< Romafoɔ 14 >

1 Sɛ obi gyidie sua wɔ mo mu a, monnye no; mo ne no nnnye deɛ nʼadwene kyerɛ no no ho akyinnyeɛ.
如果一个人还在犹豫是否应该相信上帝,接受他们,不要为个人观点争论不休。
2 Obi gyidie ma ɔtumi di biribiara, nanso obi a ne gyidie sua no di afuomduane nko ara.
有的人可能相信他们什么都能吃,但信任更弱之人只吃蔬菜。
3 Ɛnsɛ sɛ deɛ ɔdi biribiara no bu deɛ ɔnni biribiara no animtia; saa ara nso na ɛnsɛ sɛ obi a ɔdi afuomduane nko ara no bu deɛ ɔdi biribiara no atɛn; ɛfiri sɛ, Onyankopɔn agye no.
什么都能吃的人不能小看吃素之人,吃素之人也不要批评什么都能吃之人——因为他们都可以被上帝所接纳。
4 Wo ne hwan a wobu obi ɔsomfoɔ atɛn? Ɛyɛ ɔno ankasa ne wura na ɔbɛka sɛ wadi nkonim anaasɛ wadi nkoguo. Na ɔbɛdi nkonim, ɛfiri sɛ, Awurade bɛtumi ama wadi nkonim.
你有什么权力评判别人的仆人?只有他的主人能决定他们的对错。在主的帮助下,他们能够选择坚守良善正直。
5 Obi dwene sɛ da bi wɔ hɔ a ɛho hia sene nna a aka no. Saa ara nso na onipa foforɔ nso dwene sɛ nna nyinaa yɛ pɛ. Ɛsɛ sɛ wɔn mu biara si nʼadwene pi.
有些日子对你可能特别重要,但对其他人而言,每一天都没有差别。每个人都应该坚守自己的想法。
6 Obiara a ɔbɛbu da bi kɛseɛ no yɛ saa de hyɛ Awurade animuonyam; obiara a ɔwe nam no we wɔ Awurade din mu, ɛfiri sɛ ɔda Onyankopɔn ase; saa ara na wɔn a wɔnwe nso yɛ saa wɔ Awurade din mu de da Onyankopɔn ase.
有些人因主更注重特殊的日子; 有些人从不因主而忧虑吃什么,因为他们感谢上帝; 而那些不吃某些东西的人是为主而吃的,他们也感谢上帝。
7 Yɛn mu biara nte ase mma ne nko ara ho na obiara nwu mma ne nko ara ho;
我们活着并非为自己,死亡也并非为自己。
8 sɛ yɛte ase a yɛte ase ma Awurade; na sɛ yɛwu a, yɛwu ma Awurade. Enti, sɛ yɛte ase o, yɛwu o, yɛyɛ Awurade deɛ.
我们为主而活,为主而死——所以,无论生死,都是属于主。
9 Na yei enti na Kristo wuiɛ, na ɔsɔreeɛ, na ɔnyaa nkwa sɛ ɔbɛyɛ awufoɔ ne ateasefoɔwura.
基督也是因此死而复生——这也让他成为活人和死人的主。
10 Na wo, afei, adɛn enti na wobu wo nua atɛn? Na wo, adɛn enti na wobu wo nua animtia? Yɛn nyinaa bɛgyina Onyankopɔn anim ama wabu yɛn atɛn.
那么你又怎能批评其他信徒?你为什么要鄙视其他信徒?因为我们所有人都会站在上帝的审判台前。
11 Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ, “‘Awurade ka sɛ, mete ase yi, obiara bɛbu nkotodwe wɔ mʼanim; na obiara bɛpae mu aka sɛ, mene Onyankopɔn.’”
正如经文所说:“主说:‘我确认万众将在我面前跪拜,齐声唤我上帝,正如我宣告自己的永生。’”
12 Yɛn mu biara bɛbu ne ho akonta akyerɛ Onyankopɔn.
所以每个人都应向上帝解释自己的所作所为。
13 Ɛno enti, momma yɛnnyae yɛn ho yɛn ho atemmuo. Mmom, deɛ ɛsɛ sɛ modwene ne sɛ, monnyɛ biribiara a ɛbɛma mo nua akɔ bɔne mu.
我们不要彼此评判,而是要下定决心,不要在其他信徒的道路上设置障碍,不要让他们跌倒。
14 Ahotɔsoɔ a mewɔ wɔ mʼAwurade Yesu mu no ma mehunu sɛ biribiara nni hɔ a ɛho nte. Na sɛ obi gye di sɛ biribiara ho nte a, na saa onipa no na ɛho nte mma no.
在主耶稣的劝说下,我确信从礼仪的角度而言,任何食物都是洁净的。
15 Sɛ biribiara a wodi ha wo nua a, ɛnneɛ na wonte hɔ ɔdɔ mu. Mma aduane a wodi no nsɛe onipa a ne enti Kristo wuiɛ no.
如果你因食物问题而让其他信徒受到伤害,你的行为就无法体现爱。不要因为你选择吃下的食物,而去摧毁那些基督为之而死的人。
16 Mma adeɛ a wobu sɛ ɛyɛ no nnye din bɔne.
不要让你所做的善行被误传——
17 Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn Ahennie no nyɛ adidie ne ɔnom na mmom, ɛyɛ tenenee, asomdwoeɛ ne ahosɛpɛ a ɛwɔ Honhom Kronkron mu.
因上帝之国并非关乎吃喝,而是关乎遵循正义生活,因圣灵带来平安和喜乐。
18 Obiara a ɔsom Kristo saa ɛkwan yi so no, Onyankopɔn agye no ato mu, na nnipa bu no.
任何以这种方式侍奉基督之人,都会让上帝感到喜悦,获得他人的赞许。
19 Ɛno enti, ɛsɛ sɛ yɛtumi tena asomdwoeɛ mu, na yɛboaboa yɛn ho yɛn ho ma obiara nya gyidie a emu yɛ den.
所以让我们追求和平之路,努力互相鼓舞。
20 Nnyina aduane so nsɛe deɛ Onyankopɔn ayɛ. Aduane biara yɛ aduane, nanso sɛ wodi aduane a ɛde ɔfoforɔ bɛkɔ bɔne mu a, ɛyɛ bɔne.
不要因为食物争论不休,破坏上帝所做之事。万物皆洁净——错在因食物而冒犯别人。
21 Ade tenenee a ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ, wonwe ɛnam, nnom nsã anaasɛ wonyɛ biribi a ɛbɛto wo nua suntidua.
最好不要做吃肉喝酒或是其他让信徒们跌倒的事情。
22 Deɛ wogye di wɔ saa asɛm yi ho no, ma ɛnka wo ne Onyankopɔn ntam. Nhyira ne deɛ ɔyɛ nʼapɛdeɛ a ɔnte nka sɛ wɔabu no atɛn.
你个人的信,那是你和上帝之间的事情。那些采用自己认为正确的方式行事之人,这时候不去谴责才是有福!
23 Na sɛ ne tirim ntene no deɛ ɔdi ho a, sɛ ɔdi a, Onyankopɔn bu no atɛn, ɛfiri sɛ, deɛ ɔyɛ no mfiri gyidie mu. Biribiara a ɛmfiri gyidie mu no nso yɛ bɔne.
但如果你疑惑吃的食物是否对错,那就不应该吃,因为你无法确认它就是对的。你所做的任何事情如果缺乏坚定的信,便是罪。

< Romafoɔ 14 >