< Romafoɔ 13 >
1 Ɛsɛ sɛ obiara brɛ ne ho ase ma tumi a ɛwɔ ɔman no mu, ɛfiri sɛ, tumi biara nni hɔ a ɛmfiri Onyankopɔn pɛ mu. Tumi biara a ɛwɔ hɔ no firi Onyankopɔn.
Jokainen olkoon alamainen sille esivallalle, jonka vallan alla hän on. Sillä ei ole esivaltaa muutoin kuin Jumalalta; ne, jotka ovat, ovat Jumalan asettamat.
2 Obiara a ɔne tumi a ɛwɔ hɔ no di asie no tia deɛ Onyankopɔn ahyehyɛ. Na obiara a ɔbɛyɛ saa no de atemmuo ba nʼankasa ara so.
Sentähden, joka asettuu esivaltaa vastaan, se nousee Jumalan säätämystä vastaan; mutta jotka nousevat vastaan, tuottavat itsellensä tuomion.
3 Wɔn a wɔyɛ papa no nsuro atumfoɔ, na mmom wɔn a wɔyɛ amumuyɛ no na wɔsuro atumfoɔ. Wopɛ sɛ woyɛ obi a ɔnsuro deɛ tumi wɔ ne nsam anaa? Ɛnneɛ, yɛ deɛ ɛtene na ɔbɛkamfo wo.
Sillä hallitusmiehet eivät ole niiden pelkona, jotka tekevät hyvää, vaan niiden, jotka tekevät pahaa. Jos siis tahdot olla esivaltaa pelkäämättä, niin tee sitä, mikä hyvää on, ja sinä saat siltä kiitoksen;
4 Ɛfiri sɛ, ɔyɛ Onyankopɔn ɔsomfoɔ a wo yiedie mu enti na ɔyɛ adwuma. Na sɛ woyɛ bɔne a, suro no ɛfiri sɛ, ne tumi a ɔde twe aso no da hɔ fann. Ɔyɛ Onyankopɔn ɔsomfoɔ, enti ɔnam Onyankopɔn abufuo so twe wɔn a wɔyɛ bɔne no aso.
sillä se on Jumalan palvelija, sinulle hyväksi. Mutta jos pahaa teet, niin pelkää; sillä se ei miekkaa turhaan kanna, koska se on Jumalan palvelija, kostaja sen rankaisemiseksi, joka pahaa tekee.
5 Esiane saa enti, ɛsɛ sɛ wobrɛ wo ho ase ma tumi, a ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn abufuo no enti, na mmom, ɛsiane nim a wonim sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ no enti.
Siksi tulee olla alamainen, ei ainoastaan rangaistuksen tähden, vaan myös omantunnon tähden.
6 Yei enti na ɛsɛ sɛ wotua toɔ, ɛfiri sɛ, sɛ atumfoɔ no yɛ wɔn adwuma a, wɔyɛ ma Onyankopɔn.
Sentähdenhän te verojakin maksatte. Sillä he ovat Jumalan palvelusmiehiä, ahkeroiden virassansa juuri sitä varten.
7 Enti, tua ka a wode wɔn; tua ka a wode; sɛ ɛyɛ wo honam mu ka anaasɛ ɛyɛ agyapadeɛ ho ka, na fa obuo ne anidie ma wɔn nyinaa.
Antakaa kaikille, mitä annettava on: kenelle vero, sille vero, kenelle tulli, sille tulli, kenelle pelko, sille pelko, kenelle kunnia, sille kunnia.
8 Nne obiara ka. Ɛka a ɛsɛ sɛ wode ara ne sɛ wobɛdɔ afoforɔ. Obiara a ɔdɔ ne yɔnko nnipa no adi mmara no so.
Älkää olko kenellekään mitään velkaa, muuta kuin että toisianne rakastatte; sillä joka toistansa rakastaa, se on lain täyttänyt.
9 Mmaransɛm a ɛka sɛ, “Nsɛe awadeɛ, nni awu, mmɔ korɔno, mma wʼani mmere adeɛ,” yeinom ne deɛ ɛkeka ho nyinaa tiawatwa ara ne sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”
Sillä nämä: "Älä tee huorin, älä tapa, älä varasta, älä himoitse", ja mikä muu käsky tahansa, ne sisältyvät kaikki tähän sanaan: "Rakasta lähimmäistäsi niinkuin itseäsi".
10 Obiara a ɔdɔ ne yɔnko no nyɛ no bɔne. Sɛ wodɔ wo yɔnko a, na ɛkyerɛ sɛ woadi mmara no nyinaa so.
Rakkaus ei tee lähimmäiselle mitään pahaa. Sentähden on rakkaus lain täyttämys.
11 Ɛsɛ sɛ woyɛ yei, ɛfiri sɛ, wonim mmerɛ a wowɔ mu. Ɛberɛ aduru sɛ wosɔre firi wo nna mu. Ɛfiri sɛ, ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔgye yɛn nkwa no abɛn sene ɛberɛ a yɛgye dii kane no.
Ja tehkää tämä, koska tunnette tämän ajan, että jo on hetki teidän unesta nousta; sillä pelastus on nyt meitä lähempänä kuin silloin, kun uskoon tulimme.
12 Adesaeɛ retwam, na adekyeeɛ reyɛ abɛn yɛn. Enti, momma yɛnnyae nneɛma a ɛyɛ sum deɛ no yɛ, na momfa akodeɛ a wɔde ko hann mu no.
Yö on pitkälle kulunut, ja päivä on lähellä. Pankaamme sentähden pois pimeyden teot, ja pukeutukaamme valkeuden varuksiin.
13 Momma yɛmmɔ yɛn bra yie te sɛ nnipa a wɔte hann no mu a agobɔne anaa nsãborɔ, adwamammɔ anaa ahohwie, ɔko anaa anibereɛ nni mu.
Vaeltakaamme säädyllisesti, niin kuin päivällä, ei mässäyksissä ja juomingeissa, ei haureudessa ja irstaudessa, ei riidassa ja kateudessa,
14 Momma Awurade Yesu Kristo mmɛn mo te sɛ ntoma a mofira, na morempɛ sɛ mobɛyɛ deɛ ɔhonam pɛ.
vaan pukekaa päällenne Herra Jeesus Kristus, älkääkä niin pitäkö lihastanne huolta, että himot heräävät.