛ, “Wonim Naomi a ɔfiri Moab baeɛ no. Ɔretɔn asase a na ɛyɛ yɛn busuani Elimelek dea no.
Boaz said to the family redeemer, “Naomi who has returned from the country of Moab is selling the piece of land that belonged to Elimelech, our relative.
4 Mesusu sɛ, ɛsɛ sɛ, me ne wo di ho nkɔmmɔ na sɛ wopɛ a, woagye. Sɛ wopɛ asase no a, tɔ no ha yi ara wɔ saa adansefoɔ yi anim. Na sɛ wompɛ nso a, ma mente no seesei ara, ɛfiri sɛ, sɛ woantumi annye a, me ne onipa a medi wʼakyi wɔ abusua no mu a ɛsɛ sɛ megye.” Na ɔbarima no buaa sɛ, “Mɛgye.”
I decided I should tell you in case you want to buy it here in the presence of these elders of the people. If you want to redeem it, then go ahead. But it you don't, then tell me so I'll know, because you are first in line to redeem it, and I'm next.” “I want to redeem it,” said the family redeemer.
5 Afei, Boas ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wotɔ asase no firi Naomi nkyɛn a, na ɛsɛ sɛ woware Moabni okunafoɔ Rut no. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛwo mma a ne kunu din bɛda wɔn so na asase no bɛtena abusua no mu.”
“When you buy the land from Naomi you also acquire Ruth the Moabite, Mahlon's widow, so you can marry her and have children with her to ensure the man's line continues,” Boaz explained.
6 Ɛhɔ ara na abusua mu gyefoɔ nimpɔn no kaa sɛ, “Ɛnneɛ merentumi ntɔ asase no, ɛfiri sɛ, ɛbɛha mʼagyapadeɛ. Tɔ asase no na merentumi ntɔ.”
“Well, I can't do it then,” the family redeemer replied. “If I were to redeem it, that could jeopardize what I already own. You redeem it for yourself, because I can't.”
7 Saa ɛberɛ no, na ɛyɛ Israel amanneɛ sɛ, sɛ obiara redane nʼadeɛ bi a watɔ no ɛkwan pa so ama obi foforɔ a, ɔworɔ ne mpaboa de ma ɔtɔfoɔ no. Wɔyɛ saa wɔ badwa mu de hyɛ adetɔ no mu den.
(Now during those times it was the custom in Israel to confirm the action of family redeemer, property transfer, or any similar legal matter by removing a sandal and handing it over. This was the way of validating a transaction in Israel.)
8 Enti, abusua gyefoɔ nimpɔn no worɔɔ ne mpaboa ka kyerɛɛ Boas sɛ, “Wo ara tɔ asase no.”
So the family redeemer took off his sandal and told Boaz, “You buy it.”
9 Na Boas ka kyerɛɛ ɔman no ntuanofoɔ no ne ɛdɔm a wɔatwa ahyia hɔ no sɛ, “Ɛnnɛ matɔ Elimelek, Kilion ne Mahlon agyapadeɛ a ɛwɔ Naomi nsam, na moyɛ ɛho adansefoɔ.
Then Boaz said to the elders and all the people present, “You are witnesses that today I have bought from Naomi all that belonged to Elimelech, Mahlon, and Chilion.
10 Menam asase no tɔ so afa Rut a ɔyɛ Moabni a ɔyɛ Mahlon kunafoɔ no sɛ me yere. Ɛno enti, sɛ ɔwo ɔbabarima a, ɔbɛfa ne kunu a wawu no abusua din na wafa abusua agyapadeɛ a ɛwɔ ne kurom ha nso. Ɛnnɛ, mo nyinaa moyɛ adansefoɔ.”
I have also acquired Ruth the Moabite, Mahlon's widow, as my wife. By having children who may inherit his property his name will be kept alive in his family and in his home town. You are witnesses of this today.”
11 Afei, ntuanofoɔ no ne ɔmanfoɔ no nyinaa sɔre gyinaeɛ kaa sɛ, “Yɛyɛ adansefoɔ! Awurade mmoa mma ɔbaa a afei na ɔreba wo fie no nyɛ sɛ Rahel ne Lea a wɔn mu na Israel aman nyinaa firi no. Wobɛyɛ kɛse wɔ Efrata na woagye edin wɔ Betlehem.
The elders and all the people present at the town gate said, “Yes, we are witnesses. May the Lord make the woman who is coming to your house like Rachel and Leah who between them gave birth to the people of Israel. May you become prosperous in Ephrathah, and famous in Bethlehem.
12 Na Awurade mfa ababaawa yi so mma wo asefoɔ a wɔbɛyɛ sɛ yɛn agya Peres a ɔyɛ Tamar ne Yuda babarima no.”
May your descendants the Lord gives you through this young woman become like the descendants of Perez, the son Tamar bore to Judah.”
13 Enti, Boas waree Rut de no kɔɔ ne fie. Afei, ɔkɔɔ ne ho na Awurade ma ɔnyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima.
Boaz took Ruth home, and she became his wife. He slept with her, and the Lord arranged for her to become pregnant, and she gave birth to a son.
14 Na kuro no mu mmaa ka kyerɛɛ Naomi sɛ, “Animuonyam nka Awurade sɛ ɛnnɛ ɛda yi, wama woanya abusua gyefoɔ! Ɔmmɛyɛ okunini wɔ Israel.
The women of the town came to Naomi and said, “Praise the Lord, for today he didn't leave you without a family redeemer by giving you this grandson—may he become famous throughout Israel.
15 Akokoaa yi mma wo nsi wo mmabaawaberɛ mu na ɔnhwɛ wo wɔ wo mmerewabɔ mu. Ɛfiri sɛ ɔyɛ wʼase a ɔdɔ wo na ɔsene mmammarima nson ma wo no babarima.”
He will give you a new lease of life and provide for you in your old age, for your daughter-in-law, who loves you and who is better than seven sons to you, has given birth to him.”
16 Na Naomi faa akɔkoaa no, na ɔhwɛɛ no te sɛ ɔno ankasa yafunu ba.
Naomi picked up the child and hugged him. She looked after him like her own son.
17 Na mmaa a wɔne no bɔ fipam kaa sɛ, “Afei deɛ Naomi anya ɔbabarima bio.” Na wɔtoo no din Obed. Ɔno na ɔbɛyɛɛ Yisai agya ne Dawid nana.
The neighbor women named him Obed, saying “Naomi now has a son!” He was the father of Jesse who was the father of David.
18 Tete agya Peres awoɔ ntoatoasoɔ nie: Peres woo Hesron.
This is the family line of Perez: Perez was the father of Hezron.
19 Hesron woo Ram, ɛnna Ram woo Aminadab.
Hezron was the father of Ram. Ram was the father of Amminadab.
20 Aminadab woo Nahson, ɛnna Nahson woo Salmon.
Amminadab was the father of Nahshon. Nahshon was the father of Salmon.
21 Salmon woo Boas, ɛnna Boas woo Obed.
Salmon was the father of Boaz. Boaz was the father of Obed.
22 Obed woo Yisai, ɛnna Yisai woo Dawid.
Obed was the father of Jesse. Jesse was the father of David.