< Romafoɔ 9 >
1 Mereka nokorɛ sɛ Kristoni, na mʼahonim a Honhom Kronkron di no adanseɛ kyerɛ me sɛ menni atorɔ.
I say the truth in Christ, I lie not, my conscience also bearing me testimony in the Holy Spirit,
2 Medi awerɛhoɔ na mete daa yea wɔ me akoma mu ma me nkurɔfoɔ.
That I have great heaviness and continual sorrow in my heart.
3 Wɔn enti anka mepɛ sɛ Onyankopɔn nnome ba me so na ɔte me firi Kristo ho.
For I could wish that myself were accursed from Christ, for my brethren, my kinsmen according to the flesh:
4 Wɔyɛ Onyankopɔn manfoɔ a wɔayi wɔn de wɔn ayɛ ne mma de wɔn asane atena nʼanimuonyam mu. Ɔne wɔn yɛɛ apam no na ɔde mmara no maa wɔn; ɔkyerɛɛ ɛkwan pa a wɔfa so som ma wɔn nsa kaa bɔhyɛ no.
Who are Israelites; to whom [pertain] the adoption, and the glory, and the covenants, and the giving of the law, and the service [of God], and the promises;
5 Wɔyɛ tete agyanom asefoɔ, na ɛsiane sɛ Kristo baa onipasu mu enti, ɔyɛ wɔn aseni. Ayɛyie nka Onyankopɔn a ɔyɛ adeɛ nyinaa so otumfoɔ no daadaa. Amen. (aiōn )
Whose [are] the fathers, and from whom according to the flesh, Christ [came], who is over all, God blessed for ever. Amen. (aiōn )
6 Mennka sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ no amma mu, ɛfiri sɛ, ɛnyɛ Israelfoɔ nyinaa na Onyankopɔn ayi wɔn sɛ ne manfoɔ.
Not as though the word of God hath taken no effect. For they [are] not all Israel, who are [descendants] from Israel?
7 Saa ara nso na ɛnyɛ Abraham asefoɔ nyinaa na wɔyɛ Onyankopɔn mma. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Ɛnam Isak so na wʼase bɛtrɛ.”
Neither because they are the seed of Abraham, [are they] all children: but, In Isaac shall thy seed be called.
8 Yei kyerɛ sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔyɛ Abraham mma, na mmom, wɔn a wɔnam Onyankopɔn bɔhyɛ so woo wɔn no na wɔyɛ Abraham asefoɔ turodoo.
That is, They who are the children of the flesh, these [are] not the children of God; but the children of the promise are counted for the seed.
9 Onyankopɔn nam saa bɔhyɛ nsɛm a ɛka sɛ, “Ampa ara, mɛsane aba wo nkyɛn bio ɛberɛ a ɛsɛ mu no, na wo yere Sara awo ɔba” no so na ɛhyɛɛ saa bɔ no.
For this [is] the word of promise, At this time will I come, and Sarah shall have a son.
10 Ɛnyɛ yei nko. Rebeka mma baanu no nyinaa firi agya korɔ a ɔne yɛn agya Isak.
And not only [this]; but when Rebecca also had conceived by one, [even] by our father Isaac,
11 Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nam ɔba baako so bɛma ne pɛ ada adi no enti,
(For [the children] being not yet born, neither having done any good or evil, that the purpose of God, according to election might stand, not of works, but of him that calleth)
12 ɔka kyerɛɛ Rebeka sɛ, “Ɔpanin no bɛsom akumaa no.” Ɔkaa yei ansa na ɔrewo wɔn ama wɔayɛ papa anaa bɔne. Enti, na Onyankopɔn pɛ no gyina ne frɛ a ɔfrɛɛ wɔn no so, na ɛnyɛ wɔn nneyɛeɛ so,
It was said to her, The elder shall serve the younger.
13 sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Medɔɔ Yakob na metanee Esau” no.
As it is written, Jacob have I loved, but Esau have I hated.
14 Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka? Sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafoɔ anaa? Dabi!
What shall we say then? [Is there] unrighteousness with God? By no means.
15 Ɛfiri sɛ, ɔka kyerɛɛ Mose sɛ, “Deɛ mepɛ sɛ mehunu no mmɔbɔ no, mɛhunu no mmɔbɔ, na deɛ mepɛ sɛ meyɛ no adɔeɛ nso, mɛyɛ no adɔeɛ.”
For he saith to Moses, I will have mercy on whom I will have mercy, and I will have compassion on whom I will have compassion.
16 Yei kyerɛ sɛ, ɛnnyina deɛ obi pɛ so anaa ne nnwuma so, na mmom ɛgyina Onyankopɔn ahummɔborɔ so.
So then, [it is] not of him that willeth, nor of him that runneth, but of God that showeth mercy.
17 Atwerɛsɛm no mu, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Farao sɛ, “Yei ara enti na mesii wo ɔhene nam so daa me tumi adi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, me tumi bɛda adi wɔ ewiase afanan nyinaa.”
For the scripture saith to Pharaoh, Even for this same purpose have I raised thee up, that I might show my power in thee, and that my name might be declared throughout all the earth.
18 Ɛnneɛ Onyankopɔn hunu deɛ ɔpɛ sɛ ɔhunu no mmɔbɔ biara no mmɔbɔ, na deɛ ɔpɛ sɛ ɔma no yɛ asoɔden nso ɔma no yɛ saa.
Therefore he hath mercy on whom he will [have mercy], and whom he will he hardeneth.
19 Afei, obi bɛbisa sɛ, “Sɛ yɛntumi nsi Onyankopɔn pɛ ho ɛkwan a, adɛn enti na ɔbɔ yɛn soboɔ?”
Thou wilt say then to me, Why doth he yet find fault? for who hath resisted his will?
20 Onua, wone hwan a wobɛtumi akasa akyerɛ Onyankopɔn? Kukuo mmisa ne nwomfoɔ sɛ, “Adɛn enti na wonwonoo me sei?”
No, but, O man, who art thou that repliest against God? shall the thing formed say to him that formed [it], Why hast thou made me thus?
21 Ɔnwomfoɔ no wɔ ho ɛkwan sɛ ɔde dɔteɛ no nwono deɛ ɔpɛ biara. Ɔtumi nwono nkukuo mmienu firi dɔteɛ mu, na ɔde mu baako adi dwuma titire bi, na ɔde baako no nso ayɛ deɛ ɔpɛ biara.
Hath not the potter power over the clay of the same lump to make one vessel to honor, and another to dishonor?
22 Saa ara na adeɛ biara a Onyankopɔn ayɛ no teɛ. Ɔpɛɛ sɛ ɔda nʼabufuo adi na ɔma wɔhunu ne tumi. Nanso ɔtɔɔ ne bo ase maa wɔn a anka ɔfiri nʼabufuhyeɛ mu rebɛsɛe wɔn.
[What] if God, willing to show [his] wrath, and to make his power known, endured with much long-suffering the vessels of wrath fitted to destruction:
23 Ɔyɛɛ yei de kyerɛɛ sɛdeɛ nʼanimuonyam no teɛ, ɛberɛ a ɔnyaa ayamhyehyeɛ maa wɔn a wayi wɔn dada sɛ wɔmmɛyɛ nʼanimuonyam no fafafoɔ.
And that he might make known the riches of his glory on the vessels of mercy, which he had before prepared for glory,
24 Ɛnyɛ wɔn a wɔfrɛɛ wɔn firii Yudafoɔ mu nkoa, na mmom, amanamanmufoɔ nso.
Even us whom he hath called, not of the Jews only, but also of the Gentiles.
25 Wɔka wɔ Hosea nwoma mu sɛ, “Mɛfrɛ wɔn a wɔnyɛ me nkurɔfoɔ no ‘me nkurɔfoɔ’, na deɛ ɔnyɛ me dɔfoɔ no mɛfrɛ no ‘me dɔfoɔ,’”
As he saith also in Hosea, I will call them My people, who were not my people; and her Beloved, who was not beloved.
26 na “Beaeɛ korɔ no ara a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Monnyɛ me nkurɔfoɔ’ no, ɛhɔ ara na wɔbɛfrɛ wɔn sɛ ‘Onyankopɔn teasefoɔ no mma.’”
And it shall come to pass, [that] in the place where it was said to them, Ye [are] not my people; there shall they be called, The children of the living God.
27 Na Yesaia dii Israelfoɔ ho yea sɛ, “Sɛ Israelfoɔ dɔɔso sɛ mpoano anwea mpo a, wɔn mu kakra bi na wɔbɛgye wɔn nkwa.
Isaiah also crieth concerning Israel, Though the number of the children of Israel be as the sand of the sea, a remnant shall be saved:
28 Ɛfiri sɛ Awurade bɛyɛ ntɛm, na sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɔbɛyɛ deɛ wabɔ ho kɔkɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔ asase so no.”
For he will finish the work, and cut [it] short in righteousness: because a short work will the Lord make upon the earth.
29 Yesaia nso kaa sɛ, “Sɛ Awurade Otumfoɔ no annya yɛn asefoɔ a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na yɛadane ayɛ sɛ Gomora.”
And as Isaiah said before, Except the Lord of Sabaoth had left us a seed, we had been as Sodom, and been made like Gomorrah.
30 Afei, asɛm bɛn na yɛbɛka bio? Yɛbɛka sɛ amanamanmufoɔ a wɔanhwehwɛ tenenee akyiri kwan no nam gyidie so yɛɛ ateneneefoɔ;
What shall we say then? That the Gentiles who followed not after righteousness, have attained to righteousness, even the righteousness which is by faith:
31 Nanso, Israelfoɔ a wɔpɛɛ sɛ wɔnam mmara so die so bɛsɔ Onyankopɔn ani no mpo, Onyankopɔn annye wɔn anto mu.
But Israel, who followed after the law of righteousness, hath not attained to the law of righteousness.
32 Adɛn enti na ɛbaa saa? Ɛfiri sɛ, wɔpɛɛ sɛ wɔnam mmara so die so sɔ Onyankopɔn ani, nanso, mmom anka ɛsɛ sɛ wɔnya gyidie wɔ Onyankopɔn mu. Wɔsuntii “suntiboɔ” no.
Why? Because [they sought it] not by faith, but as it were by the works of the law. For they stumbled at that stumbling-stone;
33 Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ, “Hwɛ, Mede ɛboɔ a ɛma nnipa sunti ato Sion ne ɔbotan a ɛma wɔhwe ase, na deɛ ɔde ne ho to no soɔ no anim rengu ase da.”
As it is written, Behold, I lay in Sion a stumbling-stone, and rock of offense: and whoever believeth on him shall not be ashamed.