< Romafoɔ 15 >

1 Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ den wɔ gyidie mu no tumi te wɔn a wɔyɛ mmerɛ no sintɔ ase. Ɛsɛ sɛ yɛsɔ wɔn ani na yɛansɔ yɛn ara ani.
Ὀφείλομεν δὲ ἡμεῖς οἱ δυνατοὶ τὰ ἀσθενήματα τῶν ἀδυνάτων βαστάζειν, καὶ μὴ ἑαυτοῖς ἀρέσκειν.
2 Yɛn mu biara nkamfo adepa biara ne yɔnko yɛ, mfa nhyɛ no den.
Ἕκαστος ἡμῶν τῷ πλησίον ἀρεσκέτω εἰς τὸ ἀγαθὸν πρὸς οἰκοδομήν.
3 Kristo mpo anyɛ deɛ ɔpɛ, sɛdeɛ Atwerɛsɛm ka sɛ, “Nnipa a wɔbɔ mo ahohora no bɔ me ahohora nso.”
Καὶ γὰρ ὁ Χριστὸς οὐχ ἑαυτῷ ἤρεσεν, ἀλλά, καθὼς γέγραπται, Οἱ ὀνειδισμοὶ τῶν ὀνειδιζόντων σε ἐπέπεσον ἐπ᾽ ἐμέ.
4 Biribiara a wɔatwerɛ wɔ Atwerɛsɛm no mu no, wɔatwerɛ de kyerɛkyerɛ yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, yɛnam boasetɔ, nkuranhyɛ a Kristo Atwerɛsɛm no de ma yɛn no so bɛnya anidasoɔ.
Ὅσα γὰρ προεγράφη, εἰς τὴν ἡμετέραν διδασκαλίαν προεγράφη, ἵνα διὰ τῆς ὑπομονῆς καὶ διὰ τῆς παρακλήσεως τῶν γραφῶν τὴν ἐλπίδα ἔχωμεν.
5 Onyankopɔn a yɛnya boasetɔ ne nkuranhyɛ firi ne nkyɛn no, mma mo honhom mu nkabom na mode adi Kristo Yesu akyi,
Ὁ δὲ Θεὸς τῆς ὑπομονῆς καὶ τῆς παρακλήσεως δῴη ὑμῖν τὸ αὐτὸ φρονεῖν ἐν ἀλλήλοις κατὰ Χριστὸν Ἰησοῦν·
6 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mo nyinaa de akoma korɔ ne ano korɔ bɛkamfo Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no.
ἵνα ὁμοθυμαδὸν ἐν ἑνὶ στόματι δοξάζητε τὸν Θεὸν καὶ πατέρα τοῦ Κυρίου ἡμῶν Ἰησοῦ Χριστοῦ.
7 Momma mo ho nka mo ho mo ho mfa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam sɛdeɛ Kristo agye mo no.
Διὸ προσλαμβάνεσθε ἀλλήλους, καθὼς καὶ ὁ Χριστὸς προσελάβετο ὑμᾶς, εἰς δόξαν Θεοῦ.
8 Ɛfiri sɛ, meka kyerɛɛ mo sɛ, Kristo Yesu bɛyɛɛ Yudafoɔ ɔsomfoɔ de kyerɛɛ sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ a ɔbɛma ne bɔ a ɔhyɛɛ agyanom no aba mu,
Λέγω δέ, Χριστὸν Ἰησοῦν διάκονον γεγενῆσθαι περιτομῆς ὑπὲρ ἀληθείας Θεοῦ, εἰς τὸ βεβαιῶσαι τὰς ἐπαγγελίας τῶν πατέρων·
9 na wama amanamanmufoɔ nso akamfo no wɔ ne mmɔborɔhunu ho, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Yei enti, mɛkamfo wo wɔ amanamanmufoɔ mu; na mato nnwom akamfo wo din.”
τὰ δὲ ἔθνη ὑπὲρ ἐλέους δοξάσαι τὸν Θεόν, καθὼς γέγραπται, Διὰ τοῦτο ἐξομολογήσομαί σοι ἐν ἔθνεσι, καὶ τῷ ὀνόματί σου ψαλῶ.
10 Na ɛka bio sɛ, “Mo amanamanmufoɔ, monkamfo Awurade, mo ne ne nkurɔfoɔ, Yudafoɔ.”
Καὶ πάλιν λέγει, Εὐφράνθητε, ἔθνη, μετὰ τοῦ λαοῦ αὐτοῦ.
11 Na bio, “Amanamanmufoɔ nyinaa nyi Awurade ayɛ; asase so aman nyinaa monkamfo no.”
Καὶ πάλιν, Αἰνεῖτε τὸν Κύριον πάντα τὰ ἔθνη, καὶ ἐπαινέσατε αὐτὸν πάντες οἱ λαοί.
12 Na bio Yesaia ka sɛ, “Yisai aseni bɛsɔre, deɛ ɔbɛsɔre abɛdi amanaman no so; ɔno na wɔn ani bɛda ne so.”
Καὶ πάλιν Ἠσαΐας λέγει, Ἔσται ἡ ῥίζα τοῦ Ἰεσσαί, καὶ ὁ ἀνιστάμενος ἄρχειν ἐθνῶν· ἐπ᾽ αὐτῷ ἔθνη ἐλπιοῦσιν.
13 Anidasoɔ Onyankopɔn no a mogye no die no mfa anigyeɛ ne asomdwoeɛ nhyɛ mo ma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Honhom Kronkron tumi no bɛma mo anidasoɔ mmorosoɔ.
Ὁ δὲ Θεὸς τῆς ἐλπίδος πληρώσαι ὑμᾶς πάσης χαρᾶς καὶ εἰρήνης ἐν τῷ πιστεύειν, εἰς τὸ περισσεύειν ὑμᾶς ἐν τῇ ἐλπίδι, ἐν δυνάμει Πνεύματος Ἁγίου.
14 Me nuanom, mʼankasa mete nka sɛ, papayɛ ahyɛ mo ma, mowɔ nimdeɛ na mobɛtumi akyerɛkyerɛ mo ho mo ho.
Πέπεισμαι δέ, ἀδελφοί μου, καὶ αὐτὸς ἐγὼ περὶ ὑμῶν, ὅτι καὶ αὐτοὶ μεστοί ἐστε ἀγαθωσύνης, πεπληρωμένοι πάσης γνώσεως, δυνάμενοι καὶ ἄλλους νουθετεῖν.
15 Mede akokoɔduru atwerɛ abobɔ nneɛma bi so, sɛdeɛ meretwe mo adwene akɔ so bio, ɛsiane adom bi a Onyankopɔn de adom me no enti.
Τολμηρότερον δὲ ἔγραψα ὑμῖν, ἀδελφοί, ἀπὸ μέρους, ὡς ἐπαναμιμνῄσκων ὑμᾶς, διὰ τὴν χάριν τὴν δοθεῖσάν μοι ὑπὸ τοῦ Θεοῦ,
16 Meyɛ Kristo Yesu ɔsomfoɔ a ɛsɛ sɛ meyɛ asɔfodwuma a mepae mu ka Onyankopɔn Asɛmpa no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, amanamanmufoɔ bɛyɛ afɔrebɔdeɛ a ɛsɔ Onyankopɔn ani a Honhom Kronkron no ate ho.
εἰς τὸ εἶναί με λειτουργὸν Ἰησοῦ Χριστοῦ εἰς τὰ ἔθνη, ἱερουργοῦντα τὸ εὐαγγέλιον τοῦ Θεοῦ, ἵνα γένηται ἡ προσφορὰ τῶν ἐθνῶν εὐπρόσδεκτος, ἡγιασμένη ἐν Πνεύματι Ἁγίῳ.
17 Ɛno enti, metumi hoahoa me ho wɔ Kristo Yesu mu wɔ Onyankopɔn som yi mu.
Ἔχω οὖν καύχησιν ἐν Χριστῷ Ἰησοῦ τὰ πρὸς τὸν Θεόν.
18 Deɛ mɛka ho asɛm ara ne sɛdeɛ Kristo nam deɛ maka ne deɛ mayɛ so ama amanamanmufoɔ ayɛ ɔsetie ama Onyankopɔn.
Οὐ γὰρ τολμήσω λαλεῖν τι ὧν οὐ κατειργάσατο Χριστὸς δι᾽ ἐμοῦ, εἰς ὑπακοὴν ἐθνῶν, λόγῳ καὶ ἔργῳ,
19 Saa nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ yi yɛ tumi a ɛfiri Honhom no mu. Enti, ɛfiri Yerusalem kɔka Iliriko, mapae mu aka Kristo Asɛmpa no nyinaa.
ἐν δυνάμει σημείων καὶ τεράτων, ἐν δυνάμει πνεύματος Θεοῦ· ὥστε με ἀπὸ Ἱερουσαλὴμ καὶ κύκλῳ μέχρι τοῦ Ἰλλυρικοῦ πεπληρωκέναι τὸ εὐαγγέλιον τοῦ Χριστοῦ·
20 Na me botaeɛ ne sɛ, daa mɛka asɛmpa no wɔ mmeammea a wɔntee Kristo ho asɛm da no, na ankɔyɛ sɛ mesii dan wɔ obi fapem so.
οὕτω δὲ φιλοτιμούμενον εὐαγγελίζεσθαι, οὐχ ὅπου ὠνομάσθη Χριστός, ἵνα μὴ ἐπ᾽ ἀλλότριον θεμέλιον οἰκοδομῶ·
21 Mmom sɛdeɛ wɔatwerɛ no: “Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no bɛhunu, na wɔn a wɔnteeɛ no nso bɛte aseɛ.”
ἀλλά, καθὼς γέγραπται, Οἷς οὐκ ἀνηγγέλη περὶ αὐτοῦ, ὄψονται· καὶ οἳ οὐκ ἀκηκόασι συνήσουσι.
22 Yei enti na ɛberɛ biara a mepɛ sɛ meba mo nkyɛn no, biribi si me ɛkwan.
Διὸ καὶ ἐνεκοπτόμην τὰ πολλὰ τοῦ ἐλθεῖν πρὸς ὑμᾶς·
23 Nanso, seesei a mawie mʼadwuma wɔ saa amantam yi mu, na afei mfeɛ bebree ni a mepɛɛ sɛ anka mɛba abɛhunu mo no enti,
νυνὶ δὲ μηκέτι τόπον ἔχων ἐν τοῖς κλίμασι τούτοις, ἐπιποθίαν δὲ ἔχων τοῦ ἐλθεῖν πρὸς ὑμᾶς ἀπὸ πολλῶν ἐτῶν,
24 mayɛ mʼadwene sɛ mɛkɔ Spania. Sɛ merekɔ a, mɛpɛ sɛ mɛhunu mo na moaboa me ama makɔ hɔ ɛberɛ a me ne mo atena anigyeɛ so kakra bi no.
ὡς ἐὰν πορεύωμαι εἰς τὴν Σπανίαν, ἐλεύσομαι πρὸς ὑμᾶς· ἐλπίζω γὰρ διαπορευόμενος θεάσασθαι ὑμᾶς, καὶ ὑφ᾽ ὑμῶν προπεμφθῆναι ἐκεῖ, ἐὰν ὑμῶν πρῶτον ἀπὸ μέρους ἐμπλησθῶ.
25 Seesei ara, merekɔ Yerusalem makɔsom Onyankopɔn manfoɔ a wɔwɔ hɔ no.
Νυνὶ δὲ πορεύομαι εἰς Ἱερουσαλήμ, διακονῶν τοῖς ἁγίοις.
26 Ɛfiri sɛ, asafo a ɛwɔ Makedonia ne Akaia no asi wɔn adwene pi sɛ wɔbɛboa ahiafoɔ a wɔfra Onyankopɔn manfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no mu.
Εὐδόκησαν γὰρ Μακεδονία καὶ Ἀχαΐα κοινωνίαν τινὰ ποιήσασθαι εἰς τοὺς πτωχοὺς τῶν ἁγίων τῶν ἐν Ἱερουσαλήμ.
27 Wɔn ara na wɔsii wɔn adwene pi saa, nanso nokorɛm, ɛyɛ wɔn asɛdeɛ sɛ wɔboa saa ahiafoɔ no. Amanamanmufoɔ no nyaa Yudafoɔ honhom no mu nhyira no bi. Ɛno enti na ɛsɛ sɛ amanamanmufoɔ no de wɔn ahodeɛ som Yudafoɔ no.
Εὐδόκησαν γάρ, καὶ ὀφειλέται αὐτῶν εἰσιν. Εἰ γὰρ τοῖς πνευματικοῖς αὐτῶν ἐκοινώνησαν τὰ ἔθνη, ὀφείλουσι καὶ ἐν τοῖς σαρκικοῖς λειτουργῆσαι αὐτοῖς.
28 Sɛ mewie saa dwumadie yi na mekɔ wɔn nkyɛn na mede sika a wɔapɛ no nyinaa ma wɔn a, mɛfiri hɔ akɔ Spania. Na sɛ merekɔ a, mɛduru mo hɔ mabɛsra mo.
Τοῦτο οὖν ἐπιτελέσας, καὶ σφραγισάμενος αὐτοῖς τὸν καρπὸν τοῦτον, ἀπελεύσομαι δι᾽ ὑμῶν εἰς τὴν Σπανίαν.
29 Sɛ meba mo nkyɛn a, menim sɛ mede Kristo nhyira a ɛboro so no bɛba.
Οἶδα δὲ ὅτι ἐρχόμενος πρὸς ὑμᾶς ἐν πληρώματι εὐλογίας τοῦ εὐαγγελίου τοῦ Χριστοῦ ἐλεύσομαι.
30 Anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo ne ɔdɔ a Honhom no de ma me no so hyɛ mo sɛ, mo ne me mmɔ mu mmɔ Onyankopɔn mpaeɛ denden mma me.
Παρακαλῶ δὲ ὑμᾶς, ἀδελφοί, διὰ τοῦ Κυρίου ἡμῶν Ἰησοῦ Χριστοῦ, καὶ διὰ τῆς ἀγάπης τοῦ πνεύματος, συναγωνίσασθαί μοι ἐν ταῖς προσευχαῖς ὑπὲρ ἐμοῦ πρὸς τὸν Θεόν·
31 Mommɔ mpaeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, asɛm bi rento me wɔ Yudea. Mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔnnye asɛm no nni. Afei nso, mommɔ mpaeɛ mma me som a mɛsom wɔ Yerusalem no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ahotefoɔ a wɔwɔ hɔ no bɛgye atom.
ἵνα ῥυσθῶ ἀπὸ τῶν ἀπειθούντων ἐν τῇ Ἰουδαίᾳ, καὶ ἵνα ἡ διακονία μου ἡ εἰς Ἱερουσαλὴμ εὐπρόσδεκτος γένηται τοῖς ἁγίοις·
32 Sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ a, mede ahosɛpɛ bɛba mo nkyɛn mabɛsra mo.
ἵνα ἐν χαρᾷ ἔλθω πρὸς ὑμᾶς διὰ θελήματος Θεοῦ, καὶ συναναπαύσωμαι ὑμῖν.
33 Asomdwoeɛ Onyankopɔn no ne mo nyinaa ntena. Amen.
Ὁ δὲ Θεὸς τῆς εἰρήνης μετὰ πάντων ὑμῶν. Ἀμήν.

< Romafoɔ 15 >