< Romafoɔ 3 >

1 Ɛnneɛ na Yudaniyɛ ho mfasoɔ ne sɛn, anaasɛ twetiatwa ho wɔ mfasoɔ bi?
What advantage then hath the Jew? or what profit [is there] of circumcision?
2 Aane mfasoɔ wɔ so. Deɛ ɛdi ɛkan no, Onyankopɔn de ne nsɛm ahyɛ wɔn nsa.
Much every way: chiefly, because that to them were committed the oracles of God.
3 Na sɛ ebinom nni gyidie ɛ? Gyidie a wɔnni no kyerɛ sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafoɔ anaa?
For what if some did not believe? will their unbelief make the faith of God without effect?
4 Ɛnte saa koraa! Sɛ obiara yɛ ɔtorofoɔ a, Onyankopɔn deɛ, ɔyɛ ɔnokwafoɔ, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ, “Wodi bem wɔ wo kasa mu na wotene wɔ wʼatemmuo mu.”
By no means: verily let God be true, but every man a liar; as it is written, That thou mayest be justified in thy sayings, and mayest overcome when thou art judged.
5 Na obi bɛka sɛ, “sɛ yɛn bɔne a yɛyɛ no da Onyankopɔn tenenee adi kann a, adɛn enti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abufuhyeɛ ba yɛn so?” (Merekasa sɛ onipa)
But if our unrighteousness commendeth the righteousness of God, what shall we say? [Is] God unrighteous who taketh vengeance? (I speak as a man.)
6 Dabi! Sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔteneneeni a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi abu ewiase atɛn?
By no means: for then how shall God judge the world?
7 Obi bɛgye akyinnyeɛ aka sɛ, “Sɛ me nkontompo ma Onyankopɔn nokorɛ da adi na nʼanimuonyam boro so a, ɛnneɛ adɛn enti na Onyankopɔn bu me fɔ sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ?”
For if the truth of God hath more abounded through my lie to his glory; why yet am I also judged as a sinner?
8 Ebinom nso bɛka sɛ, “Ɛnneɛ momma yɛnyɛ bɔne sɛdeɛ biribi pa bɛfiri mu aba!” Nnipa bi mpo ka sɛ saa asɛm yi na yɛka. Onyankopɔn bɛbu wɔn atɛn.
And not [rather] (as we are slanderously reported, and as some affirm that we say) Let us do evil, that good may come? whose damnation is just.
9 Ɛnneɛ, ɛdeɛn na yɛnka? Yɛn Yudafoɔ yɛ nnipa sene amanamanmufoɔ no anaa? Ɛnte saa! Makyerɛ mu dada sɛ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ nyinaa yɛ pɛ wɔ bɔne tumi ase.
What then? are we better [than they]? No, in no wise: for we have before proved both Jews and Gentiles, that they are all under sin;
10 Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara nyɛ ɔteneneeni;
As it is written, There is none righteous, no, not one:
11 obiara nyɛ ɔbadwemma; na obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyiri kwan.
There is none that understandeth, there is none that seeketh God.
12 Nnipa nyinaa atwe wɔn ho afiri Onyankopɔn ho; wɔn nyinaa ayɛ bɔne. Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa. Ɔbaako mpo nni hɔ.”
They are all gone out of the way, they are together become unprofitable: there is none that doeth good, no, not one.
13 “Wɔn anom te sɛ damena a abue; na wɔn tɛkrɛma ka atorɔsɛm.” “Wɔn anofafa ka nsɛm a ɛte sɛ ɔwɔ ano borɔ.”
Their throat [is] an open sepulcher; with their tongues they have used deceit; the poison of asps [is] under their lips:
14 “Nnome a ɛyɛ hu na ɛfiri wɔn anom ba.”
Whose mouth [is] full of cursing and bitterness.
15 “Wɔnkyɛre opira ne awudie ho;
Their feet [are] swift to shed blood.
16 baabiara a wɔbɛkɔ no, wɔsɛe hɔ pasaa,
Destruction and misery [are] in their ways:
17 na wɔnnim asomdwoeɛ kwan.”
And the way of peace have they not known.
18 “Na wɔnnsuro Onyankopɔn.”
There is no fear of God before their eyes.
19 Yɛnim sɛ biribiara a ɛwɔ Mmara no mu no, wɔtwerɛ maa wɔn a wɔhyɛ Mmara no tumi ase. Mmara no ka yeinom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara rennya anoyie, na ama Onyankopɔn akyerɛ sɛ ewiase nyinaa di fɔ.
Now we know that whatever things the law saith, it saith to them who are under the law: that every mouth may be stopped, and all the world may become guilty before God.
20 Ɛfiri sɛ, obiara nni hɔ a sɛ ɔyɛ deɛ Mmara no hyɛ sɛ ɔnyɛ a, Onyankopɔn bɛbu no bem. Deɛ Mmara no yɛ ara ne sɛ, ɛma onipa hunu sɛ wayɛ bɔne.
Therefore by the deeds of the law, there shall no flesh be justified in his sight: for by the law [is] the knowledge of sin.
21 Wɔada teneneeyɛ a ɛfiri Onyankopɔn, na ɛmfiri mmara no adi. Ɛno na Mmara no ne Adiyifoɔ no di ho adanseɛ.
But now the righteousness of God without the law is manifested, being testified by the law and the prophets;
22 Saa teneneeyɛ a ɛfiri Onyankopɔn yi nam gyidie a yɛwɔ wɔ Yesu Kristo mu. Ɛwɔ hɔ ma agyidifoɔ nyinaa. Nsonsonoeɛ biara nni mu.
Even the righteousness of God, [which is] by faith of Jesus Christ to all, and upon all them that believe; for there is no difference:
23 Na nnipa nyinaa ayɛ bɔne ama Onyankopɔn animuonyam abɔ wɔn,
For all have sinned, and come short of the glory of God;
24 nanso ɔnam Kristo adom nkwagyeɛ no so abu wɔn nyinaa bem kwa.
Being justified freely by his grace, through the redemption that is in Jesus Christ:
25 Onyankopɔn somaa Kristo sɛ ɔmfa ne ho mmɛbɔ afɔdeɛ mma yɛn. Kristo de ne mogya maaeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, gyidie a yɛbɛnya wɔ ne mu enti wɔbɛgye yɛn. Saa afɔdeɛ yi ma yɛhunu sɛ, mmerɛ a atwa mu no, Onyankopɔn nam boasetɔ ne adom so de bɔne kyɛeɛ.
Whom God hath set forth [to be] a propitiation, through faith in his blood, to declare his righteousness for the remission of sins that are past, through the forbearance of God;
26 Ɛfiri sɛ na Onyankopɔn rehwɛ ɛkwan na ɔde wɔn abɛka deɛ ɔreyɛ saa ɛberɛ yi no ho. Onyankopɔn yɛɛ yei de kyerɛɛ ne tenenee, ɛfiri sɛ ɔno ankasa nyɛ nyiyimu, na ɔbu atɛntenenee nso, na sɛ nnebɔneyɛfoɔ gye Yesu di a, ɔbu wɔn sɛ wɔtene wɔ nʼani so.
To declare, [I say], at this time his righteousness: that he may be just, and the justifier of him who believeth in Jesus.
27 Ɛnneɛ ɛdeɛn na yɛde bɛhoahoa yɛn ho? Biribiara nni hɔ! Na adɛn nti? Mmara no a yɛdi so no enti na wagye yɛn anaa? Dabi. Gye a ɔgye yɛn no nnyina mmara a yɛdi so, na mmom, ɛgyina gyidie a yɛwɔ wɔ Yesu mu.
Where [is] boasting then? It is excluded. By what law? of works? No; but by the law of faith.
28 Ne tiawatwa ne sɛ, wɔnam gyidie so na wɔbu onipa bem, na ɛnyɛ Mmara a ɔdi so no enti.
Therefore we conclude, that a man is justified by faith without the deeds of the law.
29 Onyankopɔn yɛ Yudafoɔ nko ara Onyankopɔn anaa? Ɔnyɛ amanamanmufoɔ nso Onyankopɔn bi anaa? Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ ɔyɛ amanamanmufoɔ nso Onyankopɔn.
[Is he] the God of the Jews only? [is he] not also of the Gentiles? Yes, of the Gentiles also:
30 Onyankopɔn yɛ baako, na ɔnam gyidie nko ara a Yudafoɔ wɔ so bɛbu wɔn bem. Na saa ara nso na ɔnam gyidie nko ara so bɛbu amanamanmufoɔ bem.
Seeing [it is] one God who will justify the circumcision by faith, and uncircumcision through faith.
31 Enti, yei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛfa saa gyidie no so gyae Mmara no so di anaa? Dabi, na mmom, sɛ yɛwɔ gyidie a, yɛfoa Mmara no adanseɛ so.
Do we then make void the law through faith? By no means: but we establish the law.

< Romafoɔ 3 >