< Romafoɔ 4 >
1 Ɛdeɛn na yɛbɛka afa yɛn tete agya Abraham ho? Osuahunu bɛn na ɔnyaeɛ?
What shall we say then that Abraham hath found, who is our father according to the flesh.
2 Sɛ wɔnam nneɛma a ɔyɛeɛ so buu no bem a, anka ɔwɔ biribi a ɔde bɛhoahoa ne ho. Nanso, ɔrentumi nhoahoa ne ho Onyankopɔn anim.
For if Abraham were justified by works, he hath whereof to glory, but not before God.
3 Atwerɛsɛm no kyerɛ yɛn sɛ, “Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ; na ɛno so na ɛnam maa Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni no.”
For what saith the scripture? Abraham believed God, and it was reputed to him unto justice.
4 Onipa a ɔyɛ adwuma no fata nʼakatua; ɛnsɛ sɛ wɔbu nʼakatua no sɛ akyɛdeɛ, na mmom, ɛyɛ biribi a wayɛ ho adwuma anya.
Now to him that worketh, the reward is not reckoned according to grace, but according to debt.
5 Ɛnyɛ nnwuma bi a onipa yɛ na ɛbɛma Onyankopɔn abu no bem. Onyankopɔn gye nnebɔneyɛfoɔ to mu ɛfiri sɛ wɔwɔ gyidie wɔ ne mu.
But to him that worketh not, yet believeth in him that justifieth the ungodly, his faith is reputed to justice, according to the purpose of the grace of God.
6 Dawid ka asɛm korɔ no ara sɛ, nhyira a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn ba onipa a Onyankopɔn agye no ato mu so. Saa nhyira yi mfiri nnipa nnwuma mu. Ɛno enti Dawid kaa sɛ:
As David also termeth the blessedness of a man, to whom God reputeth justice without works:
7 “Nhyira ne wɔn a wɔde wɔn amumuyɛ akyɛ wɔn, na wɔakata wɔn bɔne so.
Blessed are they whose iniquities are forgiven, and whose sins are covered.
8 Nhyira nka onipa a AWURADE mmu ne bɔne nngu ne so da.”
Blessed is the man to whom the Lord hath not imputed sin.
9 Saa anigyeɛ a Dawid ka ho asɛm no wɔ hɔ ma twetiatwafoɔ nko anaa? Dabi. Ɛwɔ hɔ ma wɔn nso a wɔntwaa twetia no; ɛfiri sɛ, yɛakenkan afiri Atwerɛsɛm no mu sɛ, “Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ, na ɛsiane ne gyidie enti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni.”
This blessedness then, doth it remain in the circumcision only, or in the uncircumcision also? For we say that unto Abraham faith was reputed to justice.
10 Ɛberɛ bɛn na saa asɛm yi siiɛ? Ɛsiiɛ ansa na wɔretwa Abraham twetia anaa Abraham twetiatwa no akyi na ɛsiiɛ? Ɛsiiɛ ansa, na ɛnyɛ twetiatwa no akyi na ɛsiiɛ.
How then was it reputed? When he was in circumcision, or in uncircumcision? Not in circumcision, but in uncircumcision.
11 Akyire no na wɔtwaa no twetia, na ne twetiatwa no yɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛkyerɛ sɛ, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔteneneeni ansa na wɔretwa no twetia. Enti Abraham yɛ Honhom mu agya ma wɔn a wɔgye Onyankopɔn di nyinaa na wɔagye wɔn sɛ ateneneefoɔ a nso wɔntwaa wɔn twetia.
And he received the sign of circumcision, a seal of the justice of the faith, which he had, being uncircumcised; that he might be the father of all them that believe, being uncircumcised, that unto them also it may be reputed to justice:
12 Saa ara nso na Abraham yɛ agya ma obiara a wɔatwa no twetia na ɔwɔ gyidie sɛdeɛ na Abraham wɔ gyidie ansa na wɔretwa no twetia no.
And might be the father of circumcision; not to them only, that are of the circumcision, but to them also that follow the steps of the faithful, that is in the uncircumcision of our father Abraham.
13 Ɛnyɛ mmara no so na wɔnam hyɛɛ Abraham ne nʼasefoɔ bɔ sɛ wɔbɛyɛ ewiase adedifoɔ, mmom ɛnam tenenee a ɛfiri gyidie mu so.
For not through the law was the promise to Abraham, or to his seed, that he should be heir of the world; but through the justice of faith.
14 Sɛ wɔn a wɔdi Mmara so yɛ adedifoɔ a, ɛnneɛ na gyidie nka hwee, na bɔhyɛ no nso ho nni mfasoɔ,
For if they who are of the law be heirs, faith is made void, the promise is made of no effect.
15 ɛfiri sɛ mmara de abufuhyeɛ ba. Na sɛ mmara nni hɔ a, mmarato nni hɔ.
For the law worketh wrath. For where there is no law, neither is there transgression.
16 Enti bɔhyɛ no firi gyidie mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛfiri adom mu na ɛbɛtena hɔ ama Abraham asefoɔ nyinaa; ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ mmara no ase nko ara, na mmom wɔn a wɔwɔ gyidie sɛ Abraham nso. Ɔyɛ yɛn nyinaa agya.
Therefore is it of faith, that according to grace the promise might be firm to all the seed; not to that only which is of the law, but to that also which is of the faith of Abraham, who is the father of us all,
17 Sɛdeɛ wɔatwerɛ no: “Mayɛ wo aman bebree agya.” Onyankopɔn kaa saa, ɛfiri sɛ, Abraham gyee Onyankopɔn a ɔma awufoɔ nya nkwa, na ɔyɛ nneɛma foforɔ firi deɛ ɛnni hɔ mu diiɛ.
(As it is written: I have made thee a father of many nations, ) before God, whom he believed, who quickeneth the dead; and calleth those things that are not, as those that are.
18 Ɛberɛ a anidasoɔ asa no, Abraham nyaa anidasoɔ gye diiɛ, enti ɔbɛyɛɛ aman bebree so agya, sɛdeɛ na wɔaka akyerɛ no sɛ, “Saa na wʼasefoɔ bɛyɛ” no.
Who against hope believed in hope; that he might be made the father of many nations, according to that which was said to him: So shall thy seed be.
19 Abraham gyidie anhinhim ɛberɛ a na ɔreyɛ adi mfeɛ ɔha no mpo. Na ɔnim nso sɛ ɔregye nna awu, na ne yere Sara nso rentumi nwo mma.
And he was not weak in faith; neither did he consider his own body now dead, whereas he was almost an hundred years old, nor the dead womb of Sara.
20 Nanso ne gyidie anhinhim, na wannye Onyankopɔn bɔhyɛ no ho akyinnyeɛ. Ɔhyɛɛ ne gyidie mu den de animuonyam maa Onyankopɔn.
In the promise also of God he staggered not by distrust; but was strengthened in faith, giving glory to God:
21 Na ɔgye dii yie sɛ Onyankopɔn bɛtumi ayɛ deɛ wahyɛ ho bɔ no.
Most fully knowing, that whatsoever he has promised, he is able also to perform.
22 Yei enti wɔbuu no sɛ tenenee maa no.
And therefore it was reputed to him unto justice.
23 Wɔtwerɛɛ sɛ, “Wɔbuu no sɛ tenenee maa no” no, wɔantwerɛ amma ɔno nko ara.
Now it is not written only for him, that it was reputed to him unto justice,
24 Na mmom wɔtwerɛ maa yɛn nso a Onyankopɔn bɛbu yɛn sɛ ateneneefoɔ, yɛn a yɛgye deɛ ɔnyanee Yesu, yɛn Awurade, firii awufoɔ mu die no.
But also for us, to whom it shall be reputed, if we believe in him, that raised up Jesus Christ, our Lord, from the dead,
25 Yɛn bɔne enti, wɔyii no maa owuo, na wɔnyanee no maa yɛn bembuo.
Who was delivered up for our sins, and rose again for our justification.