< Romafoɔ 5 >

1 Afei a ɛnam gyidie so ama Onyankopɔn abu yɛn bem no, yɛnam Awurade Yesu Kristo so anya Onyankopɔn asomdwoeɛ.
Therefore being accepted as righteous through faith, we have peace with God through our Lord Jesus Christ;
2 Ɔnam gyidie so de yɛn aba Onyankopɔn adom a yɛte mu seesei no mu. Yɛn ani gye wɔ anidasoɔ mu sɛ yɛbɛnya Onyankopɔn anim animuonyam.
through whom also we have had admission into this grace in which we stand, and rejoice in the hope of the glory which God will confer.
3 Afei, yɛn haw mu nso, yɛn ani gye, ɛfiri sɛ, yɛnim sɛ ɔhaw de boasetɔ ba,
And not only so, but we rejoice in afflictions also, knowing that affliction produceth endurance,
4 na boasetɔ de osuahunu ba, ɛnna osuahunu de anidasoɔ ba.
and endurance proof [[of faith]], and proof [[of faith giveth]] hope;
5 Saa anidasoɔ yi renni yɛn hwammɔ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nam Honhom Kronkron a ɛyɛ nʼakyɛdeɛ a ɔde ama yɛn no so ahwie ne dɔ agu yɛn akoma mu.
and hope will not disappoint us; because the love of God hath been shed abroad in our hearts by the Holy Spirit which hath been given to us.
6 Ɛberɛ a ɛsɛ mu, ɛberɛ a yɛyɛ mmerɛ no, Kristo wu maa amumuyɛfoɔ.
For while we were yet without strength, in due season Christ died for the ungodly.
7 Na ɛbɛyɛ den sɛ obi bɛwu ama deɛ ɔyɛ onipa tenenee mpo, na deɛ ɔyɛ onipa pa no deɛ, ebia obi bɛsi ne bo awu ama no.
Now hardly for a righteous man will one die; perhaps, however, for a benefactor one might even dare to die.
8 Nanso, Onyankopɔn da ne dɔ adi wɔ yei mu sɛ; ɛberɛ a yɛyɛ nnebɔneyɛfoɔ no, Kristo wu maa yɛn.
But God commendeth his love toward us, in that, while we were yet sinners, Christ died for us.
9 Esiane sɛ wɔnam ne mogya no so abu yɛn bem no enti, wɔnam ne so bɛgye yɛn afiri Onyankopɔn abufuhyeɛ mu.
Much more then, being now accepted as righteous through his blood, we shall be saved through him from the [[coming]] wrath.
10 Na sɛ ɛberɛ a yɛyɛ atamfoɔ mpo Onyankopɔn de ne Ba no wuo yɛɛ mpatadeɛ maa yɛn a, saa mmerɛ yi a yɛne Onyankopɔn wɔ ayɔnkofa yi deɛ, yɛnim sɛ ɔnam ne Ba no so bɛgye yɛn nkwa.
For if while enemies we were reconciled to God through the death of his Son, much more having been reconciled shall we be saved by his life;
11 Ɛnyɛ yei nko, mmom yɛnam AWURADE Yesu Kristo a ne mu na yɛanya mpata no gye yɛn ani wɔ Onyankopɔn mu.
and not this only, but also having joy in God through our Lord Jesus Christ, through whom we have now received the reconciliation.
12 Bɔne nam onipa baako so na ɛbaa ewiase, na ne bɔne no de owuo baeɛ. Ɛno enti owuo trɛ baa nnipa nyinaa so, ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa yɛɛ bɔne.
So then as through one man sin entered into the world, and through sin death, and thus [[death]] came through unto all men, because all sinned—
13 Na bɔne wɔ hɔ ansa na wɔde Mmara no reba. Nanso, mmara nni hɔ a, wɔmmu bɔne ho akonta.
(for all the time before the Law sin was in the world; but sin is not set to one's account when there is no law.
14 Nanso, ɛfiri Adam ɛberɛ so kɔsi Mose ɛberɛ so no, owuo dii nnipa nyinaa so kɔsii wɔn mpo a wɔanyɛ bɔne, sɛdeɛ Adam deɛ ɔyɛɛ asoɔden kyerɛɛ Onyankopɔn no. Ɛkwan bi so no, Adam yɛ Kristo, deɛ na ɔrebɛba no, sɛso.
Yet death reigned from Adam to Moses, even over those who had not sinned in the manner in which Adam transgressed; who is a type of him who was to come.—
15 Nanso, wɔn baanu no nyinaa nyɛ pɛ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɔde kyɛ kwa no nte sɛ Adam bɔne no. Ɛyɛ nokorɛ sɛ ɛsiane saa onipa baako no bɔne enti nnipa pii wuwuiɛ. Nanso, Onyankopɔn adom no dɔɔso; ɛno enti na ɔnam onipa baako a ɔne Yesu Kristo adom so dom bebree kwa no.
But the free gift was not as the transgression. For if through the offence of the one the many died, much more hath the grace of God, and the gift which is by the grace of the one man Jesus Christ, abounded to the many.
16 Bio, Onyankopɔn akyɛdeɛ no nte sɛ nsunsuansoɔ a ɛfiri onipa baako bɔne mu baeɛ no. Atemmuo no nam bɔne baako so de afɔbuo baeɛ, nanso bɔne bebree akyi no, akyɛdeɛ no de bembuo baeɛ.
And the free gift is not like what happened through one man who sinned. For sentence of condemnation followed one offence; but the free gift is a justification after many offences.
17 Sɛ ɛnam onipa baako bɔne so ɛna owuo dii ɔhene a, ɛnneɛ wɔn a wɔnya adom mmorosoɔ ne tenenee akyɛdeɛ no nam onipa baako a ɔne Yesu Kristo so bɛdi hene wɔ nkwa mu.
For if by one trespass death reigned through the one man, much more will they who receive the abundance of grace and of the gift of righteousness reign in life through the one man Jesus Christ.)—
18 Enti sɛdeɛ onipa baako pɛ bɔne a ɔyɛeɛ no ma wɔbuu nnipa nyinaa fɔ no, saa ara nso na tenenee adeyɛ baako maa wɔbuu nnipa nyinaa bem, na yɛnyaa nkwa.
As then through one trespass all men have come under condemnation, so through one act of righteousness all obtain the gift of righteousness unto life.
19 Na sɛdeɛ ɛnam ɔbaakofoɔ asoɔden so enti nnipa nyinaa yɛɛ nnebɔneyɛfoɔ no, saa ara nso na onipa baako setie enti, wɔbɛyɛ bebree teneneefoɔ.
For as through the disobedience of the one man the many were made sinners, so through the obedience of the one man will the many be made righteous.
20 Wɔyɛɛ mmara no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a bɔne bɛda adi pefee; nanso mpɛn dodoɔ a bɔne dɔɔso no, adom no dɔɔso mmoroso,
Moreover the law came in in addition, that the trespass might abound; but where sin abounded, grace abounded much more;
21 enti sɛdeɛ bɔne di nnipa so de wɔn kɔ owuo mu no, saa ara na adom no nam tenenee so de daa nkwa a ɛwɔ Yesu Kristo, yɛn AWURADE mu bɛba. (aiōnios g166)
that as sin reigned in death, so grace might reign through righteousness to everlasting life, through Jesus Christ our Lord. (aiōnios g166)

< Romafoɔ 5 >