< Romafoɔ 2 >
1 Mo a mobu afoforɔ atɛn no, monni anoyie biara. Ɛkwan biara a mobɛfa so abu afoforɔ atɛn no, ɛnam saa ɛkwan no ara so ma mode atemmuo ba mo ho so. Ɛfiri sɛ, bɔne a ɛma mobu afoforɔ atɛn no, mo nso moyɛ saa bɔne korɔ no ara bi.
Portanto, você não tem desculpa, ó homem, quem quer que você seja que julgue. Pois no que julga o outro, você se condena. Pois, para você que julga, pratica as mesmas coisas.
2 Yɛnim sɛ, sɛ Onyankopɔn bu wɔn a wɔte saa ara no atɛn a, na ne kwan so ara ne no.
Sabemos que o julgamento de Deus é segundo a verdade contra aqueles que praticam tais coisas.
3 Na wo, onipa, wobu afoforɔ atɛn wɔ nneɛma korɔ no ara a woyɛ bi no ho a, wosusu sɛ Onyankopɔn remmu wo atɛn anaa?
Você acha, ó homem que julga aqueles que praticam tais coisas, e faz o mesmo, que você escapará do julgamento de Deus?
4 Anaasɛ, ebia, wommu nʼayamyɛ, nʼabodwokyerɛ ne ne boasetɔ? Wonnim sɛ Onyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufoɔ a ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ wo kwan a wobɛfa so anu wo ho?
Ou você despreza a riqueza de sua bondade, indulgência e paciência, não sabendo que a bondade de Deus o leva ao arrependimento?
5 Nanso, ɛsiane wʼakoma den ne akoma pirim enti, woboaboa abufuhyeɛ ano ma wo ho wɔ Onyankopɔn abufuhyeɛ da no, ɛda no a ɔbɛda nʼatɛntenenee adi no.
Mas de acordo com sua dureza e seu coração impenitente, você está guardando para si a ira no dia da ira, da revelação e do justo julgamento de Deus,
6 Deɛ obiara ayɛ no, ɛso akatua na Onyankopɔn bɛma no anya.
que “pagará a todos de acordo com suas obras:”
7 Wɔn a wɔde boasetɔ yɛ papa de hwehwɛ animuonyam, anidie ne deɛ ɛmporɔ no, ɔbɛma wɔn nkwa a ɛnni awieeɛ. (aiōnios )
para aqueles que, pela perseverança em fazer bem, buscam glória, honra e incorruptibilidade, vida eterna; (aiōnios )
8 Nanso wɔn a wɔyɛ pɛsɛmenkomenya, ne wɔn a wɔpo nokorɛ no kɔdi bɔne akyi no, abufuhyeɛ ne amanehunu bɛba wɔn so.
mas para aqueles que são egoístas e não obedecem à verdade, mas obedecem à injustiça, será ira, indignação,
9 Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔkɔ so yɛ bɔne no nyinaa bɛhunu amane na wɔn werɛ nso bɛho.
oppression, e angústia sobre toda alma do homem que faz o mal, primeiro para o judeu, e também para o grego.
10 Nanso, wɔn a wɔtie no no, sɛ wɔyɛ Yudafoɔ anaa amanamanmufoɔ no, wɔbɛnya animuonyam, anidie ne asomdwoeɛ afiri Onyankopɔn nkyɛn.
Mas glória, honra e paz vão para todo homem que faz o bem, primeiro para o judeu, e também para o grego.
11 Onyankopɔn nyɛ nyiyimu na ɔnyɛ animhwɛ nso wɔ nʼatemmuo mu.
Pois não há parcialidade com Deus.
12 Wɔn a wɔnnim mmara no na wɔyɛ bɔne no, wɔbɛkwati mmara no abu wɔn atɛn ara, na wɔn a wɔnim mmara no na wɔyɛ bɔne no, wɔnam mmara no so bɛbu wɔn atɛn.
Pois todos os que pecaram sem a lei também perecerão sem a lei. Todos os que pecaram sob a lei serão julgados pela lei.
13 Ɛnyɛ mmaratiefoɔ na wɔtene wɔ Onyankopɔn anim, na mmom, ɛyɛ wɔn a woyɛ ɔsetie ma mmara no na wɔbɛbu wɔn bem.
Pois não são os ouvintes da lei que são justos diante de Deus, mas os cumpridores da lei serão justificados
14 Amanamanmufoɔ no nni mmara, nanso wɔfiri wɔn awosu mu yɛ deɛ mmara no hwehwɛ sɛ wɔyɛ a, ɛwom sɛ wɔnni mmara deɛ, nanso yeinom bɛyɛ mmara ama wɔn.
(pois quando os gentios que não têm a lei fazem por natureza as coisas da lei, estes, não tendo a lei, são uma lei para si mesmos,
15 Esiane sɛ wɔn abrabɔ kyerɛ sɛ, deɛ mmara no hwehwɛ no, wɔatwerɛ wɔ wɔn akoma mu no enti, wɔn ahonim di adanseɛ sɛ wɔdi bem anaasɛ wɔabu wɔn fɔ.
em que mostram a obra da lei escrita em seus corações, sua consciência testemunhando com eles, e seus pensamentos entre si acusando-os ou desculpando-os)
16 Enti, asɛmpa a meka no kyerɛ sɛ, sɛ ɛda no duru a, saa na Onyankopɔn nam Yesu Kristo so bɛbu nnipa kɔkoamsɛm atɛn.
no dia em que Deus julgará os segredos dos homens, de acordo com minha Boa Nova, por Jesus Cristo.
17 Mo Yudafoɔ deɛ, mosusu sɛ mo ne Onyankopɔn te no yie so, ɛfiri sɛ, ɔde ne Mmara a monam so bɛnya nkwagyeɛ no maa mo. Na moka no mo anofafa so nso sɛ, moyɛ ne nnamfonom sononko bi.
De fato você carrega o nome de um judeu, descansa sobre a lei, glória em Deus,
18 Monim deɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ moyɛ. Moasua afiri Mmara no mu ahunu deɛ ɛyɛ.
conhece sua vontade, e aprova as coisas que são excelentes, sendo instruído fora da lei,
19 Mofa mo ho sɛ moyɛ akwankyerɛfoɔ ma anifirafoɔ, na moyɛ hann nso ma wɔn a wɔte esum mu.
e está confiante de que você mesmo é um guia dos cegos, uma luz para aqueles que estão nas trevas,
20 Mogye di sɛ mobɛtumi akyerɛ adwenemherɛfoɔ ne mmɔfra Onyankopɔn akwan, ɛfiri sɛ, nokorɛm, monim ne Mmara a osuahunu ne nokorɛ ahyɛ no ma no.
um corretor dos tolos, um professor de bebês, tendo na lei a forma do conhecimento e da verdade.
21 Mokyerɛkyerɛ afoforɔ, na adɛn enti na montumi nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho? Moka kyerɛ afoforɔ sɛ wɔmmmɔ korɔno. Mo nso mobɔ korɔno anaa?
Você, portanto, que ensina o outro, não ensina a si mesmo? Você que prega que um homem não deve roubar, você rouba?
22 Mo a moka sɛ adwamammɔ nyɛ. Mo nso mobɔ adwaman anaa? Mo a moka sɛ mokyiri ahoni no, mo nso mobɔ korɔno wɔ asɔrefie mu anaa?
Vocês que dizem que um homem não deve cometer adultério, vocês cometem adultério? Vós que abominais os ídolos, roubais os templos?
23 Mode mmara no hoahoa mo ho, nanso mobu mmara no so de bu Onyankopɔn animtia.
Vós que vos gloriais na lei, desonrais a Deus desobedecendo à lei?
24 Ɛnyɛ nwanwa sɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ mo enti, ewiasefoɔ kasa tia Onyankopɔn.
Pois “o nome de Deus é blasfemado entre os gentios por sua causa”, assim como está escrito.
25 Sɛ woyɛ Yudani na wodi Onyankopɔn mmara no so a, ɛyɛ adeɛ a ɛsom bo. Na sɛ moanni so a, nsonsonoeɛ biara nni mo ne momonotofoɔ ntam.
Pois a circuncisão de fato lucra, se você é um fazedor da lei, mas se você é um transgressor da lei, sua circuncisão se tornou incircuncisão.
26 Sɛ momonotofoɔ di Onyankopɔn mmara so a, wɔremmu wɔn sɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ anaa?
Portanto, se os incircuncisos mantiverem as ordenanças da lei, sua incircuncisão não será considerada como circuncisão?
27 Enti momonotoni a ɔdi mmara no so no bɛkasa atia mo, Yudafoɔ a monim Onyankopɔn mmara a wɔatwerɛ no, nanso monni so no.
Won't those who are physically uncircumcised, but fulfil the law, judge you, who with the letter and circumcision are a transgressor of the law?
28 Wo a wɔwoo mo sɛ Yudafoɔ anaasɛ twa a wɔatwa mo twetia no nkyerɛ sɛ moyɛ Yudafoɔ kann.
Pois ele não é um judeu que é um por fora, nem a circuncisão que é por fora na carne;
29 Yudani kann no ne deɛ ɔyɛ no wɔ nʼakoma mu. Saa ara nso na twetiatwa yɛ akoma mu nsakraeɛ a ɛfiri Onyankopɔn Honhom mu ba. Nsakraeɛ yi mmfiri di a obi di mmara bi so. Na deɛ wɔasakra no ayɛyie mmfiri nnipa hɔ, na mmom, ɛfiri Onyankopɔn hɔ.
mas é um judeu que é um por dentro, e a circuncisão é a do coração, no espírito, não na letra; cujo louvor não é dos homens, mas de Deus.