< Romafoɔ 7 >
1 Nokorɛm, me nuanom, ɛsiane sɛ mo nyinaa nim Mmara no enti, mote deɛ mepɛ sɛ meka no ase; mmerɛ dodoɔ a onipa te ase no, mmara di ne so.
Não sabeis vós, irmãos (pois que fallo aos que sabem a lei), que a lei tem dominio sobre o homem por todo o tempo que vive?
2 Ɔbaa warefoɔ sei, sɛ ɔte ase nko ara deɛ a, ɔhyɛ ne kunu mmara ase, na sɛ okunu no wu deɛ a, na ɔnhyɛ ne kunu mmara ase bio.
Porque a mulher que está sujeita ao marido, emquanto elle viver, está-lhe ligada pela lei; porém, morto o marido, está livre da lei do marido.
3 Ɛno enti, sɛ ɔkɔ ɔbarima foforɔ ho ɛberɛ a ne kunu te ase a, wɔfrɛ no ɔwaresɛefoɔ; na sɛ ne kunu no wu a, na ɔnhyɛ saa mmara no ase bio, ɛno enti sɛ ɔware ɔbarima foforɔ a, ɔnyɛ ɔwaresɛefoɔ.
De sorte que, vivendo o marido, será chamada adultera, se fôr d'outro marido; porém, morto o marido, livre está da lei, de maneira que não será adultera, se fôr d'outro marido
4 Afei me nuanom, mo nso, Yesu wu a ɔwuiɛ enti moawu afiri mmara no tumi aseɛ. Ne saa enti, mone ɔno a wɔnyanee no firii awufoɔ mu abom sɛdeɛ mobɛtumi asom Onyankopɔn.
Assim que, meus irmãos, tambem vós estaes mortos para a lei pelo corpo de Christo, para que sejaes d'outro, d'aquelle que resuscitou de entre os mortos, a fim de que demos fructo para Deus.
5 Ɛberɛ a na yɛte ase ma yɛn ho no, yɛn bɔnesu nam mmara no so kanyanee yɛn wɔ yɛn mu maa yɛyɛɛ adwuma maa owuo.
Porque, quando estavamos na carne, as paixões dos peccados, que são pela lei, obravam em nossos membros para darem fructo para a morte.
6 Afei deɛ, yɛnhyɛ mmara biara ase ɛfiri sɛ, yɛwu firii deɛ ɛkyekyeree yɛn sɛ nneduafoɔ no ase. Afei deɛ, yɛnhyɛ mmara biara a wɔatwerɛ no dada ase bio, na mmom, yɛnam honhom foforɔ kwan so na ɛsom.
Mas agora estamos livres da lei, estando mortos para aquillo em que estavamos retidos; para que sirvamos em novidade d'espirito, e não na velhice da letra.
7 Enti, asɛm bɛn na yɛnka? Mmara no yɛ bɔne anaa? Dabi! Mmom, ɛnam mmara so na mehunuu sɛdeɛ bɔne teɛ. Sɛ ɛnyɛ mmara no na ɛkaa sɛ, “Mma wʼani mmere obi adeɛ” a, anka mennim anibereɛ.
Que diremos pois? É a lei peccado? De modo nenhum: mas eu não conheceria o peccado senão pela lei; porque eu não conheceria a concupiscencia, se a lei não dissesse: Não cubiçarás.
8 Bɔne nyaa kwan nam mmaransɛm no so kekaa ne ho wɔ me mu, maa mʼani beree nneɛma ahodoɔ bebree. Sɛ mmara no nni hɔ a, bɔne nso nni tumi.
Mas o peccado, tomando occasião pelo mandamento, obrou em mim toda a concupiscencia, porque sem a lei estava morto o peccado.
9 Ansa na mɛhunu mmara no na mewɔ nkwa. Nanso mmaransɛm no baeɛ no, metee bɔne ase, na mewuiɛ.
E eu, n'algum tempo, vivia sem lei, mas, vindo o mandamento, reviveu o peccado, e eu morri;
10 Mehunuu sɛ, mmaransɛm a anka ɛde nkwa bɛba no de owuo baeɛ.
E o mandamento que era para vida esse achei que me era para morte.
11 Bɔne nam mmaransɛm no so nyaa ɛkwan daadaa me; ɛnam mmaransɛm no so ma bɔne kumm me.
Porque o peccado, tomando occasião pelo mandamento, me enganou, e por elle me matou.
12 Nanso mmara no yɛ kronkron; na mmaransɛm no nso yɛ kronkron. Ɛtene na ɛyɛ nso.
Assim que a lei é sancta, e o mandamento sancto, justo e bom.
13 Adeɛ a ɛyɛ no bɛyɛɛ owuo maa me anaa? Dabi! Nanso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛhunu bɔne sɛ bɔne no, ɛfaa deɛ ɛyɛ so de owuo brɛɛ me. Enti bɔne nam mmaransɛm so maa me hunuu sɛ bɔne yɛ adeɛ a ɛyɛ hu.
Logo tornou-se-me o bom em morte? De modo nenhum; mas o peccado, para que se mostrasse peccado, operou em mim a morte pelo bem; a fim de que pelo mandamento o peccado se fizesse excessivamente peccaminoso.
14 Yɛnim sɛ mmara no yɛ honhom mu adeɛ nanso meyɛ ɔhonam muni a wɔatɔn me sɛ akoa ama bɔne.
Porque bem sabemos que a lei é espiritual: mas eu sou carnal, vendido sob o peccado.
15 Mente deɛ meyɛ ase; ɛfiri sɛ, menyɛ deɛ ɛsɛ sɛ meyɛ, na mmom, meyɛ deɛ mekyi.
Porque o que faço não o approvo; pois o que quero isso não faço, mas o que aborreço isso faço
16 Sɛ meyɛ deɛ mempɛ sɛ meyɛ a, na ɛkyerɛ sɛ, mepene so sɛ mmara no yɛ.
E, se faço o que não quero, consinto com a lei, que é boa.
17 Sɛdeɛ ɛteɛ no, ɛnyɛ mʼankasa na meyɛ yei; na mmom bɔne a ɛte me mu no.
De maneira que agora já não sou eu que faço isto, mas o peccado que habita em mim.
18 Menim sɛ ade pa biara nte me mu, me bɔne nipasu yi mu. Ɛfiri sɛ, mepɛ sɛ meyɛ deɛ ɛyɛ, nanso mentumi nyɛ.
Porque eu sei que em mim, isto é, na minha carne, não habita bem algum: porque o querer está em mim, mas não consigo effectuar o bem
19 Papa mepɛ sɛ meyɛ no, menyɛ; mmom bɔne a mempɛ sɛ meyɛ no na meyɛ.
Porque não faço o bem que quero, mas o mal que não quero esse faço.
20 Sɛ meyɛ deɛ mempɛ sɛ meyɛ a, na ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ me na meyɛeɛ, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no.
Ora, se eu faço o que não quero, já o não faço eu, mas o peccado que habita em mim.
21 Mmara no ama mahunu sɛ biribi te me mu a ɛmma mennyɛ deɛ menim sɛ ɛyɛ.
De sorte que acho esta lei em mim; que, quando quero fazer o bem, o mal está comigo.
22 Mʼakoma nyinaa mu, megye Onyankopɔn mmara to mu.
Porque, segundo o homem interior, tenho prazer na lei de Deus;
23 Nanso, mefiri mʼakwaa nyinaa mu hunu sɛ biribi ne mʼadwene di apereapereɛ. Ɛma me yɛ bɔne akoa, na ɛno na ɛhyɛ me ma me yɛ biribiara.
Mas vejo nos meus membros outra lei, que batalha contra a lei do meu entendimento, e me prende debaixo da lei do peccado que está nos meus membros.
24 Menni ahotɔ! Hwan na ɔbɛgye me afiri saa ɔhonam a ɛde me rekɔ owuo mu yi?
Miseravel homem que eu sou! quem me livrará do corpo d'esta morte?
25 Menam yɛn Awurade Yesu Kristo so meda Onyankopɔn ase. Na afei, mʼankasa mʼadwene mu, meyɛ akoa ma Onyankopɔn mmara, nanso bɔne nipasu mu no, meyɛ akoa ma bɔne.
Dou graças a Deus por Jesus Christo nosso Senhor. Assim que eu mesmo com o entendimento sirvo á lei de Deus, mas com a carne á lei do peccado.