< Rut 1 >

1 Ɛberɛ a na atemmufoɔ di Israel so no, ɛkɔm baa asase no so. Ɔbarima bi a ɔfiri Betlehem wɔ Yuda ne ne yere ne ne mmammarima baanu tutu firii asase no so kɔtenaa Moab.
Bere a na atemmufo di Israel so no, ɔkɔm baa asase no so. Ɔbarima bi a ofi Betlehem wɔ Yuda ne ne yere ne ne mmabarima baanu tutu fii asase no so kɔtenaa Moab.
2 Na ɔbarima no din de Elimelek ɛnna ne yere nso din de Naomi. Ne mmammarima baanu no nso, na wɔn din de Mahlon ne Kilion. Wɔyɛ Efratifoɔ a wɔfiri Betlehem wɔ Yuda. Wɔkɔɔ Moab kɔtenaa hɔ.
Na ɔbarima no din de Elimelek na ne yere nso din de Naomi. Ne mmabarima baanu no nso, na wɔn din de Mahlon ne Kilion. Wɔyɛ Efratifo a wofi Betlehem wɔ Yuda. Wɔkɔɔ Moab kɔtenaa hɔ.
3 Ɛbaa sɛ Naomi kunu Elimelek wuiɛ ma ɛkaa ne mmammarima baanu no.
Ɛbaa sɛ Naomi kunu Elimelek wu ma ɛkaa ne mmabarima baanu no.
4 Wɔwarewaree Moabfoɔ mmaa. Na ɔbaako din de Orpa na deɛ ɔka ho no nso din de Rut. Wɔtenaa hɔ bɛyɛ sɛ mfeɛ edu no,
Wɔwarewaree Moabfo mmea. Na ɔbaako din de Orpa na nea ɔka ho no nso din de Rut. Wɔtenaa hɔ bɛyɛ sɛ mfe du no,
5 Mahlon ne Kilion nso wuwuiɛ. Enti, ɛmaa Naomi tenaa ase a wahwere ne mmammarima baanu no ne ne kunu.
Mahlon ne Kilion nso wuwui. Enti ɛmaa Naomi tenaa ase a wahwere ne mmabarima baanu no ne ne kunu.
6 Ɛberɛ a ɔtee wɔ Moab hɔ sɛ Awurade abɛdom ne nkurɔfoɔ a wɔwɔ Yuda na wama wɔn aduane no, Naomi ne ne nsenom yi yɛɛ ahoboa sɛ wɔrefiri Moab asane akɔ ne kurom.
Bere a ɔtee wɔ Moab hɔ sɛ Awurade abɛdom ne nkurɔfo a wɔwɔ Yuda na wama wɔn aduan no, Naomi ne ne nsenom yi yɛɛ ahoboa sɛ wɔrefi Moab asan akɔ ne kurom.
7 Ɔne ne nsenom baanu yi tutu firii beaeɛ hɔ faa ɛkwan a ɛde wɔn bɛkɔ akɔsi Yuda so.
Ɔne ne nsenom baanu yi tutu fii beae hɔ faa kwan a ɛde wɔn bɛkɔ akosi Yuda so.
8 Afei, Naomi ka kyerɛɛ ne nsenom yi sɛ, “Monsane nkɔ mo maamenom fie. Awurade ne mo nni no yie sɛdeɛ mo ne awufoɔ ne me dii no yie no.
Afei, Naomi ka kyerɛɛ ne nsenom yi se, “Monsan nkɔ mo nanom fi. Awurade ne mo nni no yiye sɛnea mo ne awufo ne me dii no yiye no.
9 Awurade mmoa mo mu biara na ɔnnya ɔhome wɔ okunu foforɔ fie.” Afei, ɔfefee wɔn ano na wɔn nyinaa maa wɔn nne so suiɛ.
Awurade mmoa mo mu biara na onya ɔhome wɔ okunu foforo fi.” Afei, ofifew wɔn ano na wɔn nyinaa maa wɔn nne so sui.
10 Na wɔka kyerɛɛ Naomi sɛ, “Yɛne wo bɛsane akɔ wo nkurɔfoɔ nkyɛn.”
Na wɔka kyerɛɛ Naomi se, “Yɛne wo bɛsan akɔ wo nkurɔfo nkyɛn.”
11 Nanso, Naomi kaa sɛ, “Me mma, monsane nkɔ fie. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mo ne me kɔ? Merekɔwo mmammarima bio a wɔbɛtumi awareware mo anaa?
Nanso Naomi kae se, “Me mma, monsan nkɔ fie. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mo ne me kɔ? Merekɔwo mmabarima bio a wobetumi awareware mo ana?
12 Me mma, monsane nkɔ fie. Manyini, sɛ meware kunu bio a, ɛrenyɛ yie. Mpo, sɛ medwene sɛ anidasoɔ bi wɔ hɔ ma me sɛ nso anadwo yi ara mɛnya kunu na me ne no wo mmammarima a,
Me mma, monsan nkɔ fie. Manyin, sɛ meware kunu bio a, ɛrenyɛ yiye. Mpo, sɛ midwen sɛ anidaso bi wɔ hɔ ma me sɛ nso anadwo yi ara minya okunu na me ne no wo mmabarima a,
13 mobɛtwɛn kɔsi sɛ wɔbɛnyinyini? Mobɛtena atwɛn wɔn anaa? Dabi, me mma. Asɛm no yɛ den ma me sen mo, ɛfiri sɛ, Awurade ayi ne nsa afiri me so!”
mobɛtwɛn kosi sɛ wobenyinyin? Mobɛtena atwɛn wɔn ana? Dabi, me mma. Asɛm no yɛ den ma me sen mo, efisɛ Awurade ayi ne nsa afi me so!”
14 Wɔsane twaa adwo bio. Afei, Orpa fee nʼase ano de gyaa no kwan, nanso Rut bebaree Naomi sɛ ɔne no bɛtena.
Wɔsan twaa adwo bio. Afei, Orpa few nʼase ano de gyaa no kwan, nanso Rut bebaree Naomi sɛ ɔne no bɛtena.
15 Nanso, Naomi ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ, wo kora asane kɔ ne nkurɔfoɔ ne nʼanyame nkyɛn. Ɛsɛ sɛ wo nso woyɛ saa ara.”
Nanso Naomi ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ, wo kora asan kɔ ne nkurɔfo ne nʼanyame nkyɛn. Ɛsɛ sɛ wo nso woyɛ saa ara.”
16 Na Rut buaa sɛ, “Nhyɛ me sɛ memfiri wo nkyɛn nsane nkɔ. Baabiara a wobɛkɔ no, mɛkɔ hɔ bi na baabiara a wobɛtena no nso, mɛtena hɔ bi. Wo nkurɔfoɔ bɛyɛ me nkurɔfoɔ na wo Onyankopɔn ayɛ me Onyankopɔn.
Na Rut buae se, “Nhyɛ me sɛ mimfi wo nkyɛn nsan nkɔ. Baabiara a wobɛkɔ no, mɛkɔ hɔ bi na baabiara a wobɛtena no nso, mɛtena hɔ bi. Wo nkurɔfo bɛyɛ me nkurɔfo na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn.
17 Baabi a wobɛwuo no, mɛwu hɔ bi na wɔasie me hɔ. Sɛ mamma owuo antete me ne wo ntam na ɛnam biribi foforɔ biara so a, Awurade ntwe mʼaso.”
Baabi a wubewu no, mewu hɔ bi na wɔasie me hɔ. Sɛ mamma owu antetew me ne wo ntam na ɛnam biribi foforo biara so a, Awurade ntwe mʼaso.”
18 Enti, Naomi hunuu sɛ Rut ayɛ nʼadwene sɛ ɔne no bɛkɔ no, ɔgyaa ne pɛ maa no.
Enti Naomi huu sɛ Rut ayɛ nʼadwene sɛ ɔne no bɛkɔ no, ogyaa ne pɛ maa no.
19 Ɛno enti, wɔn baanu no toaa wɔn akwantuo no so. Ɛberɛ a wɔduruu Betlehem no, wɔn enti kuro mu no nyinaa bɔɔ twi. Mmaa no bisaa sɛ, “Naomi nie anaa?”
Ɛno nti, wɔn baanu no toaa wɔn akwantu no so. Bere a woduu Betlehem no, wɔn nti kurow mu no nyinaa bɔɔ twi. Mmea no bisae se, “Naomi ni ana?”
20 Ɔkaa sɛ, “Mommfrɛ me Naomi, na mmom, momfrɛ me Mara, ɛfiri sɛ, Awurade ama asetena ayɛ nwono ama me.
Ɔkae se, “Mommfrɛ me Naomi, na mmom, momfrɛ me Mara, efisɛ Awurade ama asetena ayɛ nwen ama me.
21 Merefiri ha akɔ no na mewɔ biribiara nanso, Awurade de me aba fie nsapan. Adɛn enti na mofrɛ me Naomi wɔ ɛberɛ a Awurade ama me ahunu amane na Otumfoɔ de saa abɛbrɛsɛ yi aba me so?”
Merefi ha akɔ no na mewɔ biribiara, nanso Awurade de me aba fie nsapan. Adɛn nti na mofrɛ me Naomi wɔ bere a Awurade ama mahu amane na Otumfo de saa abɛbrɛsɛ yi aba me so?”
22 Enti, Naomi firi Moab baeɛ a, nʼase Rut, Moabni babunu ka ne ho. Wɔduruu Betlehem atokotwa berɛ ahyɛaseɛ no mu.
Enti Naomi fi Moab bae a, nʼase Rut, Moabni babun ka ne ho. Woduu Betlehem atokotwa bere mfiase no mu.

< Rut 1 >